Gyenesis 35

35
Onyankopɔn hyira Yakob wɔ Betel
1 # Gye 28.12-19; 31.13 Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ, Yakob sɛ: Sɔre kɔ Betel kɔtena hɔ, na si afɔremuka wɔ hɔ ma Onyankopɔn a oyii ne ho kyerɛɛ wo ɛda a woreguan afi wo nua Esau anim no.
2 # Gye 31.19; Yos 24.23; 1 Sa 7.3 Ɛnna Yakob ka kyerɛɛ ne fifo ne wɔn a wɔka ne ho nyinaa sɛ: Montotow anyame ananafo a ɛwɔ mo mu ngu, na munnwira mo ho, na monsakra mo ntade. 3#Gye 28.15, 20-22 Na momma yɛnsɔre nkɔ Betel, na minkosi afɔremuka wɔ hɔ memma Onyankopɔn a m'ahohia da otiee me, na odii m'akyi wɔ ɔkwan a mekɔe no mu no. 4#Yos 24.26; Ate 9.6 Ɛnna wɔde wɔn anyame ananafo a ɛwɔ wɔn nsam nyinaa ne wɔn aso mu nkaa maa Yakob, na Yakob de koraa dupɔn bi a ɛwɔ Sekem ho no ase. 5Na wosiim sɛ wɔrekɔ no; Onyankopɔn ho hu baa nkurow a atwa wɔn ho ahyia no so, na wɔantiw Yakob mma no.
6Na Yakob ne nkurɔfo a wɔka ne ho nyinaa duu Lus a ɛwɔ Kanaan asase so a ɛne Betel. 7#Gye 12.8 Na osii hɔ afɔremuka, na ɔfrɛɛ hɔ: El-betel, ase ne: Betel Nyankopɔn, efisɛ da a ɔreguan afi ne nua anim no, ɛhɔ na Onyankopɔn yii ne ho kyerɛɛ no.
8 # Gye 24.59 Na Rebeka gyigyefo Debora wui, na wosiee no Betel anafo fam wɔ odum bi ase, na ɔtoo no din Alonbakut.
9Na Onyankopɔn yii ne ho kyerɛɛ Yakob bio, ne ba a ofii Mesopotamia bae no mu, na ohyiraa no. 10#Gye 32.28 Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: Wo din de Yakob, nanso wɔremfrɛ wo Yakob bio, na mmom Israel ne wo din; na ɔtoo ne din Israel. 11#Gye 17.1; 28.3-4; 17.6 Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: Mene Onyankopɔn Tweaduampɔn: dɔ na yɛ bebree; ɔman ne aman asafo befi wo mu aba, na ahene fi w'asen mu bɛba. 12Na asase a mede mama Abraham ne Isak no, wo na mede mɛma wo; na w'asefo a wobedi w'akyi no na mede asase no mɛma wɔn. 13#Gye 17.22 Na Onyankopɔn fii ne nkyɛn wɔ nea ɔne no kasae hɔ kɔɔ ɔsoro. 14#Gye 28.18-19 Na Yakob de odum sii nea ɔne no kasae hɔ, ɔbodum, na ohwiei ɔnom afɔre guu so, na ɔde ngo guu so. 15Na Yakob frɛɛ nea ɔne Nyankopɔn kasae hɔ Betel.
16Na wotutu fii Betel kɔe. Na aka ɔkwan tiaa bi na wɔadu Efrat no, awo kaa Rahel, na awo no den no. 17Na n'awo no mu yɛɛ den no, awogyefo no ka kyerɛɛ no sɛ: Nsuro, na eyi nso wobɛwo babarima. 18Na ne kra refi ne mu na ɔreyɛ awu no, ɔtoo no din Benoni, ase ne: M'amanehunu ba, na n'agya de, ɔfrɛɛ no Benyamin ase ne: Ahotɔ ba. 19#Mika 5.2 Na Rahel wui, na wosiee no Efrat a ɛne Betlehem no kwan nkyɛn 20Na Yakob sii ne da so dum, ɛne Rahel da so dum de besi nnɛ. 21#Mika 4.8 Na Israel tutu kosii ne ntamadan wɔ Eder abantenten akyi no ho.
22 # Gye 49.4 Na Israel te asase no so no, Ruben ne n'agya abaawayere Bilha kɔdae, na Israel tee.
Yakob mma
(1 Berɛsosɛm 2.1-2)
23Nso Yakob mmammarima si dumien; Lea mma ne Ruben Yakob abakan ne Simeon, Lewi, Yuda, Isakar ne Sebulon. 24Rahel mma ne Yosef ne Benyamin. 25Na Rahel abaawa Bilha mma ne Dan ne Naftali. 26Na Lea abaawa Silpa mma ne Gad ne Aser. Eyinom ne Yakob mmammarima a wɔwoo wɔn maa no wɔ Mesopotamia.
Isak wu
27Na Yakob baa n'agya Isak nkyɛn wɔ Mamre, wɔ Kiriat-arba a ɛne Hebron, nea Abraham ne Isak tenae sɛ ahɔho no.
28Na Isak nna nyinaa si mfirihyia ɔha aduɔwɔtwe. 29#Gye 25.8 Na Isak gyaa mu, na owui, na otiw ne nananom kɔɔ asamando, na wabɔ akora, na nna amee no. Na ne mma Esau ne Yakob siee no.

தற்சமயம் தேர்ந்தெடுக்கப்பட்டது:

Gyenesis 35: ATWDB

சிறப்புக்கூறு

பகிர்

நகல்

None

உங்கள் எல்லா சாதனங்களிலும் உங்கள் சிறப்பம்சங்கள் சேமிக்கப்பட வேண்டுமா? பதிவு செய்யவும் அல்லது உள்நுழையவும்