YouVersion Logo
Search Icon

Marko 6

6
Wɔpo Yesu wɔ Nasaret
(Mateo 13.53-58; Luka 4.15-30)
1Na Yesu firi hɔ kɔe, na ɔbaa ne kurom; na n’asuafoɔ no dii n’akyi. 2#Yoh 7.15 Na homeda duruiɛ no, ɔfitii aseɛ kyerɛkyerɛɛ wɔ hyiadan mu; na nnipa pii a wɔteeɛ no ho dwirii wɔn, na wɔkaa sɛ: Ɛhe na oyi kɔnyaa nnoɔma yi? Nyansa bɛn na wɔde ama no yi, na saa ahoɔdenneɛ a ɔde ne nsa yɛ yi aseɛ ne sɛn? 3Ɛnyɛ duadwumfoɔ yi a ɔyɛ Maria ba no, Yakobo ne Yose ne Yuda ne Simon nom nua no nie? Na ɛnyɛ ne nuammaa na wɔwɔ yɛn nkyɛn ha yi? Na ɔyɛɛ suntidua maa wɔn. 4Na Yesu see wɔn sɛ: Anidie mmɔ odiyifoɔ gye ne kurom ne n’abusuafoɔ mu ne ne fie. 5Na wantumi anyɛ ahoɔdenneɛ biara hɔ, gye ayarefoɔ kakraa bi na ɔde ne nsa guu wɔn so saa wɔn yadeɛ. 6Na wɔn gye a wɔnnye nnie no yɛɛ no nwanwa. Na ɔkyinkyinii nkuraa no ase hyiae, na ɔkyerɛkyerɛe.
Yesu soma dummienu no
(Mateo 10.1; 10.9-15; Luka 9.1-6)
7 # Luk 10.1 Na ɔfrɛɛ dummienu no baa ne nkyɛn na ɔfitii aseɛ somaa wɔn baanu baanu, na ɔmaa wɔn ahonhom fi so tumi. 8Na ɔhyɛɛ sɛ wɔmmfa biribiara nntu kwan gye poma nko ara; wɔmmfa aduane anaa kotokuo, anaa sika wɔ wɔn abɔsoɔ mu; 9na wɔnhyɛ mpaboa, nso wɔnnhyɛ ntadeɛ mmienu mmienu. 10Na ɔsee wɔn sɛ: Baabiara a mobɛhyɛne efie bi mu no, ɛhɔ na montena nkɔduru sɛ mobɛfiri hɔ akorɔ. 11Na wɔn a wɔrennye mo, na wɔrentie mo asɛm no, sɛ morefiri hɔ akɔ a, momporoporo mo nan ase mfuturo nni wɔn adanseɛ. 12Na wɔkɔ kɔkaa asɛm sɛ wɔnsakyera wɔn adwene. 13#Yak 5.14-15 Na wɔtutuu ahonhommɔne bebree, na wɔde ngo sraa ayarefoɔ pii saa wɔn yadeɛ.
Osuboni Yohane kum
(Mateo 14.1-12; Luka 9.7-9)
14Na Ɔhene Herode tee; ɛfiri sɛ na Yesu din atrɛ, na ɔkaa sɛ: Yohane a na ɔbɔ asu no anyane afiri awufoɔ mu, enti na ahoɔdenneɛ yi di dwuma wɔ ne mu. 15Na ebinom se: Ɛyɛ Elia; na ebinom nso se: Ɛyɛ odiyifoɔ te sɛ adiyifoɔ no mu baako. 16Na Herode teeɛ no, ɔkaa sɛ: Yohane a metwaa ne tire no, ɔno na wanyane. 17Na Herode no ara asoma ma wɔabɛsɔ Yohane mu, akyere no ato afiase, ne nua Filipo yere Herodia nti, ɛfiri sɛ na waware no. 18#Lew 18.16 Na Yohane aka akyerɛ Herode sɛ: Wonni ho kwan sɛ woware wo nua yere! 19Na Herodia nyaa no menasepɔ, na ɔpɛɛ sɛ ɔkum no, nanso wantumi. 20Na Herode suro Yohane, ɛfiri sɛ ɔnim sɛ ɔyɛ onipa tenenee ne kronkron; na ɔbɔɔ ne ho ban, na ɔretie no a, ne ho yera no pii, nanso ɔde anigyeɛ tiee no.
21Na ɛda a ɛsɛ duruiɛ a Herode redi n’awoda no, ɔtoo pono maa n’atitire ne n’asafohene ne Galilea mpanimfoɔ, 22na Herodia no ara babaa ba bɛsae, na ɔsɔɔ Herode ne wɔn a wɔne no te adidiiɛ no ani. Ɛnna ɔhene see ababaawa no sɛ: Bisa me biribiara a wopɛ, na mɛma wo. 23#Est 5.3; 5.6 Na ɔkaa no ntam sɛ: Adeɛ biara a wobɛbisa me no, mɛma wo, de kɔsi m’ahennie fa so. 24Na ɔfirii adi kɔbisaa ne na sɛ: Ɛdeɛn na menkɔbisa? Na ɔkaa sɛ: Yohane a ɔbɔ asuo no ti. 25Na ntɛm ara ɔde ahoɔherɛ baa ɔhene nkyɛn bɛkaa sɛ: Mepɛ sɛ wode Yohane subɔni no ti to plɛte so ma me seesei ara. 26Na ɛyɛɛ ɔhene ya pii, nanso ne ntam ne wɔn a wɔne no te adidiiɛ no nti, wampɛ sɛ ɔkame no. 27Na ntɛm ara ɔhene somaa ɔbrafoɔ, hyɛɛ sɛ wɔmfa ne tiri mmra. Na ɔkɔtwaa ne ti, afiase hɔ, 28na ɔde ne tiri no too plɛte so baeɛ, na ɔde maa ababaawa no, na ababaawa no de kɔmaa ne na. 29Na n’asuafoɔ no teeɛ no, wɔba bɛfaa n’amu no, na wɔde kɔtoo ɔboda bi mu.
Asuafoɔ no sanba
30 # Luk 9.10 Na asomafoɔ no boaboaa wɔn ano baa Yesu nkyɛn, na wɔbɛkaa deɛ wɔyɛeɛ ne deɛ wɔkyerɛkyerɛeɛ no nyinaa kyerɛɛ no! 31Na ɔsee wɔn sɛ: Mo nso mommra mmɛsene nkɔ ɛserɛ so fa baabi, na monkɔhome kakra. Na wɔn a wɔreba ne wɔn a wɔrekorɔ dɔɔso, na wɔannya adagyeɛ annidi mpo.
Yesu ma nnipa mpemnum aduane
(Mateo 14.13-21; Luka 9.11-17; Yohane 6.1-13)
32Na wɔde kodoɔ sii mu kɔɔ ɛserɛ so fa baabi. 33Na nkurɔfoɔ hunuu wɔn sɛ wɔrekorɔ, nso na pii nim wɔn; na wɔnam fam firi nkuro no nyinaa mu tutuu mmirika kɔɔ hɔ, na wɔtwaree wɔn ano. 34#Mat 9.36 Na Yesu sii fam no, ɔhunuu nkurɔfokuo pii, na wɔyɛɛ no mmɔbɔ, ɛfiri sɛ na wɔte sɛ nnwan a wɔnni hwɛfoɔ; na ɔfitii aseɛ kyerɛkyerɛɛ wɔn nnoɔma pii.
35 # Mar 8.1-9 Na onwunu reyɛ adwoɔ no, n’asuafoɔ no baa ne nkyɛn bɛkaa sɛ: Ɛha yɛ ɛserɛ so, na onwunu reyɛ adwo, 36gya wɔn kwan na wɔnkɔ nkuro ne nkuraase a atwa ahyia yi mu nkɔtɔ paanoo bi nni. 37Na ɔbua see wɔn sɛ: Mo ara momma wɔn biribi nni. Na wɔsee no sɛ: Yɛnkɔ nkɔtɔ paanoo denare ahanu, na yɛmfa mma wɔnni anaa? 38Na ɔsee wɔn sɛ: Paanoo ahe na mowɔ? Monkɔ nkɔhwɛ. Na wɔkɔhwɛeɛ no wɔkaa sɛ: Enum ne mpataa mmienu. 39Na ɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔmma wɔn nyinaa ntenatena ase akuakuo ɛserɛ mono no so. 40Na wɔtenatenaa ase akuakuo, ɔha ɔha, ne aduonum aduonum. 41#Mar 7.34 Na ɔfaa paanoo nnum ne mpataa mmienu no, na ɔhwɛɛ soro hyiraa so, na ɔbubuu paanoo no, na ɔde maa n’asuafoɔ no sɛ wɔnkyekyɛ mma wɔn; na ɔkyekyɛɛ mpataa mmienu no nso mu maa wɔn nyinaa. 42Na wɔn nyinaa didii, na wɔmeeɛ. 43Na wɔtasee mporoporowa nkɛntɛn dummienu mama ne mpataa no nso bi. 44Na wɔn a wɔdii paanoo no ano si mmarima mpemnum.
Yesu bɔ mpaeɛ
(Mateo 14.22-36; Yohane 6.15-21)
45Na ntɛm ara na ɔpiapiaa n’asuafoɔ no sɛ wɔnkɔ kodoɔ mu, na wɔnni n’anim nkɔ asuogya nohoa, Betsaida fam, na ɔnnya nkurɔfokuo no kwan ansa. 46Na ɔmaa wɔkɔeɛ no, ɔkɔɔ bepɔ so mpaebɔ.
Yesu nante ɛpo so
47Na ɛduruu anwummerɛ no na kodoɔ no wɔ ɛpo no mfimfini, na ɔno nko ara wɔ fam. 48Na ɔhunuu wɔn sɛ wɔrebrɛ ɔhare mu; na mframa rehyia wɔn. Na ɛbɛyɛ anɔpahemahema nnɔnmmiɛnsa ne nnɔnnsia ntam no, ɔnam ɛpo ani baa wɔn nkyɛn; na ɔrepɛ asiane wɔn ho. 49Na wɔhunuu no sɛ ɔnam ɛpo no ani no, wɔsusuu sɛ ɛyɛ ɔsaman, na wɔteateaa mu, 50na wɔn nyinaa hunuu no, na wɔn akoma tui. Na ntɛm ara ɔne wɔn kasae, na ɔsee wɔn sɛ: Momma mo bo ntɔ mo yam. Me ara; monnsuro. 51#Mar 4.39 Na ɔkɔɔ wɔn nkyɛn kodoɔ no mu, na mframa no gyaee. Na wɔn ho dwirii wɔn boroo so. 52Na wɔante paanoo ho asɛm no ase ɛfiri sɛ na wɔn akoma apirim.
Genesaret ayaresa
53Na wɔtwaeɛ no, wɔduruu Genesaret asase so, na wɔsii fam. 54Na wɔfirii kodoɔ no mu no, ntɛm ara na wɔhunuu no; 55na wɔde mmirika kɔkyinii asase a atwa ahyia no nyinaa so, na wɔfitii aseɛ soaa wɔn a wɔn ho nyɛ wɔn den kɛtɛ so de wɔn baa baabiara a wɔtee sɛ ɔwɔ. 56#Mar 5.27-28 Na baabiara a ɔkɔeɛ, nkuraase, anaa nkuro, anaa nkuraa mu no, wɔde ayarefoɔ bɛguu edwa mu; na wɔsrɛɛ no sɛ ɔmma wɔnka n’atadeɛ ano nnwo nko ara; na dodoɔ a wɔkaa no no, wɔn ho yɛɛ wɔn den!

Currently Selected:

Marko 6: ASWDC

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in