YouVersion Logo
Search Icon

Gyenesis 16

16
Hagar ne Ismael
1Na Abram yere Sarai nwo mma no. Na ɔwɔ afenaa bi a ɔyɛ Misraimni a ne din de Hagar. 2#Gye 30.3, 9; 1 Ko 7.2 Na Sarai ka kyerɛɛ Abram sɛ: Hwɛ, AWURADE asi m’awoɔ ho kwan, enti kɔ m’afenaa nkyɛn, ebia mɛnya ne ho mma. Na Abram tiee Sarai. 3Na Abram tenaa Kanaan asase so mfirinhyia du no, ne yere Sarai faa n’afenaa Hagar a ɔyɛ Misraimni no de no maa ne kunu awareɛ.
4Na ɔkɔɔ Hagar ho, na ɔnyinsɛnee. Na ɔhunuu sɛ wanyinsɛn no, ɔbuu n’awuraa animtia. 5Na Sarai ka kyerɛɛ Abram sɛ: Asɛmmɔne a wadi me da wo so. Me na mede m’afenaa mato wo kokom, na ɔhunuu sɛ wanyinsɛn nti, ɔbu me animtia. AWURADE mmu me ne wo ntam atɛn. 6Ɛnna Abram ka kyerɛɛ Sarai sɛ: Hwɛ, w’afenaa wɔ wo nsam, yɛ no sɛdeɛ ɛyɛ w’ani soɔ. Na Sarai tanee n’ani maa no dwane firii ne nkyɛn.
7Na AWURADE bɔfoɔ hunuu no nsuo aniwa bi ho wɔ ɛserɛ so wɔ Sur kwan so nsuo aniwa no ho. 8Na ɔbisaa sɛ: Hagar, Sarai afenaa, wofiri he na woreba, na worekɔ he ni? Na ɔse: Mefiri m’awuraa Sarai anim na meredwane. 9Na AWURADE bɔfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: Sane kɔ w’awuraa nkyɛn, na kɔbrɛ wo ho ase ma no. 10#Gye 17.20 Na AWURADE bɔfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: Dɔ na mɛma w’asefoɔ adɔ, na wɔn dodoɔ nti wɔrentumi nkan wɔn. 11Na AWURADE bɔfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ:
Hwɛ, woanyinsɛn, na wobɛwo ɔba,
na wobɛto ne din Ismael,#16.11 ISMAEL: Asekyerɛ ne: Onyankopɔn tie.
sɛ AWURADE ate w’amanehunu.
12 # Gye 25.18 Na ɔbɛyɛ onipa a ɔte sɛ ɛserɛ so afunumu.
Ne nsa bɛtia nnipa nyinaa,
na nnipa nyinaa nsa atia no,
na ɔbɛsɔre atia ne nuanom nyinaa.
13Na ɔfrɛɛ AWURADE a ɔne no kasaeɛ no din sɛ: Wone El-roi,#16.13 EL-ROI: Asekyerɛ ne: Onyankopɔn a ɔhunu adeɛ. na ɔse: Mahunu deɛ ɔhu me no ampa anaa? 14#Gye 24.62; 25.11 Enti wɔfrɛ asubura no sɛ: Beer-lahai-roi,#16.14 BEER-LAHAI-ROI: Asekyerɛ ne: Ɔteasefoɔ a ɔhu me no abura. na hwɛ, ɛwɔ Kades ne Bared ntam. 15Na Hagar woo ɔba maa Abram. Abram frɛɛ ne ba a Hagar woo no no Ismael. 16Na Hagar woo Ismael maa Abram no, na Abram adi mfeɛ aduɔwɔtwe nsia.

Currently Selected:

Gyenesis 16: ASWDC

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in