1
Marko 9:23
Twerɛ Kronkron
Na Yesu see no sɛ: Sɛ wobɛtumi a! Nnoɔma nyinaa bɛtumi ayɛ hɔ ama deɛ ɔgye die.
Compare
Explore Marko 9:23
2
Marko 9:24
Na ntɛm ara abɔfra no agya teaa mu kaa sɛ: Megye medi, na boa me wɔ m’akyinnye gyeɛ ho!
Explore Marko 9:24
3
Marko 9:28-29
Na Yesu duruu fie no, n’asuafoɔ no bisaa no wɔ nkyɛn sɛ: Adɛn nti na yɛn deɛ yɛantumi antu no? Na ɔsee wɔn sɛ: Saa adeɛ yi deɛ, n’adeban, wɔntumi mfa biribiara ntu no, gye mpaebɔ [ne abuada].
Explore Marko 9:28-29
4
Marko 9:50
Nkyene yɛ; na sɛ nkyene dɛ tu firi mu a, ɛdeɛn na mode bɛhyɛ no nkyene? Monnya nkyene mo ara mo mu, na mone mo ho mo ho ntena asomdwoeɛ mu.
Explore Marko 9:50
5
Marko 9:37
Obiara a ɔbɛgye saa mmɔfra yi mu baako me din mu no, gye me; na obiara a ɔbɛgye me no, ɛnyɛ me na ɔgye me, na deɛ ɔsomaa me no.
Explore Marko 9:37
6
Marko 9:41
Na obiara a ɔbɛma mo nsuo kuruwa ma anom wɔ me din mu, sɛ moyɛ Kristo dea nti, nokorɛ mese mo sɛ: N’akatua remmɔ no.
Explore Marko 9:41
7
Marko 9:42
Na obiara a ɔbɛto nkumaa yi a wɔgye me die yi mu baako suntidua no, ɛyɛ ma no mmom sɛ wɔde owiyammoɔ kɛseɛ sɛne ne kɔn mu na wɔde no kɔto po mu.
Explore Marko 9:42
8
Marko 9:47
Na sɛ w’ani to wo suntidua a, tu! Ɛyɛ ma wo sɛ wode ani korɔ bɛkɔ Nyankopɔn ahennie mu sene sɛ wowɔ ani mmienu, na wɔde wo bɛto amanehunu kurom
Explore Marko 9:47
Home
Bible
Plans
Videos