YouVersion Logo
Search Icon

Marko 7

7
Atetesɛm ho nkyerɛkyerɛ
(Mateo 15.1-20)
1Na Farisifoɔ ne Atwerɛfoɔ no mu binom a wɔfiri Yerusalem ba bɛhyiaa ne nkyɛn. 2#Luk 11.38 Na wɔhunuu n’asuafoɔ bi sɛ wɔde nsa a ɛho nteɛ, ɛne sɛ, nsa a wɔanhohorɔ, redidi. 3(Na Farisifoɔ ne Yudafoɔ nyinaa, sɛ wɔanhohoro wɔn nsa yie a, wɔnnidi, ɛfiri sɛ wɔkura mpanimfoɔ atetesɛm mu; 4na sɛ wɔfiri dwa ase ba, na wɔanhohoro wɔn ho a, wɔnnidi; na nnoɔma pii keka ho a wɔgyee sɛ wɔbɛkuta mu, nkuruwa ne mpɔɔdɔ ne kɔbere mfrafraeɛsɛn ne nnamu ho hohorɔ.) 5Ɛnna Farisifoɔ ne Atwerɛfoɔ no bisaa no sɛ: Adɛn nti na w’asuafoɔ no nni mpanimfoɔ atetesɛm soɔ, na wɔde nsa fi didie yi? 6#Yes 29.13 Na ɔbua see wɔn sɛ: Ɛdi sɛ Yesaia hyɛɛ mo nyaatwomfoɔ ho nkɔm, sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ:
Ɔman yi de wɔn ano na ɛdi me ni,
na wɔn akoma deɛ atwe afiri me ho kɔ akyirikyiri.
7 Na wɔsɔre me kwa,
na wɔkyerɛkyerɛ nsɛm a nnipa ahyehyɛ.
8 Na moagya Nyankopɔn ahyɛdeɛ, kura nnipa atetesɛm mu.
9Na ɔsee wɔn sɛ: Mofa nyansa kwan so po Nyankopɔn ahyɛdeɛ sɛdeɛ ɛbɛyɛ na mobɛdi mo atetesɛm soɔ! 10#Eks 20.12; 21.17 Na Mose kaa sɛ: Di w’agya ne wo na ni; ɛne: Deɛ ɔka agya anaa ɛna ho asɛmmɔne no, owuo na ma no nwuo! 11Na mo deɛ, mose: Sɛ onipa bi se n’agya anaa ne na sɛ: Adeɛ a anka wode bɛnya me ho mfasoɔ no yɛ Korban (Ɛne sɛ, wɔde ma Onyankopɔn)#7.11 Anaasɛ ayɛyɛdeɛ a, 12na momma no nyɛ biribiara mma n’agya anaa ne na bio, 13na mode mo atetesɛm a mokyerɛ no sɛe Nyankopɔn asɛm no, na nnoɔma a ɛte sɛ yeinom pii na moyɛ. 14Na ɔfrɛɛ nkurɔfokuo no nyinaa baa ne nkyɛn see wɔn sɛ: Mo nyinaa montie, na monte aseɛ! 15#Aso 10.14-15 Biribiara nni onipa ho a ɛkɔ ne mu a ɛbɛtumi agu ne ho fi. 16(Sɛ obi wɔ aso a ɔde bɛtie a, ɔntie!) 17Na ɔfirii nkurɔfokuo no nkyɛn baa fie no, n’asuafoɔ no bisaa no bɛ no ase. 18Na ɔsee wɔn sɛ: Mo nso monni nteaseɛ sei? Monhunu sɛ adeɛ biara a ɛfiri onipa ho, na ɛkɔ ne mu no ntumi ngu ne ho fi anaa? 19Ɛfiri sɛ ɛnkɔ n’akomam, na mmom ɛkɔ ɔyafunu mu, na mmom ɔyi gu yaane mu. (Ɔkaa yei de tee aduane nyinaa ho). 20Na ɔkaa sɛ: Deɛ ɛfiri onipa mu ba no, ɛno na ɛgu onipa ho fi. 21Na nnipa mu, wɔn akoma mu, na adwemmɔne firi ba: Adwamansɛm, akorɔnsɛm, awudisɛm, 22ayerefasɛm, aniberebereɛ, amumuyɛ, nsisie, ahohwie, anibɔne, abususɛm, ahantan ne nkwaseasɛm. 23Nnebɔne yi nyinaa firi onipa mu na ɛba, na ɛgu onipa ho fi.
Siro-Foinikeni baa bi gyidie
(Mateo 15.21-28)
24Na ɔsɔre firii hɔ kɔɔ Tiro ne Sidon fam. Na ɔkɔɔ efie bi mu, na wampɛ sɛ obiara teɛ; nso wantumi anhunta. 25Na amonom hɔ ara ɔbaa bi a ne babaa kumaa bi wɔ honhom fi tee ne nka no, ɔba bɛhwee ne nan ase; 26nso na ɔbaa no yɛ Helani, na n’awoɔ mu ɔyɛ Siro-Foinikeni; na ɔsrɛɛ no sɛ ɔntu honhommɔne no mfiri ne babaa no mu. 27Na Yesu see no sɛ: Ma mma mmee ansa; na ɛnyɛ fɛ sɛ wɔfa mma aduane to ma nkraman. 28Na ɔbaa no bua see no sɛ: Awurade, ɛwom saa deɛ; nanso nkraman a wɔwɔ ɛpono ase no nso di mmɔfra no mporoporowa no bi! 29Na Yesu see no sɛ: Asɛm yi nti, kɔ! Honhommɔne no afiri wo babaa no mu. 30Na ɔkɔɔ ne fie no, ɔkɔhunuu sɛ honhommɔne no afiri kɔ, na ne babaa no da mpa so.
Ɔdodoworofoɔ bi ayaresa
31 # Mat 15.29-31 Na ɔfiri Tiro ahyeɛ so nam Sidon baa Galilea po ho faa Dekapoli ahyeɛ so. 32#Mat 5.23 Na wɔde ɔsotifoɔ a ɔworo dodoɔ brɛɛ no, na wɔsrɛɛ no sɛ ɔmfa ne nsa nto ne so. 33#Mar 8.23 Na Yesu faa no firii nkurɔfokuo no mu kɔɔ nkyɛn de ne nsateaa hyehyɛɛ n’asom, na ɔtee ntasuo de kaa ne tɛkyerɛma, 34#Mar 6.41; Yoh 11.41 na ɔhwɛɛ soro guu ahome, na ɔsee no sɛ: Hefata! ɛne sɛ: Bue! 35Na n’aso buee, na ne tɛkyerɛma homa no sanee ntɛm ara, na ɔtumi kasaa yie. 36#Mar 1.43-45 Na ɔbaraa wɔn sɛ wɔnnka nkyerɛ obiara; nanso ɔrekɔ so bara wɔn no, na wɔrekɔ so pae mu ka. 37Na ɛyɛɛ wɔn ahodwiri boroo so, na wɔkaa sɛ: Wayɛ nnoɔma nyinaa yie, ɔma asotifoɔ te asɛm, na ɔma emum kasa.

Currently Selected:

Marko 7: ASWDC

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in