Gyenesis 34

34
Sekem to Dina mmonaa
1 # Gye 30.21 Na Lea babea Dina a ɔwoo no maa Yakob no fii adi sɛ ɔrekɔhwɛ asase no so mmea. 2Na asase no so otitiriw Hewini Hamor ba Sekem huu no no, ɔkyeree no, too no mmonaa guu ne ho fi. 3Na Sekem koma fam Yakob ba Dina ho, na ɔdɔɔ ababaa no, na otwaa ne bo too ne yam.
4Na Sekem ka kyerɛɛ n'agya Hamor sɛ: Kogye ababaa yi aware ma me. 5Na Yakob tee sɛ wahyɛ ne babea Dina ne no ada no; nso na ne mmammarima wɔ ne mmoa nkyɛn wɔ wuram, enti Yakob yɛɛ komm de kosii sɛ wɔbaa fie. 6Na Sekem n'agya Hamor fii adi kɔɔ Yakob nkyɛn sɛ ɔne no rekɔkasa. 7#Deut 22.21 Na Yakob mmammarima tee no, wofii wuram bae. Na ɛyɛɛ mmarima no yaw, na wɔn bo fuwii pa ara, sɛ Sekem adi Israel ho nkwaseasɛm sɛ ɔne Yakob babea akɔda, ade a ɛnsɛ sɛ wɔyɛ. 8Na Hamor ne wɔn kasae sɛ: Me ba Sekem akoma fam mo babea no ho, mesrɛ mo, momfa no mma no aware. 9Na mo ne yɛn nni ayeware, na momfa mo mmabea mma yɛn, na mo nso monware yɛn mmabea. 10Na mo ne yɛn ntena, na asase na ɛda mo anim yi, montena so nyɛ so adwuma nnya so ade. 11Na Sekem ka kyerɛɛ, Dina n'agya ne ne nuanom sɛ: Momma minnya mo anim dom, na biribiara a mubese me no, mɛma. 12#Eks 22.16 Munnye me tiade dodow ne akyɛde biara, na biribiara a mubese me no, mɛma, na momfa ababaa no mma me aware.
13Na Yakob mmammarima no kasae de nnaadaa buaa Sekem ne n'agya Hamor, efisɛ wagu wɔn nuabea Dina ho fi, 14na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Yɛrentumi saa ade yi yɛ, sɛ yɛde yɛn nua bɛma ɔbarima a ɔyɛ momonoto, efisɛ ɛno yɛ ahohora ma yɛn. 15Na eyi mu nko na yɛbɛpene mo, sɛ mobɛdan ayɛ sɛ yɛn, na wɔatwa mo mu mmarima nyinaa twetia. 16Ɛno na yɛde yɛn mmabea bɛma mo, na yɛabɛfa mo mmabea nso aware, na yɛne mo atena, na yɛayɛ ɔman koro. 17Na sɛ moantie yɛn, na moantwa twetia a, ɛnne yɛbɛfa yɛn babea akɔ.
18Na wɔn nsɛm no sɔɔ Hamor ne Hamor ba Sekem ani, 19sɛ ɔbɛyɛ saa ade no, efisɛ Yakob babea no sɔ n'ani, na ɔwɔ anuonyam sen n'agya fifo nyinaa. 20Na Hamor ne ne ba Sekem kɔɔ wɔn kurow abobow ano, na wɔne wɔn kurom mmarima kɔkasae sɛ: 21Nnipa yi, wɔne yɛn te asomdwoe mu, enti momma wɔntena asase yi so, na wɔnyɛ so adwuma. Na asase yi, hwɛ, ɛda wɔn anim haharaa. Momma yɛmfa wɔn mmabea nware, na yɛmfa yɛn mmabea nso mma wɔn. 22Na eyi nko mu na nnipa no bɛpene sɛ wɔne yɛn bɛtena, na yɛayɛ ɔman koro: sɛ yɛn mu mmarima nyinaa betwa twetia, sɛnea wɔatwa no. 23So wɔn mmoa ne wɔn ahonyade ne wɔn afieboa nyinaa renyɛ yɛn dea anaa? Momma yɛmpene wɔn ara, na wɔne yɛn ntena. 24Na wɔn a wɔnam Hamor kurow pon ano fi adi nyinaa tiee no, ne ne ba Sekem, na mmarima nyinaa, wɔn a wɔnam ne kurow pon ano fi adi nyinaa twitwaa twetia.
25 # Gye 49.5-7 Na da a ɛto so abiɛsa a ne yaw kaa wɔn no, Yakob mmammarima baanu, Simeon ne Lewi a wɔyɛ Dina nuanom, fofaa wɔn nkrante kɔɔ kurow no so mpofirim kokum mmarima nyinaa. 26Na wɔde nkrante kum Hamor ne ne ba Sekem; na wɔde Dina fii Sekem fi hɔ bae.
27Yakob mmammarima no baa atɔfo no so bɛfow kurow no mu nneɛma, efisɛ wɔagu wɔn nua ho fi. 28Wɔn nguan, anantwi ne wɔn mfurum ne nea ɛwɔ kurow no mu ne nea ɛwɔ mfuw mu no, wɔfae, 29ne wɔn ahode nyinaa, wɔn mma nyinaa ne wɔn yerenom, wɔfaa wɔn nnommum, fow nea ɛwɔ fie nyinaa.
30 # Eks 5.21 Na Yakob ka kyerɛɛ, Simeon ne Lewi sɛ: Moahaw me ama me ho abɔn wɔn a wɔte asase yi so, Kanaanfo ne Perisifo. Na me de, meyɛ asafo a misua yi, wɔbɛboaboa wɔn ho ano aba me so abekum me, na wɔasɛe me ne me fi. 31Na wose: So ɔnyɛ yɛn nuabea sɛ oguamanfo anaa?

தற்சமயம் தேர்ந்தெடுக்கப்பட்டது:

Gyenesis 34: ATWDB

சிறப்புக்கூறு

பகிர்

நகல்

None

உங்கள் எல்லா சாதனங்களிலும் உங்கள் சிறப்பம்சங்கள் சேமிக்கப்பட வேண்டுமா? பதிவு செய்யவும் அல்லது உள்நுழையவும்