YouVersion Logo
Search Icon

Gyenesis 32

32
Yakob kɔhyia Esau
1 # Gye 28.12; Dwom 34.7 Na Yakob sii ne kwan so sɛ ɔrekɔ; na Nyankopɔn abɔfoɔ bɛhyiaa no. 2Na Yakob hunuu wɔn no, ɔkaa sɛ: Nyankopɔn asafo nie. Na ɔtoo hɔ din: Maha-naim.#32.2 Asekyerɛ ne Nsraban mmienu.
3 # Gye 36.8 Na Yakob tuu abɔfoɔ dii n’anim kɔɔ ne nua Esau nkyɛn Seir asase so wɔ Edom wiram. 4Na ɔhyɛɛ wɔn sɛ: Sɛdeɛ monka nkyerɛ me wura Esau ne sɛ: W’akoa Yakob se: Mekɔtenaa Laban nkyɛn na ɛhɔ na mewɔ de abɛduru sɛsɛɛ. 5Manya anantwie, mfunumu, nnwan, mmirekyie ne nkoa ne mfenaa; na masoma sɛ wɔmmɛka nkyerɛ me wura, sɛdeɛ mɛnya w’anim adom.
6Na abɔfoɔ no sane baa Yakob nkyɛn bɛkaa sɛ: Yɛakɔ wo nua Esau nkyɛn, na ɔno nso ne mmarima ahanan reba abɛhyia wo. 7Ɛnna Yakob suroo sɛ, na ne ho yeraa no. Na ɔkyɛɛ nkurɔfoɔ a wɔwɔ ne nkyɛn ne nnwan, mmirekyie, anantwie ne yoma no mu akuo mmienu 8kaa sɛ: Sɛ Esau ba kuo baako so bɛku wɔn a, ekuo a ɛbɛka no bɛnya kwan adwane.
9 # Gye 31.3, 13 Na Yakob kaa sɛ: M’agya Abraham Nyankopɔn ne m’agya Isak Nyankopɔn, AWURADE a wosee me sɛ: Sane kɔ w’asase so ne w’abusua mu, na mɛyɛ wo yie no, 10#2 Sa 7.18 w’adɔeɛ ne wo nokorɛ a wode akyerɛ w’akoa yi mu biara nsɛ me, ɛfiri sɛ mede me poma na metwaa Yordan yi, na afei mayɛ akuo mmienu. 11Mesrɛ wo, yi me firi me nua Esau nsam, ɛfiri sɛ mesuro no sɛ ɔbɛba abɛku me, ne ɛnanom ne wɔn mma nyinaa. 12#Gye 28.13-14 Wo na wokaa sɛ: Yie na mɛyɛ woɔ, na mɛma w’asefoɔ ayɛ sɛ mpoano anwea a dodoɔ nti wɔntumi nkan.
13Na ɔtenaa hɔ anadwo no; na ɔyii deɛ ɛwɔ ne nsa mu bi sɛ ɔde rekɔkyɛ ne nua Esau, 14mmirekyibereɛ ahanu, mpapo aduonu, nnwammereɛ ahanu, adwennini aduonu, 15yoma a wɔma nufoɔ ne wɔn mma aduasa, anantwibereɛ aduanan, anantwinini du, mfunumubereɛ aduonu ne mfunumu anini du. 16Na ɔde hyɛɛ ne nkoa nsa akuakuo, na ɔka kyerɛɛ ne nkoa no sɛ: Monsene nni m’anim, na momma kuo ne kuo ntam ntwe. 17Na ɔhyɛɛ deɛ ɔdi kan no sɛ: Sɛ me nua Esau bɛhyia wo, na ɔbisa wo sɛ: Hwan nipa ne wo, na ɛhe na worekorɔ, na yeinom a ɛdi w’anim yi yɛ hwan dea? 18Ka kyerɛ no sɛ: W’akoa Yakob dea; ɛyɛ ayɛyɛdeɛ a wasoma de rebrɛ me wura Esau; na hwɛ, ɔno nso wɔ yɛn akyi. 19Na ɔhyɛɛ deɛ ɔtɔ so mmienu ne deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa ne wɔn a wɔdi mmoakuo no akyire nyinaa nso sɛ: Sɛ mokɔhunu Esau a, monka asɛm korɔ yi ara nkyerɛ no. 20Na monka nsi so sɛ: Hwɛ, w’akoa Yakob wɔ yɛn akyi. Afei ɔkaa sɛ: Mede ayɛyɛdeɛ a ɛdi m’anim yi merekɔpata no, ansa na mahunu n’anim; ebia ɔbɛhwɛ m’anim.
21Na ayɛyɛdeɛ no sene dii n’anim; na ɔno deɛ, ɔtenaa nsraban no mu anadwo no.
Yakob ne ɔbɔfoɔ bi tentam
22Na anadwo no ɔsɔree, na ɔfaa ne yerenom baanu ne ne mmaawa baanu no ne ne mma dubaako no de wɔn kɔtwaa Yabok asutwareeɛ. 23Na ɔde wɔn twaa asubɔnten no, na ɔmaa deɛ ɔwɔ nyinaa twaee. 24#Hos 12.3-4 Na ɛkaa Yakob nko ara. Na ɔbarima bi ne no bɛtentamee kɔduruu adekyeeɛ. 25Na ɔbarima no hunuu sɛ ɔntumi no no, ɔkaa n’asene tokuro mu, na Yakob dwonku hwanee tentam a ɔne no tentameeɛ no mu. 26#Mat 15.22-28 Na ɔbarima no kaa sɛ: Ma menkɔ, na adeɛ rekye. Na Yakob buaa sɛ: Meremma wonkɔ gye sɛ wohyira me. 27Na ɔbarima no bisaa no sɛ: Wo din de sɛn? Na ɔbuaa sɛ: Yakob. 28#Gye 35.10 Na ɔkaa sɛ: Wɔremfrɛ wo din Yakob bio, na wɔbɛfrɛ no Israel,#32.28 ISRAEL: Asekyerɛ ne: Deɛ ɔne Nyankopɔn tentam. ɛfiri sɛ wo ne Onyankopɔn ne nnipa ako, na woatumi. 29#Ate 13.17-18 Na Yakob bisaa no sɛ: Mesrɛ wo, kyerɛ me wo din. Na ɔse: Adɛn nti na worebisa me din? Na ɔbarima no hyiraa no wɔ hɔ. 30#Eks 33.20 Na Yakob too ɛhɔ din Peni-el,#32.30 PENI-EL: Asekyerɛ ne: Nyankopɔn anim. ɛfiri sɛ ɔse: Me ne Onyankopɔn adi nhunuanimu, nso me kra anya nkwa.
31Na ɔtwaa mu wɔ Peniel berɛ a na owia apue no, na ɔtɔ gu so ne dwonku a ahwan no nti. 32Enti Israelfoɔ nni ntini a ɛwɔ asene mu akwaa tokuro mu no de bɛduru nnɛ, ɛfiri sɛ ɔkaa Yakob dwonkuo tokuro mu, n’asene mu ntini no so.

Currently Selected:

Gyenesis 32: ASWDC

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in