YouVersion Logo
Search Icon

Gyenesis 35

35
Onyankopɔn hyira Yakob wɔ Betel
1 # Gye 28.12-19; 31.13 Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Yakob sɛ: Sɔre kɔ Betel kɔtena hɔ, na si afɔrebukyia wɔ hɔ ma Onyankopɔn a ɔyii ne ho kyerɛɛ wo ɛda a woredwane afiri wo nua Esau anim no.
2 # Gye 31.19; Yos 24.23; 1 Sa 7.3 Ɛnna Yakob ka kyerɛɛ ne fiefoɔ ne wɔn a wɔka ne ho nyinaa sɛ: Montoto anyame ananafoɔ a ɛwɔ mo mu no ngu, na monnwira mo ho, na monsakyera mo ntadeɛ. 3#Gye 28.15, 20-22 Na momma yɛnsɔre nkɔ Betel, na menkɔsi afɔrebukyia wɔ hɔ memma Onyankopɔn a m’ahohiahia da ɔtiee me na ɔdii m’akyire wɔ kwan a mekɔeɛ no mu no. 4#Yos 24.26; Ate 9.6 Ɛnna wɔde wɔn anyame ananafoɔ a ɛwɔ wɔn nsam nyinaa ne wɔn aso mu nkaa maa Yakob, na ɔde siee dupɔn bi a ɛwɔ Sekem ho no ase. 5Na wɔsii mu sɛ wɔrekorɔ no, Nyankopɔn ho hu baa nkuro a atwa wɔn ho ahyia no so, na wɔanti Yakob mma no.
6Na Yakob ne nkurɔfoɔ a wɔka ne ho nyinaa duruu Lus a ɛwɔ Kanaan asase soɔ (a ɛne Betel). 7#Gye 12.8 Na ɔsii hɔ afɔrebukyia, na ɔfrɛɛ hɔ: El-betel,#35.7 EL-BETEL: Asekyerɛ ne: Betel Nyankopɔn. ɛfiri sɛ da a ɔredwane afiri ne nua anim no, ɛhɔ na Onyankopɔn yii ne ho kyerɛɛ no.
8 # Gye 24.59 Na Rebeka abaawa panin Debora wui, na wɔsiee no Betel aseɛ fam wɔ odum bi ase, na ɔtoo dua no din Alon-bakut.#35.8 ALON-BAKUT: Asekyerɛ ne: Osu dum.
9Na Onyankopɔn yii ne ho kyerɛɛ Yakob bio, ne ba a ɔfirii Mesopotamia baeɛ no mu, na ɔhyiraa no. 10#Gye 32.28 Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: Wo din de Yakob, nanso wɔremfrɛ wo Yakob bio, na mmom Israel ne wo din; na ɔtoo no din Israel. 11#Gye 17.1; 28.3-4; 17.6 Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: Mene Onyankopɔn Tweaduampɔn, dɔre na yɛ bebree; ɔman ne aman asafo bɛfiri wo mu aba, na ahemfo firi w’asene mu bɛba. 12Na asase a mede mama Abraham ne Isak no, wo na mede bɛma woɔ; na w’asefoɔ a wɔbɛdi w’akyire no na mede asase no bɛma wɔn. 13#Gye 17.22 Na Onyankopɔn firii ne nkyɛn wɔ deɛ ɔne no kasaeɛ hɔ kɔɔ ɔsoro. 14#Gye 28.18-19 Na Yakob de odum sii deɛ ɔne no kasaeɛ hɔ, ɔboɔ dum, na ɔhwiee ɔnom afɔdeɛ guu so, na ɔde ngo guu so. 15Na Yakob frɛɛ deɛ ɔne Onyankopɔn kasaeɛ hɔ Betel.
Rahel wuo
16Na wɔtutu firi Betel kɔe. Na aka kwan tiaa bi na wɔaduru Efrat no, awoɔ kaa Rahel, na awoɔ no denee no. 17Na n’awoɔ mu yɛɛ den no, awogyefoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: Nsuro, na yei nso wobɛwo ɔbabarima. 18Na ne kra refiri ne mu na ɔreyɛ awuo no, ɔtoo no din Ben-oni,#35.18 BEN-ONI: Asekyerɛ ne: M’amane-hunu mu ba. na n’agya deɛ, ɔfrɛɛ no Benyamin.#35.18 BENYAMIN: Asekyerɛ ne: Ahotɔ ba. 19#Mika 5.2 Na Rahel wui, na wɔsiee no ɛkwan a ɛde Efrat (a ɛne Betlehem) no nkyɛn. 20Na Yakob sii ne da so dum, ɛne Rahel da so dum de bɛsi nnɛ. 21#Mika 4.8 Na Israel tutu kɔsii ne ntomadan wɔ Eder abantenten akyiri nohoa.
22 # Gye 49.4 Na ɛbaa sɛ Israel te asase no soɔ no, Ruben ne n’agya abaawayerɛ Bilha kɔdae, na Israel tee.
Yakob mmammarima
(1 Berɛsosɛm 2.1-2)
23Nso Yakob mmammarima yɛ dummienu: Lea mma ne Ruben (Yakob abakan), Simeon, Lewi, Yuda, Isakar ne Sebulon. 24Rahel mma ne Yosef ne Benyamin. 25Na Rahel abaawa Bilha mma ne Dan ne Naftali. 26Na Lea abaawa Silpa mma ne Gad ne Aser. Yeinom ne Yakob mmammarima a wɔwoo wɔn wɔ Mesopotamia.
Isak wuo
27Na Yakob baa n’agya Isak nkyɛn wɔ Mamre, wɔ Kiriat-arba (a ɛne Hebron), deɛ Abraham ne Isak tenaeɛ sɛ ahɔhoɔ no.
28Na Isak nna nyinaa yɛ mfirinhyia ɔha aduɔwɔtwe. 29#Gye 25.8 Na Isak gyaa ne honhom mu, na ɔwui, na ɔtii ne nananom wɔ asamando, berɛ a na wabɔ akora, na nna amee no. Na ne mma Esau ne Yakob siee no.

Currently Selected:

Gyenesis 35: ASWDC

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in