YouVersion Logo
Search Icon

Gyenesis 23

23
Sara wuo ne ne sie
1Na Sara nkwa nna a ɔdiiɛ nyinaa yɛ mfirinhyia ɔha aduonu nson. 2Na Sara wuu wɔ Kiriat-arba, (ɛne Hebron) a ɛwɔ Kanaan asase soɔ no. Na Abraham ba bɛsuu Sara abia; ɔsuu no.
3Na Abraham sɔre firii n’amu no anim, na ɔne Het mma kɔkasaa sɛ: 4#Gye 17.8 Meyɛ mo nkyɛn hɔhoɔ ne mamfrani, momma me amusiebea wɔ mo nkyɛn, na mensie m’amu yi ma no mfiri m’ani so. 5Na Het mma no buaa Abraham see no sɛ: 6Owura, tie yɛn! Okunini bi ne wo wɔ yɛn mu. Yɛn ada mu deɛ wopɛ no, sie w’amu no wɔ mu. Yɛn mu biara renkame wo ne da, sɛ nsie w’amu wɔ mu. 7Na Abraham sɔre gyinae, na ɔbɔɔ ne mu ase maa asase no so nkurɔfoɔ, Het mma no, 8na ɔne wɔn kasaa sɛ: Sɛ ɛyɛ mo pɛ sɛ mesie m’amu yi ma no firi m’ani so a, montie me, na monsrɛ Efron, Sohar ba, mma me, 9na ɔmfa Makpela bodan a ɛyɛ ne deɛ, na ɛwɔ n’afuo ano no mma me; ɔnnye me n’abotene na ɔmfa mma me, na mennya asieeɛ wɔ mo ha. 10Na Efron te Het mma no mu. Na Hetini Efron buaa Abraham maa Het mma no tee wɔ wɔn a wɔhyɛne ne kuro pono mu no nyinaa anim sɛ: 11Dabi, me wura, tie me: Mede afuo no mema wo, na ɔbodan a ɛwɔ mu no nso mede mema wo. Me man mma anim na mede ma woɔ yi, sie w’amu. 12Na Abraham bɔɔ ne mu ase wɔ asase no so nkurɔfoɔ no anim, 13na ɔkasa kyerɛɛ Efron maa asase no so nkurɔfoɔ no tee sɛ: Sɛ wotie me a, mede afuo no tiri dwetɛ bɛma wo; gye no me nsam, na mensie m’amu wɔ hɔ. 14Na Efron buaa Abraham see no sɛ: 15Me wura, tie, nnwetɛbena ahanan asase yɛ deɛn wɔ me ne wo ntam? W’amu ara na sie. 16Na Abraham tiee Efron, na Abraham karii dwetɛ a Efron bɔɔ din maa Het mma teeɛ no maa no, nnwetɛbena ahanan a adwadifoɔ die no. 17Na wɔde Efron afuo a ɛwɔ Makpela a ɛda Mamre ntentensoɔ no, afuo no ne ɔbodan a ɛwɔ mu no ne afuo no so nnua nyinaa, deɛ ɛwɔ n’ahyeɛ nyinaa soɔ, 18hyɛɛ Abraham nsa wɔ Het mma no anim, wɔn a wɔhyɛne ne kuro pono mu no nyinaa anim.
19Na ɛno akyiri no, Abraham siee ne yere Sara wɔ Makpela afuo mu ɔbodan mu, wɔ Mamre ntentensoɔ, (a ɛne Hebron) a ɛwɔ Kanaan asase soɔ no. 20#Gye 25.9-10; 47.30; 49.29-30; 50.13 Na Het mma de afuo no ne ɔbodan a ɛwɔ mu no hyɛɛ Abraham nsa sɛ amusiebea.

Currently Selected:

Gyenesis 23: ASWDC

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in