YouVersion Logo
Search Icon

Marko 8

8
Nnipa mpemnan aduanema
(Mateo 15.32-39)
1Nna no mu a nkurɔfokuo no dɔɔso bio na wɔnni biribi a wɔdie no, Yesu frɛɛ asuafoɔ no bae, see wɔn sɛ: 2#Mar 6.34-44 Nkurɔfokuo yi yɛ me mmɔbɔ, ɛfiri sɛ wɔatena me nkyɛn atoa so nnansa ni, na wɔnni biribi a wɔdie. 3Na sɛ megya wɔn kwan ma wɔde kɔm kɔ fie a, wɔbɛtotɔ baha ɔkwan mu; ɛfiri sɛ wɔn mu binom firi akyirikyiri na ɛbaeɛ. 4Na n’asuafoɔ no buaa no sɛ: Ɛhefa na obi bɛtumi anya paanoo a yeinom bɛdi amee wɔ anwea pradada so ha? 5Na ɔbisaa wɔn sɛ: Paanoo ahe na mowɔ? Na wɔkaa sɛ: Nson. 6Na ɔhyɛɛ nkurɔfokuo no sɛ wɔntenatena fam. Na ɔfaa paanoo nson no daa ase bubui, na ɔde maa n’asuafoɔ no sɛ wɔnkyɛ mma wɔn; na wɔkyɛ maa nkurɔfokuo no. 7Na wɔwɔ mpataa kakra bi; na ɔhyiraa so, kaa sɛ wɔnkyɛ ɛno nso mma wɔn. 8Na wɔdi mee; na wɔtasee mporoporowa a ɛkaeɛ no, nkɛntɛn nson mama. 9Na wɔn a wɔdiiɛ no bɛyɛ sɛ mpemnan. Na wɔgyaa wɔn kwan. 10Na ntɛm ara ɔne n’asuafoɔ no kɔtenaa kodoɔ mu, na ɔbaa Dalmanuta fam.
Ɔsoro nsɛnkyerɛnneɛ
(Mateo 16.1-12)
11Na Farisifoɔ no baeɛ, na wɔfitii aseɛ bisabisaa no nsɛm, hwehwɛɛ ne nkyɛn nsɛnkyerɛnneɛ a ɛfiri soro de sɔɔ no hwɛe. 12Na ɔguu ahome ne honhom mu kaa sɛ: Adɛn na nnɛ mma yi hwehwɛ nsɛnkyerɛnneɛ yi? Nokorɛ mese mo sɛ, wɔremma nnɛ mma yi nsɛnkyerɛnneɛ biara. 13Na ɔgyaa wɔn hɔ kɔtenaa kodoɔ mu bio kɔɔ asuogya nohoa.
Farisifoɔ ne Herode mmɔreka
14Na wɔn werɛ firii sɛ wɔfa paanoo, na na wɔnni biribi wɔn nkyɛn kodoɔ no mu sɛ paanoo baako pɛ. 15#Luk 12.1; Mar 3.6 Na Yesu see wɔn sɛ: Hwɛ, monhwɛ mo ho yie Farisifoɔ mmɔreka ne Herode mmɔreka ho! 16Na wɔdwendwene sesee wɔn ho sɛ wɔnni paanoo. 17#Mar 6.52 Na Yesu hunuiɛ no, ɔsee wɔn sɛ: Adɛn na modwendwene paanoo a monnie ho? Monnya nhunui, na montee aseɛ? Mo akoma da so apirim? 18Mowɔ ani na monhunu adeɛ? Na mowɔ aso nso monte asɛm? Na monkae? 19#Mar 6.41-44 Mebubuu paanoo nnum memaa nnipa mpemnum no, mporoporowa nkɛntɛn ma ahe na motaseeɛ? Ɛnna wɔsee no sɛ: Dumienu. 20#Mar 8.6-9 Na mebubuu nson no memaa nnipa mpemnan no, mporoporowa nkɛntɛn ma ahe na motaseeɛ? Ɛnna wɔse: Nson. 21Na ɔsee wɔn sɛ: Ɛnna afei monte aseɛ ara yi?
Betsaida onifirani bi ayaresa
22 # Mar 6.56 Na wɔduruu Betsaida. Na wɔde onifirani bi brɛɛ no, na wɔsrɛɛ no sɛ ɔmfa ne nsa nka no. 23#Mar 7.32-33; Yoh 9.6 Na ɔsɔɔ onifirani no nsa de no firii akuraa no ase, na ɔtee ntasuo guu n’ani so, de ne nsa guu ne so bisaa no sɛ: Wohunu adeɛ anaa? 24Na onifirani no maa n’ani so kaa sɛ: Aane, mehunu nnipa a ɛnenam hɔ, nanso mehu wɔn sɛ nnua. 25Afei ɔde ne nsa guu n’ani so bio, na ɔhwɛɛ adeɛ haa; na ne ho sanee no, na ɔhunuu biribiara kann. 26#Mar 7.36 Na ɔmaa no kɔɔ ne fie see no sɛ: Nkɔ akuraa no mpo ase.
Yesu ne Kristo no
(Mateo 16.13-28; Luka 9.18-27)
27Na Yesu ne n’asuafoɔ no firii hɔ kɔɔ Kaesarea Filipi nkuraa ase. Na ɔkwan mu no, ɔbisaa n’asuafoɔ no sɛ: Nnipa ka sɛ mene hwan? 28#Mar 6.15 Na wɔbuaa no sɛ: Yohane suboni; na ebinom se: Elia; na ebinom nso se: Adiyifoɔ no mu baako. 29Na ɔbisaa wɔn sɛ: Na mo deɛ, mose mene hwan? Na Petro bua see no sɛ: Wone Kristo no. 30#Mar 9.9 Na ɔbaraa wɔn sɛ wɔnnka ne ho asɛm nnkyerɛ obiara.
Yesu wuo ne ne wusɔreɛ ho nkɔmhyɛ
(Mateo 16.21-28; Luka 9.22-27)
31Na ɔfitii aseɛ kyerɛkyerɛɛ wɔn sɛdeɛ ɛsɛ sɛ Onipa Ba no hunu amane pii, na mpanimfoɔ ne asɔfoɔ mpanin ne Atwerɛfoɔ no po no, na wɔkum no, na ne nnansa soɔ wasɔre; 32na ɔkaa asɛm no pefee. Na Petro de no kɔɔ nkyɛn, fitii aseɛ kaa n’anim. 33Na ɔdanee ne ho hwɛɛ n’asuafoɔ no kaa Petro anim sɛ: Firi me so, Satan, ɛfiri sɛ wonnwene Nyankopɔn deɛ, na mmom nnipa deɛ.
34Na ɔfrɛɛ nkurɔfokuo no ne n’asuafoɔ no bae, ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Obi pɛ sɛ ɔdi m’akyiri a, ɔmpa ne ho akyi, na ɔmfa n’asɛnnua, na ɔnni m’akyi. 35#Mat 10.39 Na obiara a ɔpɛ sɛ ɔgye ne kra nkwa no, ɛbɛfiri ne nsa; na deɛ ne kra bɛfiri ne nsa wɔ me ne asɛmpa no nti no, wɔbɛgye no nkwa! 36Na sɛ onipa nya wiase nyinaa, na ɔhwere ne kra a, mfasoɔ bɛn na ɔbɛnya? 37Anaasɛ ɛdeɛn na onipa bɛma de asesa ne kra? 38#Mat 10.33 Na obiara a n’ani bɛwu me ne me nsɛm ho, nnɛ mma awaresɛefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ yi mu no, ɔno nso ho bɛyɛ Onipa Ba no aniwu ɛda a ɔne abɔfoɔ kronkron no bɛba wɔ n’agya animuonyam mu no.

Currently Selected:

Marko 8: ASWDC

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in