YouVersion Logo
Search Icon

Marko 5

5
Honhom fi bi tuo
(Mateo 8.28-34; Luka 8.26-40)
1Na wɔduruu ɛpo no agya, Gerasefoɔ asase so. 2Na ɔfirii kodoɔ mu no, ntɛm ara na onipa bi a ɔwɔ honhom fi firi abodan mu wɔ asieeɛ hyiaa no; 3ɔno na ɔde aboda no mu ayɛ ne tenaberɛ. Na obiara ntumi mfa nkɔnsɔnkɔnsɔn mpo nkyekyere no bio. 4Na wɔtaa de no to mpokyerɛ ne nkɔnsɔnkɔnsɔn mu, nanso ɔtete nkɔnsɔnkɔnsɔn no bubu mpokyerɛ no mu; na obiara ntumi nnwodwo no. 5Na daa, awia ne anadwo, ɔwɔ aboda mu ne mmepɔ so teateam, na ɔde aboɔ twitwa ne ho. 6Na ɔhunuu Yesu wɔ akyirikyiri no, ɔtuu mmirika bɛkotoo no, 7#Mar 1.24 na ɔde nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Ɛdeɛn na me ne wo Yesu, Onyankopɔn a ɔwɔ sorosoro no ba wɔ yɛ? Medɔ Onyankopɔn sɛ: Nha me! 8Ɛfiri sɛ wase no sɛ: Wo honhom fi, firi onipa no mu. 9Na Yesu bisaa no sɛ: Wo din de sɛn? Na ɔbuaa sɛ: Me din de Ɛdɔm, ɛfiri sɛ, yɛyɛ bebree. 10Na ɔsrɛɛ no pii sɛ ɔmmpam wɔn mmfiri asase no so. 11Nso na mprakokuo pii wɔ bepɔ no so hɔ redidi. 12Na ahonhommɔne no nyinaa srɛɛ no sɛ: Pam yɛn kɔ mprako no mu, na yɛnkɔhyɛne wɔn mu. 13Na ɔmaa wɔn kwan. Na ahonhom fi no firii adi kɔhyɛnee mprako no mu, na mprakokuo no nyinaa bɔɔ kirididi sianee ɔbotan kuronkuron no kɔguu ɛpo no mu. Na wɔbɛyɛ sɛ mpennu, na wɔteetee wuwui ɛpo no mu. 14Na wɔn a wɔhwɛ mprako no dwanee, na wɔkɔkaa no kuro no mu ne nkuraa no ase. Na wɔfirii adi sɛ wɔrekɔhwɛ deɛ aba no. 15Na wɔbaa Yesu nkyɛn, na wɔbɛhunuu deɛ honhommɔne a ɔde ɛdɔm no wɔ ne so sɛ ɔte hɔ fira ntoma, na n’adwene mu ateɛ no; wɔsuroe. 16Na wɔn a wɔhunuiɛ no kaa deɛ ɛyɛɛ deɛ honhommɔne wɔ ne soɔ no, ne mprako no ho asɛm no kyerɛɛ wɔn. 17Na wɔfirii aseɛ srɛɛ Yesu sɛ ɔmfiri wɔn asase so nkɔ. 18Na ɔsii kodoɔ no mu no, deɛ anka honhommɔne wɔ ne soɔ no srɛɛ no sɛ ɔbɛtena ne nkyɛn. 19Nanso wamma no kwan, na ɔsee no sɛ: Kɔ wo fie, w’abusuafoɔ nkyɛn, na kɔka nnoɔma a Awurade ayɛ ama woɔ ne mmɔborɔ a wahu woɔ no kyerɛ wɔn. 20#Mar 7.31 Na ɔsii mu kɔe, na ɔkɔfitii aseɛ kaa nnoɔma akɛseɛ a Yesu yɛ maa no no wɔ Dekapoli; na ɛyɛɛ wɔn nyinaa nwanwa.
Yairo babaa ne ɔbaa bi ayaresa
(Mateo 9.18-26; Luka 8.41-56)
21Na Yesu tenaa kodoɔ no mu twaa ɛpo no baa asuogya bio no, nkurɔfokuo pii bɛhyiaa ne nkyɛn; na ɔwɔ mpoano. 22Na hyiadan mu panin baako a wɔfrɛ no Yairo bae, na ɔhunuu no no, ɔhwee ne nan ase; 23#Mar 7.32 na ɔsrɛɛ no pii sɛ: Me babaa rewu, na bra na fa wo nsa bɛgu ne so, na ne ho nyɛ no den, na ɔnnya nkwa.
24Na ɔne no sii mu kɔe; na nkurɔfokuo pii dii n’akyi, na wɔkyeree ne so. 25Na ɔbaa bi a mogya atu no mfirinhyia dummienu, 26na wahunu amane pii ayaresafoɔ bebree nsam, na wahwere n’ahodeɛ nyinaa, na anyɛ no yie biara, na mmom ɛkɔɔ soɔ no, 27ɔtee Yesu nka no, ɔbɛfirii n’akyi nkurɔfokuo no mu, de ne nsa bɛkaa n’atadeɛ. 28Na ɔkaa sɛ: Sɛ mede me nsa meka n’atadeɛ nko ara a, me ho bɛyɛ me den. 29Na ntɛm ara mogya a ɛretu no no twae, na ɔtee ne honam mu sɛ ne yadeɛ no agyae.
30 # Luk 6.19 Na ntɛm ara Yesu hunuu ne mu sɛ ahoɔden bi afiri ne mu, na ɔdanee ne ho nkurɔfokuo no mu kaa sɛ: Hwan na ɔde ne ho kaa m’atadeɛ? 31Ɛnna n’asuafoɔ no see no sɛ: Woahunu sɛ nkurɔfokuo no kyere wo so, na wose: Hwan na ɔde ne ho kaa me? 32Na ɔtwaa n’ani sɛ ɔbɛhunu deɛ ɔyɛɛ adeɛ no. 33Na ɔbaa no nim deɛ ayɛ wɔ ne mu nti, ɔde suro ne ahopopoɔ ba bɛhwee n’anim, na ɔkaa ne nokorɛ nyinaa kyerɛɛ no. 34Na ɔsee no sɛ: Ɔbabaa, wo gyidie agye wo; kɔ asomdwoeɛ mu, wo yadeɛ no nnyae, na wo ho nyɛ wo den.
35Ɔgu so rekasa no, wɔfiri hyiadan mu panin no fie ba bɛkaa sɛ: Wo babaa no awu; adɛn na woda so ha ɔkyerɛkyerɛfoɔ no? 36Na Yesu tee asɛm a wɔreka no, ɔsee hyiadan mu panin no sɛ: Nsuro, na gye di ara. 37Na wamma obiara anni n’akyi sɛ Petro, Yakobo ne Yakobo nua Yohane. 38Na ɔduruu hyiadan mu panin no fie no, ɔbɛhunuu nnipa a wɔreyɛ gyegyeegye ne wɔn a wɔresu, na wɔreyɛ hoo pii. 39#Yoh 1.1, 11 Na ɔhyɛnee hɔ no, ɔsee wɔn sɛ: Adɛn na moreyɛ gyegyeegye na moresu? Abɔfra no nwui, wada. 40Na wɔseree no. Na Yesu pamm wɔn nyinaa, na ɔfaa abɔfra no agya ne ne na ne wɔn a wɔka ne ho no kɔɔ faako a abɔfra no da hɔ. 41#Luk 7.14 Na ɔsɔɔ abɔfra no nsa see no sɛ: Talita, Kumm! Aseɛ ne sɛ: Abaayewa, mese wo sɛ: Nyane! 42Na ntɛm ara abaayewa no sɔree na ɔnantee; (na wadi mfirinhyia dummienu). Na wɔn ho dwirii wɔn kɛse. 43Na ɔhyɛɛ wɔn dendeenden sɛ wɔmmma obiara nnte; na ɔkaa sɛ wɔmma no biribi nni.

Currently Selected:

Marko 5: ASWDC

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in