1
Marko 10:45
Twerɛ Kronkron
Na Onipa Ba no nso amma sɛ wɔnsom no, na ɔbɛsomee, na ɔde ne kra ayɛ agyedeɛ ama nnipa pii.
Compare
Explore Marko 10:45
2
Marko 10:27
Na Yesu hwɛɛ wɔn kaa sɛ: Nnipa fam na ɛntumi nyɛ hɔ, na ɛnyɛ Nyankopɔn fam; ɛfiri sɛ Nyankopɔn fam deɛ nnoɔma nyinaa bɛtumi ayɛ hɔ.
Explore Marko 10:27
3
Marko 10:52
Na Yesu see no sɛ: Kɔ, wo gyidie agye wo! Na ntɛm ara ɔhunuu adeɛ, na ɔdii n’akyi ɔkwan no so.
Explore Marko 10:52
4
Marko 10:9
Enti deɛ Onyankopɔn de abom no, mma onipa nntete mu.
Explore Marko 10:9
5
Marko 10:21
Na Yesu hwɛɛ no dinn, na ɔdɔɔ no, na ɔsee no sɛ: Aka wo adeɛ baako: Kɔ na kɔtɔn deɛ wowɔ nyinaa, na fa ma ahiafoɔ, na wobɛnya agyapadeɛ ɔsoro; na bra bɛdi m’akyi.
Explore Marko 10:21
6
Marko 10:51
Yesu bisaa no sɛ: Ɛdeɛn na wopɛ sɛ meyɛ ma woɔ? Na onifirani no see no sɛ: Rabuni, mepɛ sɛ mehunu adeɛ!
Explore Marko 10:51
7
Marko 10:43
Nanso ɛnte saa mo mu; na obiara a ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ mo mu kɛseɛ no, ɔbɛyɛ somfoɔ
Explore Marko 10:43
8
Marko 10:15
Nokorɛ mese mo sɛ: Obiara a ɔrennye Nyankopɔn ahennie sɛ abɔfra no, ɔrenkɔ mu koraa.
Explore Marko 10:15
9
Marko 10:31
Na adikanfoɔ pii bɛka akyire, na akyikafoɔ abɛdi kan.
Explore Marko 10:31
10
Marko 10:6-8
na ɛfiri adebɔ mfitiaseɛ no, ɔbarima ne ɔbaa na Onyankopɔn bɔɔ wɔn. Yei nti na ɔbarima bɛgya n’agya ne ne na hɔ, na ɔde ne ho akɔbɔ ne yere ho, na wɔn baanu akɔyɛ ɔhonam koro. Ne saa nti, wɔnna so nyɛ baanu bio, na mmom wɔyɛ honam koro.
Explore Marko 10:6-8
Home
Bible
Plans
Videos