1
Marko 8:35
Twerɛ Kronkron
Na obiara a ɔpɛ sɛ ɔgye ne kra nkwa no, ɛbɛfiri ne nsa; na deɛ ne kra bɛfiri ne nsa wɔ me ne asɛmpa no nti no, wɔbɛgye no nkwa!
Compare
Explore Marko 8:35
2
Marko 8:36
Na sɛ onipa nya wiase nyinaa, na ɔhwere ne kra a, mfasoɔ bɛn na ɔbɛnya?
Explore Marko 8:36
3
Marko 8:34
Na ɔfrɛɛ nkurɔfokuo no ne n’asuafoɔ no bae, ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Obi pɛ sɛ ɔdi m’akyiri a, ɔmpa ne ho akyi, na ɔmfa n’asɛnnua, na ɔnni m’akyi.
Explore Marko 8:34
4
Marko 8:37-38
Anaasɛ ɛdeɛn na onipa bɛma de asesa ne kra? Na obiara a n’ani bɛwu me ne me nsɛm ho, nnɛ mma awaresɛefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ yi mu no, ɔno nso ho bɛyɛ Onipa Ba no aniwu ɛda a ɔne abɔfoɔ kronkron no bɛba wɔ n’agya animuonyam mu no.
Explore Marko 8:37-38
5
Marko 8:29
Na ɔbisaa wɔn sɛ: Na mo deɛ, mose mene hwan? Na Petro bua see no sɛ: Wone Kristo no.
Explore Marko 8:29
Home
Bible
Plans
Videos