Gyenesis 36

36
Esau asefo
(1 Berɛsosɛm 1.34-37)
1 # Gye 25.30; 1 Be 1.35-54 Na eyinom ne Esau a wɔfrɛ no Edom no awo ntoatoaso: 2#Gye 26.34 Esau waree Kanaanfo mmea: Hetini Elon babea Ada ne Hewini Sibeon ba Ana babea Ohlibama, 3#Gye 28.9 ne Ismael babea Basmat, Nebaiot ne nuabea. 4Na Ada woo Elifas maa Esau, na Basmat woo Reuel. 5Na Oholibama woo Yeus ne Yalam ne Kora. Eyinom ne Esau mma a wɔwoo wɔn maa no wɔ Kanaan asase so.
6Na Esau faa ne yerenom ne ne mmammarima ne ne mmabea ne ne fifo nyinaa ne ne mmoa ne n'anantwi nyinaa ne n'ahonyade a onyae wɔ Kanaan asase so nyinaa, na ofii ne nua Yakob ho kɔɔ asase bi so. 7Efisɛ wɔn ahonyade dɔɔso sen nea wɔde tena faako, na asase a wɔyɛ so ahɔho no, wɔn mmoa dodow nti na wɔnsen so. 8Na Esau a ɔno ara ne Edom no kɔtenaa Seir bepɔw so.
9Na eyinom ne Edomfo agya Esau, a ɔte Seir bepɔw so no awo ntoatoaso: 10Esau mmammarima din ni: Esau yere Ada ba Elifas, Esau yere Basmat ba Reuel. 11Na Elifas mma ne Taman, Omar, Sefo, Gatam ne Kenas. 12Na Timna yɛ Esau ba Elifas yefam, no ɔwoo Amalek maa Elifas; eyinom ne Esau yere Ada mma. 13Na eyinom ne Reuel mma: Nahat ne Sera, Sama ne Misa; eyinom ne Esau yere Basmat mma. 14Na eyinom ne Esau yere Oholibama, Sibeon ba Ana babea no, mma: ɔwoo Yeus ne Yalam ne Kora maa Esau.
15Eyinom ne Esau mma mu atitiriw: Esau abakan Elifas mma: Atitiriw Teman, Omar, Sefo, Kenas, 16Kora, Gatam ne Amalek. Eyinom ne Elifas atitiriw wɔ Edom asase so; eyinom ne Ada mma. 17Na eyinom ne Esau ba Reuel mma: Atitiriw Nahat, Sera, Sama, ne Misa. Eyinom ne Reuel atitiriw wɔ Edom asase so; eyinom ne Esau yere Basmat mma. 18Na eyinom ne Esau yere Oholibama mma: Atitiriw Yeus, Yalam ne Kora. Eyinom ne Esau yere Oholibama, Ana ba, atitiriw no. 19Eyinom ne Esau mma, na eyinom ne wɔn atitiriw no; ɔne Edom.
Seir Asefo
(1 Berɛsosɛm 1.38-42)
20 # Gye 14.6; Deut 2.12 Eyinom ne Horini Seir mma asase no sofo: Lotan, Sobal, Sibeon, Ana, 21Dison, Eser ne Disan. Eyinom ne Horifo a wɔyɛ Seir mma a wɔte Edom asase so no atitiriw. 22Na Lotan mma ne Hori ne Heman, na Lotan ne nuabea ne Timna. 23Na eyinom ne Sobal mma: Alwan, Manahat, Ebal, Sefo ne Onam.
24Na eyinom ne Sibeon mma: Aya ne Ana. Oyi ne Ana a na ɔhwɛ n'agya Sibeon mfurum no, a ohuu nsuɔhyew aniwa wɔ sare so no. 25Na eyinom ne Ana mma: Dison ne Oholibama, Ana babea. 26Na eyinom ne Dison mma: Hemdan Esban, Itran ne Keran. 27Eyinom ne Eser mma: Bilhan, Saawan ne Akan. 28Eyinom ne Disan mma: Us ne Aran. 29Eyinom ne Horifo atitiriw: Atitiriw Lotan, Sobal, Sibeon, Ana, 30Dison, Eser, ne Disan. Eyinom ne Horifo atitiriw a wɔyɛɛ wɔn atitiriw wɔ Seir asase so.
Edom Ahene
(1 Berɛsosɛm 1.43-54)
31Eyinom ne ahene a wodii Edom asase so ansa na obi dii Israel mma so hene. 32Na Bela, Beor ba, dii Edom hene, na ne kurow din de Dinhaba. 33Na Bela wui, na Sera ba Yobab a ofi Bosra bedii n'ade. 34Na Yobab wui, na Husam a ofi Teman asase so bedii n'ade. 35Na Husam wui, na Bedad ba Hadad a okum Midian wɔ Moab petee mu no bedii n'ade, na ne kurow din de Awit. 36Na Hadad wui, na Samla a ofi Masreka bedii n'ade. 37Na Samla wui, na Saul a ofi Rehobot a ɛda asu no ho no bedii n'ade. 38Na Saul wui, na Akbor ba Baal-hanan bedii n'ade. 39Na Akbor ba Baal-hanan wui, na Hadar bedii n'ade. Na ne kurow din de Pau, na ne yere din de Mehetabel, Mesahab babea Matred babea.
40Na eyinom ne Esau atitiriw no din, sɛnea wɔn mmusuakuw, wɔn tenabea ne wɔn din te: Atitiriw Timna, Ahoa, Yetet, 41Oholibama, Ela, Pinon, 42Kenas, Teman, Mibsar, 43Magdiel, ne Iram. Eyinom ne Edom a ɔne Esau, Edomfo agya no atitiriw, sɛnea wɔn tenabea te wɔ asase a wonyae no so.

தற்சமயம் தேர்ந்தெடுக்கப்பட்டது:

Gyenesis 36: ATWDB

சிறப்புக்கூறு

பகிர்

நகல்

None

உங்கள் எல்லா சாதனங்களிலும் உங்கள் சிறப்பம்சங்கள் சேமிக்கப்பட வேண்டுமா? பதிவு செய்யவும் அல்லது உள்நுழையவும்