YouVersion Logo
Search Icon

Gyenesis 21

21
Isak awoɔ
1 # Gye 18.10 Na AWURADE bɛhwɛɛ Sara sɛdeɛ ɔkaeɛ no, na ɔyɛɛ Sara sɛdeɛ ɔhyɛɛ no bɔ no. 2#Heb 11.11 Na Sara nyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabarima maa Abraham wɔ ne nkɔkoraaberɛ mu, berɛ a Onyankopɔn kaa ne ho asɛm no mu. 3#Gye 17.19 Abraham too ɔba a Sara wo maa no no din Isak.
4 # Gye 17.11-12 Na Abraham ba Isak dii nnawɔtwe no, ɔtwaa no twetia sɛdeɛ Onyankopɔn hyɛɛ no no. 5#Gye 17.17; Rom 4.19 Na Abraham adi mfirinhyia ɔha berɛ a wɔwoo ne ba Isak maa no no.
6 # Gye 18.12 Na Sara kaa sɛ: Onyankopɔn ama me sereɛ, obiara a ɔbɛteɛ no bɛsere ama me. 7Na ɔse: Hwan na anka ɔbɛka akyerɛ Abraham sɛ Sara bɛma mma nufoɔ? Nanso hwɛ, mawo ba ama no ne nkɔkoraaberɛ mu. 8Na abɔfra no nyinii, na wɔtwaa no nufoɔ. Na da a wɔtwaa Isak nufoɔ no, Abraham too pono kɛseɛ.
Wɔpamo Hagar ne Ismael
9Na Sara hunuu Misraimni Hagar ba a ɔwo maa Abraham no sɛ ɔredi fɛw. 10#Gal 4.30 Na ɔka kyerɛɛ Abraham sɛ: Pamo afenaa yi ne ne ba no, na ɛnyɛ afenaa yi ba ne me ba Isak na ɛbɛdi adeɛ. 11Na ne ba no nti, asɛm no yɛɛ Abraham ya yie. 12#Rom 9.7-8; Heb 11.18 Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham sɛ: Mma abɔfra no ne w’afenaa asɛm no nnyɛ wo ya, na deɛ Sara ka kyerɛɛ woɔ nyinaa, tie, na Isak mu na wɔbɛfrɛ w’asefoɔ. 13#Gye 17.20 Na afenaa ba no nso, mɛyɛ no ɔman kɛseɛ, ɛfiri sɛ ɔyɛ w’aseni. 14Na Abraham sɔree anɔpatutu faa aduane ne nsuo kotokuo, na ɔde maa Hagar, ɔde sii ne kɔn ho, na ɔmaa no ne abɔfra no kɔe. Na ɔkɔe kɔkyinkyinii Beer-seba#21.14 BEER-SEBA: Asekyerɛ ne: Abura nson anaasɛ Ntanka abura. serɛ so.
15Na nsuo no saa wɔ kotokuo no mu no, ɔgyaa abɔfra no too dɔtɔ bi ase. 16Ɛnna ɔkɔ kɔtenaa akyiri bɛyɛ sɛ deɛ wɔto bɛmma a ɛbɛtɔ, na ɔse: Mma mennhunu abɔfra yi wuo! Na ɔtenaa ne ntentensoɔ, na ɔmaa ne nne so sui.
17Na Onyankopɔn tee abarimaa no nne, na Nyankopɔn bɔfoɔ firi soro frɛɛ Hagar bisaa no sɛ: Hagar, ɛdeɛn na ɛreyɛ woɔ? Nsuro, na Onyankopɔn ate abarimaa no nne wɔ deɛ ɔwɔ hɔ. 18Sɔre ma abarimaa no so, na fa wo nsa sɔ ne mu; na mɛyɛ no ɔman kɛseɛ. 19Na Onyankopɔn buee n’ani, na ɔhunuu subura bi, na ɔkɔ kɔsaa bi hyɛɛ nsuo kotokuo no ma, na ɔde bi maa abarimaa no nomee. 20Na Onyankopɔn dii abarimaa no akyi, na ɔnyinii, na ɔtenaa ɛserɛ so hɔ yɛɛ agyantoni. 21#Gye 16.3 Na ɔtenaa Paran serɛ so; na ne na kɔwaree yerɛ firi Misraim asase so brɛɛ no.
Abimelek ne Abraham apam
22 # Gye 26.26 Na berɛ no mu no, Abimelek ne ne safohene Pikol bɛka kyerɛɛ Abraham sɛ: Onyankopɔn di w’akyi wɔ biribiara a woyɛ mu. 23#Gye 20.15 Enti afei ka Onyankopɔn ntam kyerɛ me sɛ worentwa me ne me mma ne me mmanana nkontompo, na sɛ adɔeɛ a meyɛɛ woɔ no teɛ no, wode bi bɛyɛ me ne m’asase a woabɛyɛ hɔhoɔ wɔ soɔ yi. 24Na Abraham kaa sɛ: Mɛka ntam no. 25#Gye 26.15, 18 Na asubura bi a Abimelek nkoa nam aniɛden so gyeeɛ no nti, Abraham kaa Abimelek anim. 26Na Abimelek kaa sɛ: Mennim deɛ ɔyɛɛ saa adeɛ yi, na wo nso, woanka ankyerɛ me, nanso mentee da, gye nnɛ. 27Na Abraham de nnwan ne anantwie maa Abimelek, na wɔn baanu pamee. 28Na Abraham yii nnwanten mma abereɛ nson gyinaa fa. 29Na Abimelek bisaa Abraham sɛ: Nnwanten mma abereɛ nson a woyii wɔn gyinaa fa yi aseɛ ne sɛn? 30Na ɔkaa sɛ: Nnwanten mma abereɛ nson yi, gye wɔ me nsam, na ɛnyɛ me adanseɛ sɛ me na metuu abura yi. 31#Gye 26.33 Enti ɔfrɛɛ hɔ Beer-seba, ɛfiri sɛ ɛhɔ na wɔn baanu nyinaa kekaa ntam. 32Na wɔpamee wɔ Beer-seba; na Abimelek ne ne safohene Pikol sɔree, na wɔsane kɔɔ Filistifoɔ asase so. 33#Gye 12.8; Yes 40.28; Rom 16.26 Na Abraham duaa ɛsɛnteɛ dua wɔ Beer-seba, na ɔsɔree AWURADE a ɔyɛ daa Nyankopɔn no wɔ hɔ. 34Na Abraham yɛɛ ɔhɔhoɔ Filistifoɔ asase so nna pii.

Currently Selected:

Gyenesis 21: ASWDC

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in