YouVersion Logo
Search Icon

Gyenesis 31

31
Yakob dwane firi Laban nkyɛn
1 # Gye 30.35 Na ɔtee Laban mmammarima nsɛm a wɔkaeɛ no sɛ: Yakob afa deɛ ɛyɛ yɛn agya deɛ nyinaa; na ɛno na ɔde anya saa agyapadeɛ yi nyinaa. 2Na Yakob hunuu Laban anim, na hwɛ, ɛnte no sɛdeɛ na ɛteɛ kane no. 3#Gye 28.15 Na AWURADE ka kyerɛɛ Yakob sɛ: Sane kɔ wo nananom asase so ne w’abusua mu, na mɛdi w’akyi. 4Na Yakob soma maa wɔkɔfrɛɛ Rahel ne Lea baa wiram wɔ ne nnwan no nkyɛn, 5#Gye 26.24 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mehunu mo agya anim sɛ ɛnte me sɛdeɛ na ɛteɛ kane no; nanso m’agya Nyankopɔn adi m’akyi. 6Na mo ara monim sɛ m’ahoɔden nyinaa na mede masom mo agya, 7na mo agya asisi me, adane m’akatua ani mprɛdu; nanso Onyankopɔn amma no kwan amma no anyɛ me bɔne biara. 8#Gye 30.32, 39 Sɛ ɔka sɛ: Wɔn a wɔn ho yɛ ntokontrama no nyɛ w’akatua a, na nnwan no nyinaa awowo ntokontrama. Na sɛ ɔka sɛ: Wɔn a wɔn ho yɛ nsensannsensan no nyɛ w’akatua a, na nnwan no nyinaa awowo nsensannsensan. 9Na Onyankopɔn agye mo agya mmoakuo ama me. 10Na berɛ a mmoa no refoforo wɔn ho na wɔanyinsɛn no, memaa m’ani so na mehunui wɔ daeɛ mu, na hwɛ, mpapo a na wɔforo mmirekyie no, wɔn ho yɛ nsensannsensan ne ntokontrama ne nworonnworan. 11Na Nyankopɔn bɔfoɔ ka kyerɛɛ me daeɛ mu sɛ: Yakob! Na mese: Menie. 12Na ɔse: Ma w’ani so hwɛ, adwennini no a wɔreforo nnwan no nyinaa yɛ nsensannsensan ne ntokontrama ne nworonnworan: Ɛfiri sɛ mahunu deɛ Laban ayɛ woɔ nyinaa. 13#Gye 28.18-22 Mene Nyankopɔn a wohyiaa no Betel faako a wosraa ɛhɔ dum na wohyɛɛ bɔ maa me no; afei sɔre firi asase yi so, na sane kɔ w’abusua asase so. 14Na Rahel ne Lea bua see no sɛ: Yɛda so wɔ kyɛfa anaasɛ agyapadeɛ bi wɔ yɛn agya fie anaa? 15#Gye 29.18, 27 Ɔmmu yɛn ahɔhoɔ anaa? Ɛsiane sɛ watɔn yɛn, na wadi yɛn tiri sika awie, 16na ahonyadeɛ a Onyankopɔn gyee yɛn agya nsam no yɛ yɛn ne yɛn mma dea. Enti afei yɛ deɛ Onyankopɔn aka akyerɛ woɔ nyinaa.
Yakob dwane firi Laban anim
17Na Yakob sɔre faa ne mma ne ne yerenom tenatenaa yoma so, 18na ɔfaa ne mmoakuo nyinaa ne n’ahodeɛ a ɔnyaeɛ nyinaa ne mmoakuo a ɔnyaeɛ wɔ Mesopotamia no nyinaa sii mu sɛ ɔrekɔ n’agya Isak nkyɛn wɔ Kanaan asase so.
19Na Laban kɔ rekɔtwitwa ne nnwan ho nwi. Na Rahel wiaa n’agya abusua honi. 20Na Yakob wiaa ne ho dwanee, ɛfiri sɛ wankra Aramni Laban. 21Na ɔne deɛ ɔwɔ nyinaa dwanee, na ɔsɔre twaa asubɔnten no, na ɔde n’ani kyerɛɛ Gilead bepɔ.
Laban ti Yakob
22Na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, wɔkɔka kyerɛɛ Laban sɛ Yakob adwane. 23#Gye 31.47 Na Laban faa ne nkurɔfoɔ kaa ne ho tii no nnanson kwan, na ɔbɛtoo no Gilead bepɔ so. 24#Gye 20.3; Mmb 16.7 Na Onyankopɔn baa Aramni Laban nkyɛn anadwo daeɛ mu sɛ: Hwɛ yie, na woankasa papa anaa bɔne so ankyerɛ Yakob. 25Na Laban kɔtoo Yakob. Na Yakob asi ne ntomadan wɔ bepɔ no so, na Laban ne ne nkurɔfoɔ nso sii wɔn deɛ Gilead bepɔ so.
26Na Laban bisaa Yakob sɛ: Ɛdeɛn na woayɛ yi, sɛ woawia wo ho adwane me, na woasoa me mmammaa kɔ sɛ wɔn a wɔde nkrantɛ afa wɔn nnommum yi? 27Adɛn nti na woahunta adwane, na woawia wo ho afiri me nkyɛn? Adɛn na woanka ankyerɛ me, na mamfa anigyeɛ ne nnwom, mpintin ne nsankuo mannya wo kwan? 28Adɛn nti na woamma mamfe me mmammarima ne me mmammaa ano anya wɔn kwan? Yei deɛ, woadi no nkwasea so. 29Mewɔ tumi sɛ anka me ne mo di no bɔne; nanso nnora anadwo no, mo agya ne Nyankopɔn kasa kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ yie, na woankasa papa anaa bɔne so ankyerɛ Yakob. 30Na afei deɛ korɔ ara na wopɛ sɛ wokorɔ, ɛfiri sɛ gyina na w’ani agyina w’agya fie; na adɛn nti na woawia m’anyame? 31Na Yakob bua see Laban sɛ: Na mesuro, ɛfiri sɛ mesusuu sɛ wobɛgye wo mmammaa afiri me nsam. 32#Gye 31.19 Na deɛ wobɛhunu w’anyame wɔ ne nsa mu no rentena ase. Yɛn nkurɔfoɔ yi anim na hwehwɛ deɛ ɛyɛ wo dea wɔ me nkyɛn, na fa kɔ. Na Yakob nnim sɛ Rahel na ɔwiaeɛ. 33Na Laban kɔɔ Yakob ntomadan mu ne Lea ntomadan ne mfenaa baanu no ntomadan mu, nanso wanhunu. Na ɔfiri Lea ntomadan mu kɔɔ Rahel ntomadan mu.
34Na Rahel afa abusua honi no de ahyehyɛ yoma so adwa mu atena so. Na Laban de ne nsa kekaa ntomadan mu hɔ nyinaa, nanso wanhunu. 35Na ɔka kyerɛɛ n’agya sɛ: Mma no nnyɛ me wura abufuo sɛ mentumi mensɔre wɔ w’anim, ɛfiri sɛ mabu me nsa. Na ɔpɛe pɛe pɛe, nanso wanhunu ahoni no.
36Na Yakob bo fui, na ɔne Laban hamee, na Yakob ka kyerɛɛ Laban sɛ: Me mfomsoɔ ne sɛn, na me bɔne ne sɛn na wosa me yerɛdɛdɛdɛdɛ yi? 37Na wobɛhwehwɛɛ me nnoɔma mu nyinaa yi, wo fie mu adeɛ bɛn na woahunu wɔ mu? Saa! Fa bɛto me nkurɔfoɔ ne wo nkurɔfoɔ anim wɔ ha, na wɔmmu yɛn baanu ntam atɛn. 38Mfirinhyia aduonu ni a metenaa wo nkyɛn, wo nnwammereɛ ne wo mmirekyie ampɔn, na wo nnwan mu adwennini nso, manni bi. 39#Eks 22.1a-13 Wɔn a mmoa kumm wɔn no mamfa mammrɛ wo, me na metuaa so ka. Deɛ wɔwiaa no awia ne deɛ wɔwiaa no anadwo, me nsa mu na wobisaeɛ. 40Sɛ ɛyɛɛ me nie: Ahuhuro dee me awia, na awɔ dee me anadwo, na m’ani soroe. 41#Gye 29.20, 30; 30.31-32 Saa na medii wo fie mfirinhyia aduonu. Wo mmammaa baanu ho mesom wo mfeɛ dunan, ne wo mmoakuo ho nso mfeɛ nsia, na wodanee m’akatua ani mprɛdu. 42#Gye 31.54; 31.24 Sɛ m’agya Nyankopɔn, Abraham Nyankopɔn, ne Isak suro annyina m’akyiri a, anka afei wogyaa me kwan nsapan. Me brɛ ne me nsa ano adwumayɛ na Onyankopɔn hunuiɛ, na ɔkaa w’anim nnora anadwo. 43Na Laban bua see Yakob sɛ: Mma mmaa yi, me mma a, na mmammarima yi, me mma a, na nnwan yi, me nnwan a, na deɛ wohunu yi nyinaa, me dea. Na me mmammaa yi, anaasɛ wɔn mma a wɔawo wɔn yi, ɛdeɛn na mɛtumi de ayɛ wɔn nnɛ?
44Afei bra ma yɛmpam, me ne wo, na ɛnyɛ me ne wo ntam adanseɛ. 45#Gye 28.22 Na Yakob faa ɔboɔ de yɛɛ odum sii hɔ. 46Na Yakob ka kyerɛɛ ne nkurɔfoɔ sɛ: Mommoaboa aboɔ ano! Na wɔtasee aboɔ yɛɛ no kuo; na wɔdidii wɔ ekuo no so hɔ. 47Na Laban frɛɛ hɔ Yegarsahaduta,#31.47 YEGARSAHADUTA: Asekyerɛ wɔ Aramaik mu ne: Adanseɛ kuo. na Yakob deɛ, ɔfrɛɛ hɔ Galeed.#31.47 GALEED: Asekyerɛ wɔ Hebri mu ne: Adanseɛ kuo. 48#Yos 22.27; 24.27 Na Laban kaa sɛ: Ekuo yi ne me ne wo ntam adanseɛ nnɛ. Enti wɔfrɛ hɔ Galeed, 49ne Mispa,#31.49 MISPA: Asekyerɛ ne: Ahwɛeɛ. ɛfiri sɛ ɔse: Sɛ yɛtete mu a, AWURADE nhwɛ me ne wo ntam. 50Sɛ woteetee me mmammaa, na woware yerenom ka me mma ho a, obi nka yɛn ho deɛ, nanso Onyankopɔn ne me ne wo ntam danseni. 51Na Laban ka kyerɛɛ Yakob sɛ: Hwɛ kuo yi, na hwɛ odum a mama so asi me ne wo ntam yi. 52Aboɔkuo yi ne adanseɛ, na odum yi nso yɛ adanseɛ, sɛ me deɛ, merensiane ekuo yi ho memma wo nkyɛn, na wo nso, worensiane ekuo yi ne odum yi ho mma me nkyɛn mmɛyɛ bɔne. 53#Gye 16.5; 31.42 Abraham Nyankopɔn ne Nahor Nyankopɔn, ne wɔn agya Nyankopɔn mmu yɛn ntam atɛn. Na Yakob kaa n’agya suro ho ntam. 54Na Yakob bɔɔ afɔdeɛ wɔ bepɔ no so, na ɔfrɛɛ ne nkurɔfoɔ sɛ wɔmmɛdidi; na wɔdidii na wɔtenaa bepɔ no so anadwo no.
55Na Laban sɔree anɔpatutu, na ɔfee ne nananom ne ne mmammaa no ano hyiraa wɔn, na ɔsii mu sane kɔɔ ne kurom.

Currently Selected:

Gyenesis 31: ASWDC

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in