YouVersion Logo
Search Icon

Marko 9

9
Yesu animuonyam hyerɛn
(Mateo 17.1-13; Luka 9.28-36)
1Na ɔsee wɔn sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ wɔn a wɔgyina ha yi binom wɔ hɔ a wɔrenka owuo nhwɛ, de bɛkɔ akɔsi sɛ wɔbɛhunu Nyankopɔn ahennie no sɛ ɛde tumi aba. 2Na ɛno akyiri nnansia no, Yesu faa Petro ne Yakobo ne Yohane, na ɔde wɔn kɔɔ bepɔ tentene bi so fa baabi. Na ɔsakyerae wɔ wɔn anim, 3na n’atadeɛ hyerɛnn fitafita a asase so ntomasifoɔ biara ntumi nhoa no saa. 4Na Elia ne Mose yii wɔn ho adi kyerɛɛ wɔn, a na wɔne Yesu rekasa. 5Na Petro see Yesu sɛ: Rabi, ɛyɛ sɛ yɛwɔ ha, na ma yɛmmɔ asese mmiɛnsa, wo deɛ baako, Mose deɛ baako na Elia deɛ baako. 6Na ɔnnim asɛm a ɔnka mpo; ɛfiri sɛ na ɔsuro yie. 7#Mar 1.11; 2 Pe 1.17 Na mununkum bi ba bɛkataa wɔn so, na ɛnne bi firi mununkum no mu kaa sɛ: Oyi ne me dɔba, montie no! 8Na amonom hɔ ara, wɔtwitwaa wɔn ani no, wɔanhunu obiara sɛ Yesu nko ara ne wɔn.
Elia ba
9 # Mar 8.30 Na wɔresiane bepɔ no, ɔbaraa wɔn sɛ wɔnnka deɛ wɔhunuiɛ no nnkyerɛ obiara, gye sɛ Onipa Ba no asɔre afiri awufoɔ mu ansa. 10Na wɔmaa asɛm no kaa wɔn tirim, na wɔbisabisaa wɔn ho sɛ awufoɔ mu sɔreɛ no ne deɛn? 11Na wɔbisaa Yesu sɛ: Adɛn nti na Atwerɛfoɔ no ka sɛ: Ɛsɛ sɛ Elia ba ansa? 12#Mal 4.5; Yes 53.3 Na ɔsee wɔn sɛ: Elia ba ansa, na wabɛsiesie nnoɔma nyinaa mmom deɛ, na deɛ wɔatwerɛ no Onipa Ba no ho sɛ ɔbɛhunu amane pii, na wɔabu no animtia no ɛ? 13#Mat 11.14; 1 Ah 19.2; 19.10 Na mese mo sɛ: Elia aba dada, na wɔayɛ no deɛ wɔpɛ nyinaa sɛdeɛ wɔatwerɛ wɔ ne ho no.
Otwafoɔ bi ayaresa
(Mateo 17.14-21; Luka 9.37-42)
14Na wɔduruu asuafoɔ no nkyɛn no, wɔhunuu nkurɔfokuo pii wɔ wɔn ho ne Atwerɛfoɔ sɛ wɔne wɔn rebisabisa wɔn ho nsɛm. 15Na ntɛm ara a nkurɔfokuo no nyinaa hunuu no no, wɔn ho dwirii wɔn, na wɔde mmirika ba bɛkyeaa no. 16Na Yesu bisaa wɔn sɛ: Ɛdeɛn asɛm na mo ne wɔn rebisabisa mo ho yi? 17Na nkurɔfokuo no mu baako buaa sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, mede me babarima a ɔwɔ mum honhom mebrɛɛ wo, 18na baabiara a ɛsɔ ne mu no, ɛma no sensene, na n’ano retwa ahuro, na ɔretwɛre ne se, na ɔrefɔn. Na meka mekyerɛɛ w’asuafoɔ sɛ wɔntu no, na wɔantumi. 19Na ɔbuaa wɔn sɛ: O ɛnnɛ mma a monni gyidie! Mentena mo nkyɛn nkɔduru da bɛn? Mentɔ me bo ase mma mo nkɔduru da bɛn? Momfa no mmrɛ me! 20Na wɔde no brɛɛ Yesu. Na ɔhunuu Yesu no, ntɛm ara na honhom no maa no senseneeɛ, na ɔhwee ase, na ɔbu faa so, na n’ano twaa ahuro. 21Na ɔbisaa n’agya sɛ: Nna ahe ni a yei yɛɛ no? Na ɔkaa sɛ: Ɛfiri ne mmɔfraase; 22na ɛtaa ka no to ogya ne nsuo mu sɛ ɛbɛkum no; na sɛ wobɛtumi ayɛ ho biribi a, hu yɛn mmɔbɔ na boa yɛn! 23#Mar 11.23 Na Yesu see no sɛ: Sɛ wobɛtumi a! Nnoɔma nyinaa bɛtumi ayɛ hɔ ama deɛ ɔgye die. 24#Luk 17.5 Na ntɛm ara abɔfra no agya teaa mu kaa sɛ: Megye medi, na boa me wɔ m’akyinnye gyeɛ ho! 25Na Yesu hunuu sɛ nkurɔfokuo no de mmirika reba no, ɔteateaa honhom fi no sɛ: Wo mum honhom ne sotifoɔ, mehyɛ wo sɛ, firi ne mu, na nsane nkɔ ne mu bio. 26#Mar 1.26 Na ɛteaa mu, na ɛtwetwee no pii no, ɛfirii ne mu. Na ɔyɛɛ sɛ owufoɔ maa nnipa pii kaa sɛ: Wawu. 27Na Yesu sɔɔ ne nsa maa no so, na ɔsɔree. 28Na Yesu duruu fie no, n’asuafoɔ no bisaa no wɔ nkyɛn sɛ: Adɛn nti na yɛn deɛ yɛantumi antu no? 29Na ɔsee wɔn sɛ: Saa adeɛ yi deɛ, n’adeban, wɔntumi mfa biribiara ntu no, gye mpaebɔ [ne abuada].#9.29 Tete atwerɛ afoforɔ a wɔgye tomu no binom mfa yei nka ho.
Yesu wuo ne ne wusɔreɛ ho nkɔmhyɛ a ɛtɔ so mmienu
(Mateo 17.22-23; Luka 9.43-45)
30Na ɔfirii hɔnom no, wɔkɔtwaa mu Galilea, na wampɛ sɛ obi teɛ. 31#Mar 8.31; 10.32-34 Na ɔkyerɛkyerɛɛ n’asuafoɔ no, na ɔsee wɔn sɛ: Wɔde Onipa Ba no bɛhyɛ nnipa nsa, na wɔakum no, na wɔkum no a, ne nnansa so ɔbɛsɔre. 32#Luk 18.34 Na wɔante asɛm no ase, na wɔsuroo sɛ wɔbɛbisa no.
Ahobrɛaseɛ
(Mateo 18.1-9; Luka 9.46-50)
33 # Mat 17.24 Na wɔbaa Kapernaum. Na ɔwɔ fie no, ɔbisaa wɔn sɛ: Ɛdeɛn na modwenwenee ho ɔkwan mu no? 34Na wɔmuaa wɔn ano; ɛfiri sɛ ɔkwan mu no wɔdwenwenee ho sɛ hwan ne wɔn mu ɔkɛseɛ. 35#Mar 10.44 Na ɔtenaa ase frɛɛ dummienu no, na ɔsee wɔn sɛ: Sɛ obi pɛ kan adi a, ma no nni wɔn nyinaa akyi, na ɔnyɛ wɔn nyinaa somfoɔ. 36#Mar 10.16 Na ɔfaa abɔfra bi de no gyinaa wɔn mfimfini, na ɔyɛɛ no atuu see wɔn sɛ: 37#Mat 10.40 Obiara a ɔbɛgye saa mmɔfra yi mu baako me din mu no, gye me; na obiara a ɔbɛgye me no, ɛnyɛ me na ɔgye me, na deɛ ɔsomaa me no.
Ahomasoɔ ho animka
38 # Num 11.27-28 Na Yohane see no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, yɛahunu obi sɛ ɔde wo din retu ahonhommɔne, na yɛbaraa no, ɛfiri sɛ ɔnni yɛn akyi. 39#1 Ko 12.3 Ɛnna Yesu kaa sɛ: Mommmara no; na obiara nni hɔ a ɔde me din bɛyɛ ahoɔdenneɛ na ɔbɛtumi aka me ho asɛmmɔne ɛhɔ ara. 40#Mat 12.30 Na deɛ ɔnyɛ biribi ntia yɛn no, na ɔwɔ yɛn afa. 41#Mat 10.42 Na obiara a ɔbɛma mo nsuo kuruwa ma anom wɔ me din mu, sɛ moyɛ Kristo dea nti, nokorɛ mese mo sɛ: N’akatua remmɔ no.
Suntidua toɔ
42 Na obiara a ɔbɛto nkumaa yi a wɔgye me die yi mu baako suntidua no, ɛyɛ ma no mmom sɛ wɔde owiyammoɔ kɛseɛ sɛne ne kɔn mu na wɔde no kɔto po mu. 43#Mat 5.30 Na sɛ wo nsa to wo suntidua a, twa! Ɛyɛ ma wo sɛ wode basasini bɛkɔ nkwa mu, sene sɛ wowɔ nsa mmienu na wode bɛkɔ amanehunu kurom, ogya a ɛrennum da no mu, 44#Yes 66.24 [deɛ wɔn aboaa nnwuo na ogya no nnum.]#9.44 Tete atwerɛ a wɔgye tomu binom mfa deɛ wɔn aboaa nnwuo na ogya no nnum nka ho. 45Na sɛ wo nan to wo suntidua a, twa! Ɛyɛ ma wo sɛ wode nansini bɛkɔ nkwa mu sene sɛ wowɔ nan mmienu, na wɔde wo bɛto amanehunu kurom, 46#Mar 9.44 [deɛ wɔn aboaa nnwuo na ogya no nnum.]#9.46 Tete atwerɛ a wɔgye tomu binom mfa deɛ wɔn aboaa nnwuo na ogya no nnum nka ho. 47#Mat 5.29 Na sɛ w’ani to wo suntidua a, tu! Ɛyɛ ma wo sɛ wode ani korɔ bɛkɔ Nyankopɔn ahennie mu sene sɛ wowɔ ani mmienu, na wɔde wo bɛto amanehunu kurom, 48#Mar 9.44; 9.46 deɛ wɔn aboaa nnwuo, na ogya no nnum. 49#Lew 2.13 Na wɔde ogya bɛhyɛ nnipa nyinaa nkyene. [Na wɔde nkyene bɛto afɔdeɛ nyinaa mu.]#9.49 Tete atwerɛ a wɔgye tomu binom mfa na wɔde nkyene bɛto afɔdeɛ nyinaa mu nka ho. 50#Mat 5.13; Luk 14.34; Kol 4.6 Nkyene yɛ; na sɛ nkyene dɛ tu firi mu a, ɛdeɛn na mode bɛhyɛ no nkyene? Monnya nkyene mo ara mo mu, na mone mo ho mo ho ntena asomdwoeɛ mu.

Currently Selected:

Marko 9: ASWDC

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in