YouVersion Logo
Search Icon

Gyenesis 34

34
Sekem to Dina mmɔnaa
1 # Gye 30.21 Na Lea ne Yakob babaa Dina firii adi sɛ ɔrekɔhwɛ asase no so mmaa. 2Na asase no so otitire Hewini Hamor ba Sekem hunuu no, na ɔkyeree no too no mmɔnaa guu ne ho fi. 3Na Yakob ba Dina sɔɔ Sekem ani, na ɔdɔɔ ababaa no, na ɔkorɔkorɔɔ no.
4Na Sekem ka kyerɛɛ n’agya Hamor sɛ: Kɔgye ababaa yi awareɛ ma me. 5Na Yakob tee sɛ wagu ne babaa Dina ho fi. Nanso ɛnam sɛ na ne mmammarima no wɔ ne mmoa nkyɛn wɔ wiram no, enti ɔyɛɛ komm de kɔsii sɛ wɔbaa fie. 6Na Sekem agya Hamor firii adi kɔɔ Yakob nkyɛn sɛ ɔne no rekɔkasa. 7#Deut 22.21 Na Yakob mmammarima teeɛ no, wɔfirii wiram bae. Na ɛyɛɛ mmarima no ya, na wɔn bo fuu pa ara, sɛ Sekem adi Israel ho nkwaseasɛm sɛ ɔne Yakob babaa akɔda; adeɛ a ɛnsɛ sɛ wɔyɛ. 8Na Hamor ne wɔn kasaa sɛ: Me ba Sekem akoma fam mo babaa no ho; mesrɛ mo, momfa no mma no aware. 9Na mo ne yɛn nni ayewareɛ, na momfa mo mmammaa mma yɛn, na mo nso monware yɛn mmammaa. 10Na mo ne yɛn ntena, na asase na ɛda mo anim yi, montena so nyɛ so adwuma nnya so adeɛ. 11Na Sekem ka kyerɛɛ Dina n’agya ne ne nuanom sɛ: Momma mennya mo anim adom, na biribiara a mobɛse me no, mɛma. 12#Eks 22.16 Monnye me etire adeɛ dodoɔ ne akyɛdeɛ biara, na biribiara a mobɛse me no, mɛma; na momfa ababaa no mma me awareɛ.
13Na Yakob mmammarima no kasa de nnaadaa buaa Sekem n’agya Hamor ɛfiri sɛ wagu wɔn nuabaa Dina ho fi. 14Na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Yɛntumi saa adeɛ yi yɛ, sɛ yɛde yɛn nua bɛma ɔbarima a ɔyɛ momonoto, ɛfiri sɛ ɛno yɛ ahohora ma yɛn. 15Na yei mu nko na yɛbɛpene mo sɛ mobɛdane ayɛ sɛ yɛn, na wɔatwitwa mo mu mmarima nyinaa twetia. 16Ɛno na yɛde yɛn mmammaa bɛma mo, na yɛabɛfa mo mmammaa nso aware, na yɛne mo atena, na yɛayɛ ɔman korɔ. 17Na sɛ moantie yɛn, na moantwitwa twetia a, ɛnneɛ yɛbɛfa yɛn babaa akɔ.
18Na wɔn nsɛm no sɔɔ Hamor ne ne ba Sekem ani. 19Enti Sekem antwetwe ne ho sɛ ɔbɛyɛ saa adeɛ no, ɛfiri sɛ na Yakob babaa no sɔ n’ani, na aberanteɛ no animuonyam sene n’agya fiefoɔ nyinaa. 20Na Hamor ne ne ba Sekem kɔɔ wɔn kuro aboboano, na wɔne wɔn kurom mmarima kɔkasaa sɛ: 21Nnipa yi, wɔne yɛn te asomdwoeɛ mu, enti momma wɔntena asase yi so, na wɔnyɛ so adwuma. Na asase yi, hwɛ, ɛda wɔn anim kakraa. Momma yɛmfa wɔn mmammaa nware, na yɛmfa yɛn mmammaa nso mma wɔn. 22Na yei nko mu na nnipa no bɛpene sɛ wɔne yɛn bɛtena, na yɛayɛ ɔman korɔ; sɛ yɛn mu mmarima nyinaa bɛtwitwa twetia, sɛdeɛ wɔatwitwa no. 23Wɔn mmoa ne wɔn ahonyadeɛ ne wɔn afieboa nyinaa renyɛ yɛn dea anaa? Momma yɛmpene so ma wɔn, na wɔne yɛn ntena. 24Na wɔn a wɔnam Hamor kuro pono ano firi adie nyinaa tiee no ne ne ba Sekem, na mmarima nyinaa, wɔn a wɔnam ne kuro pono ano firi adie nyinaa twitwaa twetia.
25 # Gye 49.5-7 Na da a ɛtɔ so mmiɛnsa a ne yea kaa wɔn no, Yakob mmammarima baanu, Simeon ne Lewi a wɔyɛ Dina nuanom, fefaa wɔn nkrantɛ kɔɔ kuro no so mpofirim kɔkunkumm mmarima nyinaa. 26Na wɔde nkrantɛ kumm Hamor ne ne ba Sekem; na wɔde Dina firii Sekem fie hɔ bae.
27Yakob mmammarima no baa atɔfoɔ no so bɛfom kuro no mu nnoɔma fae, ɛfiri sɛ wɔagu wɔn nua no ho fi. 28Wɔn nnwan, wɔn anantwie, wɔn mfunumu ne deɛ ɛwɔ kuro no mu ne deɛ ɛwɔ mfuo mu no, wɔfae. 29Na wɔn ade nyinaa ne wɔn mma nyinaa ne wɔn yerenom, wɔfaa wɔn nnommum fom deɛ ɛwɔ fie nyinaa.
30 # Eks 5.21 Na Yakob ka kyerɛɛ Simeon ne Lewi sɛ: Moaha me ama me ho abɔn wɔn a wɔte asase yi soɔ, Kanaanfoɔ ne Perisifoɔ. Na me deɛ, meyɛ asafo a mesua yi, wɔbɛboaboa wɔn ano aba me so abɛku me, na wɔasɛe me ne me fie. 31Na wɔse: Ɔnyɛ yɛn nuabaa sɛ odwamamfoɔ anaa?

Currently Selected:

Gyenesis 34: ASWDC

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in