YouVersion Logo
Search Icon

Gyenesis 18

18
Isak awoɔ ho bɔhyɛ
1Na AWURADE yii ne ho kyerɛɛ Abraham wɔ Mamre pɔ mu, na ɔte ne ntomadan pono ano awia ketee. 2#Heb 13.2 Na ɔmaa n’ani so hwɛe, na hwɛ, mmarima baasa abɛgyina ne ntentensoɔ. Na ɔhunuu wɔn no, ɔfirii ne ntomadan pono ano tuu mmirika kɔhyiaa wɔn, na ɔbɔɔ ne mu ase 3kaa sɛ: Me wura, sɛ manya w’anim adom a, mesrɛ wo, nsiane w’akoa ho nkɔ. 4Ma wɔnkɔsa nsuo kakraa bi mmra, na monhohoro mo nan ase, na monhome dua yi ase. 5Moanya abɛfa mo akoa nkyɛn yi, merekɔ makɔfa paanoo kakra maba, na mode adwodwo mo akoma, na ɛno akyiri no moakɔ. Na wɔse: Yɛ sɛdeɛ woaka yi. 6Na Abraham yɛɛ ntɛm kɔɔ Sara nkyɛn ntomadan mu kaa sɛ: Yɛ ntɛm, fa esiam pa susukoraa mmiɛnsa, fete to taterɛ. 7Na Abraham tuu mmirika kɔɔ anantwie mu kɔkyeree nantwie ba a ɔyɛ na ɔde maa ɔsomfoɔ bi, na ɔyɛɛ ntɛm siesiee no. 8Na Abraham faa nufosuo ani sradeɛ ne nufosuo ne nantwie ba nam a ɔsiesiee no no, na ɔde bɛsii wɔn anim; na ɔno deɛ, ɔgyinaa wɔn nkyɛn dua no ase, maa wɔdidii.
9Na wɔbisaa Abraham sɛ: Wo yere Sara wɔ he? Na ɔse: Hwɛ, ɔwɔ ntomadan mu. 10#Gye 17.19; Rom 9.9 Na wɔn mu baako kaa sɛ: Ampa ara, mɛsane maba wo nkyɛn afeda sɛsɛɛ no, na wo yere Sara anya ɔba. Na Sara retie no ntomadan pono a ɛwɔ n’akyire no ano. 11Na Abraham ne Sara nyinaa anyininyini a wɔadi mfirinhyia pii, na deɛ ɛyɛ mmaa no to atwa wɔ Sara ho. 12#Gye 17.17; 1 Pe 3.6 Enti Sara seree ne mu kaa sɛ: Sɛ manya awie aberewa bɔ na me wura nso abɔ akɔkoraa yi, na mɛnya anigyeɛ? 13Na AWURADE bisaa Abraham sɛ: Adɛn nti na Sara seree sɛ: Ampaneampa ara manyini yi mɛwo ɔba? 14#Luk 1.37 Biribi yɛ AWURADE yɛna anaa? Berɛ a mahyɛ no, mɛsane aba wo nkyɛn afeda sɛsɛɛ no na Sara anya ɔba. 15Na Sara sanee sɛ: Menseree, ɛfiri sɛ na ɔsuro. Na ɔse: Dabi, woasere.
Abraham di ma Sodomfoɔ
16Na mmarima no sɔre firii hɔ danee wɔn ani kyerɛɛ Sodom, na Abraham kɔgyaa wɔn kwan. 17Na AWURADE kaa sɛ: Memfa deɛ merebɛyɛ yi mensie Abraham anaa? 18#Gye 12.3 Ɛfiri sɛ ampa ara Abraham bɛyɛ ɔman a ɛso na wɔwɔ tumi, na ne mu na wɔbɛhyira wiase aman nyinaa. 19#Deut 6.7; 32.46 Na mahu no mayi no sɛ ɔnhyɛ ne mma ne ne fiefoɔ a ɛbɛdi n’akyire sɛ wɔnni AWURADE kwan so nyɛ tenenee ne atɛntenenee adeɛ, na AWURADE ama deɛ waka no Abraham ho no aba ne so. 20#Gye 19.13 Na AWURADE kaa sɛ: Sodom ne Gomora so nteamu so, na wɔn nnebɔne yɛ duru dodo nti, 21#Gye 11.5; Dwom 34.15-16 meresiane makɔhwɛ sɛ wɔayɛ sɛdeɛ nteamu a ɛduru me nkyɛn no teɛ no a; na sɛ ɛnte saa, mahunu. 22#Gye 19.1 Na mmarima no danee wɔn ani firii hɔ kɔɔ Sodom; na Abraham deɛ, na ɔda so gyina AWURADE anim ara.
23 # Num 16.22; 2 Sa 24.17 Na Abraham twe bɛn bisaa sɛ: Wobɛpra ɔteneneeni ne ɔbɔnefoɔ abom agu anaa? 24Sɛ ebia sɛsɛɛ ateneneefoɔ aduonum wɔ kuro no mu a, anka wobɛpra wɔn agu a ateneneefoɔ aduonum a ɛwɔ mu no nti woremfa kuro no ho nkyɛ wɔn anaa? 25Yei mpare wo sɛ wobɛdi saa asɛm yi sɛ wobɛkum ɔteneneeni ne ɔdebɔneyɛni afra, na ɔteneneeni ayɛ sɛ ɔdebɔneyɛni; yei mpare wo. Deɛ ɔbu asase nyinaa atɛn no remmu atɛntenenee anaa? 26#Yes 65.8; Mat 24.22; Hes 22.30 Na AWURADE kaa sɛ: Sɛ mehunu ateneneefoɔ aduonum Sodom kuro mu a, wɔn nti mede kuro no nyinaa ho bɛkyɛ wɔn. 27Na Abraham buaa sɛ: Hwɛ, meyɛ mfuturo ne nso deɛ, nanso masi me bo sɛ me ne AWURADE bɛkasa: 28Sɛ ebia ateneneefoɔ aduonum no so te enum a; anka enum nti wobɛsɛe kuro no nyinaa anaa? Na ɔse: Sɛ mehunu aduanan nnum wɔ hɔ a, merensɛe hɔ. 29Na Abraham toaa so kasa kyerɛɛ AWURADE bio sɛ: Ebia wɔbɛhunu aduanan wɔ hɔ. Na AWURADE buaa sɛ: Aduanan no nti merenyɛ. 30#Ate 6.39 Ɛnna ɔkaa sɛ: Mma AWURADE bo mmfu, na ma menkasa: Ebia wɔbɛhunu aduasa wɔ hɔ. Na ɔse: Sɛ mehunu aduasa wɔ hɔ a, merenyɛ. 31Na ɔkaa sɛ: Hwɛ, masi me bo sɛ me ne AWURADE bɛkasa. Ebia wɔbɛhunu aduonu wɔ hɔ. Na ɔse: Aduonu no nti merensɛe hɔ. 32Na ɔkaa sɛ: Mma AWURADE bo mmfu, na menkasa baako pɛ yi: Ebia wɔbɛhunu edu wɔ hɔ. Na ɔse: Edu no nti merensɛe hɔ. 33Na AWURADE ne Abraham kasa wieeɛ no, ɔkɔe, na Abraham sane baa ne fie.

Currently Selected:

Gyenesis 18: ASWDC

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in