YouVersion Logo
Search Icon

Gyenesis 17

17
Apam no ho nsɛnkyerɛnneɛ
1 # Gye 35.11; Eks 6.3; Gye 48.15 Na Abram dii mfirinhyia aduɔkron nkron no, AWURADE yii ne ho kyerɛɛ no kaa sɛ: Mene Onyankopɔn Tweaduampɔn, nante m’anim, na yɛ pɛ. 2Na mɛma m’apam ada me ne wo ntam, na mama woadɔ kɛse no ara. 3Na Abram daa hɔ de n’anim butuu fam; na Onyankopɔn ne no kasaa sɛ: 4Me deɛ, hwɛ, m’apam da hɔ ma wo, na mɛyɛ wo aman pii agya.
5 # Rom 4.11, 17 Na wɔremfrɛ wo din Abram#17.5 ABRAM: Asekyerɛ ne: Agya a wɔama no soɔ. bio, na mmom wɔbɛfrɛ wo Abraham,#17.5 ABRAHAM: Asekyerɛ ne: Nipakuo agya. ɛfiri sɛ mayɛ wo aman pii agya. 6Na mɛma woadɔ pii pa ara, na mɛyɛ wo aman, na ahemfo afiri wo mu. 7Na mɛma me ne wo ne w’asefoɔ a ɛbɛdi w’akyire no apam agyina wɔ wɔn awoɔ ntoatoasoɔ mu, na ayɛ daa apam, na mayɛ wo ne w’asefoɔ a ɛbɛdi w’akyire no Nyankopɔn. 8#Gye 23.4; 35.27; Heb 11.9-16 Na mede asase a woyɛ so hɔhoɔ yi, Kanaan asase nyinaa, bɛma wo ne w’asefoɔ a ɛbɛdi w’akyire, sɛ daa agyapadeɛ, na mayɛ wɔn Nyankopɔn.
9Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham sɛ: Wo deɛ, di m’apam so, wo ne w’asefoɔ a ɛbɛdi w’akyi wɔn awoɔ ntoatoasoɔ mu. 10#Lew 12.3; Aso 7.8 Yei ne me ne w’asefoɔ a ɛbɛdi w’akyire no ntam apam a monni soɔ: Wɔntwitwa mo mu mmarima nyinaa twetia. 11Na montwitwa mo ho twetia, na ayɛ me ne mo ntam apam no ho nsɛnkyerɛnneɛ. 12Na ɔbabarima biara a wadi nna nwɔtwe no, montwa no twetia mo awoɔ ntoatoasoɔ mu, deɛ wɔawo no fie ne deɛ wɔde sika tɔɔ no wɔ ɔhɔhoɔ biara a ɔnyɛ w’aseni nkyɛn. 13Twa deɛ wɔawo no wɔ wo fie ne deɛ wɔde wo sika tɔɔ no twetia, na m’apam atena mo honam mu sɛ daa apam. 14Na ɔbarima momonoto biara a wɔntwaa no twetia no, saa onipa no wɔbɛtwa no afiri ne man mu, ɛfiri sɛ wato m’apam.
15Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham sɛ: Wo yere Sarai deɛ, mfrɛ no Sarai bio, na mmom Sara.#17.15 SARA: Asekyerɛ ne: Ɔhene babaa. Saa nkyerɛaseɛ yi ara na wɔde ma edin Sarai. 16Na mɛhyira no, na mama wo ne mu ɔba nso, ampa ara, mɛhyira no. Ɔbɛyɛ aman, na aman ahemfo bɛfiri ne mu.
17 # Gye 18.12; 21.6; Luk 1.18 Na Abraham de n’anim butuu fam seree, na ɔkaa no n’akomam sɛ: Yee! Wɔbɛwo ɔba ama deɛ wadi mfirinhyia ɔha, na Sara a wadi mfeɛ aduɔkron no bɛwo anaa? 18Na Abraham ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: O, ɛnneɛ anka ma Ismael nya w’anim adom ɛ! 19#Gye 26.3 Na Onyankopɔn kaa sɛ: Ampaneampa, wo yere Sara bɛwo ɔba ama wo, na woato ne din Isak.#17.19 ISAK: Asekyerɛ ne: Sereɛ. Na mɛma me ne no apam no agyina ayɛ daa apam ama n’asefoɔ a ɛbɛdi n’akyire no. 20#Gye 16.10; 21.13, 18; 25.16 Na Ismael ho deɛ, matie wo. Hwɛ, mɛhyira no, na mama no awo, na wadɔɔso pii pa ara. Atitire dummienu na ɔbɛwoɔ, na mayɛ no ɔman kɛseɛ. 21Na m’apam deɛ, me ne Isak a Sara bɛwo no ama wo afeda sɛsɛɛ no na ɛbɛpam ama no agyina. 22#Gye 35.13 Na ɔne no wiee kasa no, Onyankopɔn firii Abraham nkyɛn kɔɔ ɔsoro.
23Na Abraham faa ne ba Ismael ne wɔn a wɔawo wɔn wɔ ne fie ne wɔn a ɔde ne sika tɔɔ wɔn nyinaa, Abraham fiefoɔ mu mmarima nyinaa, na ɔtwitwaa wɔn twetia da no ara, sɛdeɛ Onyankopɔn ka kyerɛɛ no no. 24Na Abraham adi mfirinhyia aduɔkron nkron na wɔtwaa no twetia. 25Na ne ba Ismael adi mfeɛ dummiɛnsa na wɔtwaa no twetia. 26Da no ara na wɔtwitwaa Abraham ne ne ba Ismael twetia. 27Na ne fie mmarima nyinaa, wɔn a wɔwoo wɔn ne fie ne wɔn a wɔde sika totɔɔ wɔn wɔ ahɔhoɔ nkyɛn, wɔtwitwaa wɔn twetia kaa ne ho.

Currently Selected:

Gyenesis 17: ASWDC

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in