YouVersion Logo
Search Icon

Gyenesis 22

22
Onyankopɔn hyɛ Abraham sɛ ɔmfa Isak mmɔ afɔreɛ
1 # Heb 11.17; Yak 1.12 Na nsɛm yi akyiri no, Onyankopɔn sɔɔ Abraham hwɛe, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Abraham! Na ɔse: Menie. 2#2 Be 3.1 Na ɔkaa sɛ: Fa wo ba, wo ba korɔ a wodɔ no, Isak, kɔ Moria asase so, na fa no kɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ hɔ, wɔ mmepɔ no mu baako a mɛkyerɛ woɔ so.
3Na Abraham sɔree anɔpatutu, na ɔhyehyɛɛ n’afunumu, na ɔfaa n’asomfoɔ mu baanu ne ne ba Isak kaa ne ho, na ɔtwaa ɔhyeɛ afɔdeɛ nnyina, na ɔsii mu kɔɔ faako a Onyankopɔn kyerɛɛ no no. 4Na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, Abraham maa n’ani so, na ɔhunuu beaeɛ hɔ wɔ akyirikyiri. 5Na Abraham ka kyerɛɛ ne somfoɔ no sɛ: Mo ne afunumu yi ntena ha; na me ne abarimaa yi bɛkɔ nohoa akɔsɔre, na yɛasane aba mo nkyɛn. 6Na Abraham faa ɔhyeɛ afɔdeɛ nnyina no de soaa ne ba Isak, na ɔfaa ogya ne sekan kurae, na wɔn baanu kɔe. 7Na Isak ka kyerɛɛ n’agya Abraham sɛ: M’agya! Na ɔse: Menie, me ba. Na ɔse: Hwɛ, ogya ne nnyina nie, na adwammaa a wɔde rekɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no wɔ he? 8Na Abraham se: Me ba, Onyankopɔn ankasa bɛkyerɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ adwammaa no. Na wɔn baanu kɔe. 9Na wɔkɔduruu deɛ Onyankopɔn kyerɛɛ no hɔ, na Abraham sii afɔrebukyia wɔ hɔ, na ɔsiesiee nnyina no, na ɔkyekyeree ne ba Isak, na ɔde no too afɔrebukyia no so wɔ nnyina no so. 10#Yak 2.21 Afei Abraham tenee ne nsa faa sekan no sɛ ɔde rebɛkum ne ba no.
11Na AWURADE bɔfoɔ firi soro frɛɛ no sɛ: Abraham, Abraham! Na ɔse: Menie. 12#Yer 7.31; Rom 8.32 Na ɔse: Mfa wo nsa nka abarimaa no, nso nyɛ no hwee. Afei na mahunu sɛ wosuro Onyankopɔn, na woankame me wo ba korɔ no.
13Na Abraham maa n’ani so, na ɔhunuu odwennini a dɔtɔ asɔ ne mmɛn mu wɔ n’akyi. Na Abraham kɔfaa odwennini no de no sii ne ba no ananmu bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ.
14Na Abraham too bea hɔ din sɛ: Yahwe-yir’e.#22.14 YAHWE-YIR’E: Asekyerɛ ne: AWURADE bɛhwɛ. Enti wɔka no nnɛ ara sɛ: AWURADE bepɔ so na wɔbɛhwɛ.
15Na AWURADE bɔfoɔ firi soro frɛɛ Abraham bio sɛ: 16#Heb 6.13 Sɛ AWURADE seɛ nie: Ɛsiane sɛ woayɛ saa asɛm yi, na woankame me wo ba korɔ no nti, maka me ho ntam sɛ: 17#Gye 13.16; 15.5; Heb 11.12; Gye 24.60 Hyira na mɛhyira woɔ, na dɔ na mɛma w’asefoɔ adɔre sɛ ɔsoro nsoromma ne mpoano anwea. Na w’asefoɔ bɛfa wɔn atamfoɔ nkuro ano apono adi so. 18#Gye 12.3; Gal 3.16 Na w’asefoɔ mu na wɔbɛhyira asase so amanaman nyinaa, ɛfiri sɛ woatie me nne. 19Ɛnna Abraham sane baa ne mmeranteɛ no nkyɛn, na wɔsɔre sii mu baa Beer-seba. Na Abraham tenaa Beer-seba.
Nahor asefoɔ
20 # Gye 11.29 Na nsɛm yi akyiri no, wɔka kyerɛɛ Abraham sɛ: Hwɛ, Milka nso awo mma ama wo nua Nahor: 21N’abakan Us ne ne nua Bus ne Kemuel a ɔyɛ Aram agya, 22ne Kesed ne Haso ne Pildas ne Yidlaf ne Betuel. 23#Gye 24.15 Na Betuel woo Rebeka. Nnipa baawɔtwe yi na Milka wo maa Abraham nua Nahor. 24Na ne mpena baako bi a wɔfrɛ no Rehuma nso woo Teba, Gaham, Tahas ne Maaka.

Currently Selected:

Gyenesis 22: ASWDC

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in