YouVersion Logo
Search Icon

Gyenesis 33

33
Yakob hyia Esau
1 # Gye 32.6 Na Yakob maa n’ani so hunui, na hwɛ, Esau reba, na mmarima ahanan ka ne ho. Na ɔkyɛɛ ne mma mu maa Lea ne Rahel ne mmaawa baanu no. 2Na ɔde mmaawa no ne wɔn mma dii anim, na Lea ne ne mma dii hɔ, na Rahel ne Yosef dii akyire. 3Na ɔno ara deɛ ɔsene dii wɔn anim, na ɔbɔɔ ne mu ase kɔɔ fam mprɛnson de kɔsii sɛ ɔduruu ne nua nkyɛn. 4Na Esau tuu mmirika bɛhyiaa no yɛɛ no atuu, na ɔde ne tiri too ne kɔn ho, na ɔfee n’ano, na wɔsui. 5#Dwom 127.3 Na Esau maa n’ani so hunuu mmaa no ne wɔn mma no, ɔkaa sɛ: Hwannom ne yeinom a wɔka wo ho yi? Na Yakob buaa sɛ: Ɛyɛ mma a Onyankopɔn de adom w’akoa. 6Na mmaawa no twe pinii, wɔn ne wɔn mma, na wɔbobɔɔ wɔn mu ase. 7Na Lea nso ne ne mma twe pinii bobɔɔ wɔn mu ase, na akyire yi no Yosef ne Rahel twe pinii bobɔɔ wɔn mu ase. 8#Gye 32.13-20 Na ɔkaa sɛ: Na ɛdɔm a mehyiaa wɔn yi ase ne sɛn? Na ɔse: Sɛdeɛ ɛbɛyɛ na mɛnya me wura anim adom. 9Na Esau kaa sɛ: Deɛ mewɔ dɔɔso, me nua, ma w’adeɛ ntena hɔ mma wo. 10#2 Sa 14.17 Na Yakob kaa sɛ: Dabi da, mesrɛ wo, sɛ manya w’anim adom a, gye m’ayɛyɛdeɛ a ɛwɔ me nsam yi, na w’anim a mahunu yi te sɛdeɛ obi hunu Nyankopɔn anim, ɛfiri sɛ w’ani asɔ me. 11#1 Sa 25.27; 30.26 Mesrɛ wo, gye nhyira a wɔde abrɛ woɔ yi, ɛfiri sɛ Onyankopɔn adom me, na mewɔ ade nyinaa. Na ɔhyɛɛ no, na ɔgyee. 12Na Esau kaa sɛ: Ma yɛnsim nkɔ, na menni w’anim. 13Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Me wura nim sɛ mma a wɔyɛ mmerɛ ne nnwan ne anantwie a wɔma nufoɔ ka me ho, na sɛ wɔpia wɔn dodo da koro a, nnwankuo no nyinaa bɛwuwu. 14Enti ma me wura nsene nni n’akoa anim, na me deɛ, mɛnante brɛoo, sɛdeɛ mmoa a wɔdi m’anim ne mma no bɛtumi de akɔsi sɛ mɛduru me wura nkyɛn wɔ Seir. 15Na Esau kaa sɛ: Ma mennya wo nnipa a wɔka me ho yi bi. Na ɔse: Na wɔnyɛ dɛn? Ma mennya me wura anim adom. 16Ɛnna Esau sanee da no ara sii kwan so kɔɔ Seir.
17Na Yakob sii mu kɔɔ Sukot, na ɔsii dan maa ne ho, na ɔbobɔɔ asese maa ne mmoa. Yei nti na wɔfrɛ hɔ Sukot.#33.17 SUKOT: Asekyerɛ ne: Asese.
18Na Yakob firii Mesopotamia no, ɔnam bɛduruu Sekem kuro a ɛwɔ Kanaan asase soɔ no mu dwoodwoo, na ɔsisii ne ntomadan wɔ kuro no anim. 19#Yos 24.32 Na ɔtɔɔ asase a ɔsii ne ntomadan wɔ soɔ no wɔ Sekem agya Hamor mma nkyɛn nnwetɛbena ɔha. 20#Gye 12.7-8 Na ɔsii afɔrebukyia wɔ hɔ, na ɔtoo no: El-elohe-Israel.#33.20 EL-ELOHE-ISRAEL: Asekyerɛ ne: Onyankopɔn, Israel Nyankopɔn.

Currently Selected:

Gyenesis 33: ASWDC

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in