YouVersion Logo
Search Icon

Eksodɔs 28

28
Asɔfoɔ Ntadeɛ
(Eksodɔs 39.1-7)
1 # 1 Be 23.13; Eks 6.23 Afei, ma wo nua Aaron ne ne mmabanin mfiri Israelfoɔ mu mmra wo nkyɛn, na wɔnyɛ me asɔfoɔ: Aaron ne ne mma Nadab, Abihu, Eleasa ne Itamar.
2Na pam kronkronyɛ ntadeɛ ma wo nua Aaron, animuonyam ne fɛ so. 3#Eks 31.3 Na ka kyerɛ wɔn a wɔwɔ nyansa akoma a mede nyansa honhom mahyɛ wɔn mu amaama no nyinaa na wɔmpam Aaron ntadeɛ no, na wɔmfa nyɛ no kronkron na ɔnni me sɔfoɔ.
4 # Eks 39.1-21 Na ntadeɛ a wɔmpam nie: Adaaboɔ ne asɔfotadeɛ ne batakari ne atadeɛ yuu a wɔanwono no damedame ne abotire ne abɔsoɔ; na wɔmpam kronkronyɛ ntadeɛ mma wo nua Aaron ne ne mmabanin, na wɔnhyɛ nni me sɔfoɔ. 5Na wɔmfa sika ne bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan ne asaawa fitaa nyɛ.
6Na wɔmfa ntomanwono mu anyansadwuma so mfa sika ne bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan ne asaawa fitaa a wɔafira nyɛ asɔfotadeɛ no. 7Ɛnnya mmatire mmienu a ɛtoa ano ano, na wɔmfa ntoa. 8Na asɔfotadeɛ fɛfɛ no nkyekyeremu mfiri mu ara, sɛdeɛ ne yɛbea no teɛ, sika ne bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan ne asaawa fitaa a wɔafira. 9Na fa apopobibireboɔ mmienu, na kurukyire Israel mma no din wɔ so. 10Wɔn din no nsia nkɔ ɔboɔ baako so, na wɔn din nsia a aka no nso nkɔ ɔboɔ baako so, sɛdeɛ wɔn awoɔ ntoatoasoɔ teɛ. 11Abodwumfoɔ adwuma, nsɔanodeɛ nkurukyireeɛ na fa kurukyire aboɔ mmienu no soɔ, sɛdeɛ Israel mma no din teɛ; na fa sika mfefaano twa ho hyia. 12Na fa aboɔ mmienu sisi asɔfotadeɛ no mmatiri so, na ɛnyɛ nkaeɛ aboɔ mma Israelfoɔ no, na Aaron nsoa wɔn din ne mmatiri mmienu so nkɔ AWURADE anim mfa nyɛ nkaeɛ. 13Na yɛ sika mfefaano 14ne sika ntweaban mmienu; wɔ no mmɛsa yɛ no sɛ nhoma, na fa ntweaban a wɔawɔ no mmɛsa no hyehyɛ mfefaano no so.
Atemmuo Adaaboɔ no
(Eksodɔs 39.8-21)
15Na yɛ atemmuo adaaboɔ, ntomanwono mu anyansadwuma, yɛ no sɛdeɛ asɔfotadeɛ no yɛbea teɛ: Sika, bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan ne asaawa fitaa a wɔafira na fa yɛ. 16Ɛnyɛ ahinanan, na wɔmmuka nto so; ne tentene nyɛ saama, na ne trɛ nyɛ saama. 17Na fa aboɔ sisi mu, aboɔ kyerɛpɛn nnan. Kyerɛpɛn a ɛdi kan nyɛ bogyanamboɔ, akrateboɔ ne ahahammonoboɔ; 18na kyerɛpɛn a ɛtɔ so mmienu no nyɛ nsramaboɔ, hoaboɔ ne bɔwerɛboɔ; 19na kyerɛpɛn a ɛtɔ so mmiɛnsa no nyɛ akutuhonoboɔ, mfrafraeɛboɔ ne beredumboɔ; 20na kyerɛpɛn a ɛtɔ so nnan no nyɛ sikabereɛboɔ, apopobibireboɔ ne ahwehwɛboɔ; ne nsisimu no, sika mfefaano ntwa ho nhyia. 21Na aboɔ no ano nyɛ sɛ Israel mma no din ano teɛ, dummienu, sɛ wɔn din no teɛ; ɛnyɛ nsɔanodeɛ nkurukyireeɛ, sɛdeɛ din no teɛ mmaako mmaako, sɛ mmusuakuo dummienu no teɛ. 22Na fa sika amapa yɛ adaaboɔ no so ntweaban a wɔawɔ no mmɛsa sɛ nhoma. 23Na yɛ adaaboɔ no so sika nkaa mmienu, na fa nkaa mmienu no hyehyɛ adaaboɔ no ntwea mmienu so. 24Na fa sika mmɛsa mmienu no toatoa adaaboɔ no ntwea so nkaa no mu. 25Na mmɛsa mmienu no ano mmienu a aka no, fa toatoa mfefaano mmienu no mu, na fa hyehyɛ asɔfotadeɛ no mmatiri mmienu no so anim fam. 26Na yɛ sika nkaa mmienu fa hyehyɛ adaaboɔ no ntwea mmienu no so, ano a ɛwɔ emu fam kyerɛ asɔfotadeɛ no. 27Na yɛ sika nkaa mmienu bio fa hyehyɛ asɔfotadeɛ no afaafa mmienu no so anim fam wɔ aseɛ a ɛbɛn ne ntoaeɛ no, asɔfotadeɛ no nkyekyeremu no so. 28Na wɔmfa bibire nhoma nkyekyere adaaboɔ no nkaa no nsosɔ asɔfotadeɛ no nkaa no mu, na ɛmfam asɔfotadeɛ no nkyekyeremu no atifi, na adaaboɔ no ansane amfiri asɔfotadeɛ no so. 29Na Aaron nsoa Israel mma din atemmuo adaaboɔ no mu n’akoma so, mfa nkɔ kronkronbea hɔ, na ɛnyɛ AWURADE anim nkaeɛ daa.
30 # Lew 8.8; Num 27.21; Deut 33.8 Na fa Urim ne Tumim#28.30 URIM NE TUMIM: Nnoɔma mmienu bi a na ɔsɔfoɔ fa so de hwehwɛ Onyankopɔn pɛ; nso yɛntumi nhunu ɔkwan a na wɔfa so de yɛ adwuma. Asekyerɛ ne: Hann ne pɛyɛ. no hyɛ atemmuo adaaboɔ no mu, na sɛ Aaron rekɔ AWURADE anim a, ɛnna ne koko so, na Aaron nsoa Israelfoɔ no atemmuo n’akoma so, AWURADE anim daa.
Asɔfoɔ ntadeɛ afoforɔ
(Eksodɔs 39.22-31)
31 # Eks 39.22-26 Na fa birisi nko ara yɛ asɔfotadeɛ no ase batakari. 32Na tokuro nna mfimfini wɔ n’atifi, na wɔmfa ntomaban a wɔanwono mmare tokuro no ano nhyia te sɛ adaaboɔ mu tokuro, na ansuane. 33Na mmuano no so no, wɔmfa bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan nyɛ atoaa aba nsɛsoɔ ntwa ho nhyia, na sika nnɔnnɔmma nsensɛne ntam ntam nhyia. 34Sika adɔmma ne atoaa aba, ntwa batakari no mmuano ho nhyia. 35#Eks 30.21; Lew 16.2, 13 Na Aaron nhyɛ nsom, na sɛ ɔhyɛne kronkronbea hɔ AWURADE anim na ɔfiri adi a, wɔate ne nnyegyeeɛ, na wanwu.
36 # Eks 39.30-31 Na boro sika amapa traatraa, na kurukyire so sɛ nsɔanodeɛ nkurukyireeɛ sɛ: Kronkron ma AWURADE. 37Na fa fam bibire homa so, na ntena abotire no so; abotire no anim na ɛmfam. 38Na ɛmfam Aaron moma so, na Aaron nsoa mmusuo biara a aba akronkronneɛ a Israelfoɔ yɛ no kronkron, wɔn ayɛyɛdeɛ kronkron nyinaa mu no; na ntena ne moma so daa, na AWURADE ani asɔ wɔn.
39 # Eks 39.27-29 Na nwono nwera damedame atadeɛ yuu no, na yɛ nwera abotitene, na yɛ ntomanwono mu adwini abɔsoɔ.
40Na Aaron mma no nso, yɛ ntadeɛ ne aboomu ma wɔn, na yɛ abotire bi ma wɔn, na wɔn anim nyɛ nyam na wɔn ho nyɛ fɛ. 41#Lew 8.12; Eks 29.9, 24 Na fa hyehyɛ wo nua Aaron ne ne mma a wɔka ne ho no, na sra wɔn ngo, na hyɛ wɔn asɔfoɔ na dwira wɔn, na wɔnni me sɔfoɔ. 42Na yɛ nwera twakoto ma wɔn, na ɛnkata wɔn adagya so mfiri asene nkɔsi nsrɛkyire. 43Na Aaron ne ne mma no, sɛ wɔreba ahyiaeɛ ntomadan no mu anaasɛ wɔrebɛn afɔrebukyia no abɛsom kronkronbea hɔ a, wɔnhyehyɛ, na wɔammɔ mmusuo na wɔanwu; ɛnyɛ daa atorɔmudeɛ mma no ne n’asefoɔ a wɔbɛdi n’akyire no.

Currently Selected:

Eksodɔs 28: ASWDC

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in