YouVersion Logo
Search Icon

Eksodɔs 27

27
Afɔrebukyia no ho nhyehyɛɛ
(Eksodɔs 38.1-7)
1 # Eks 38.1-7 Na fa okuo yɛ afɔrebukyia no: Ne tentene basafa mmienu ne fa ne ne tɛtrɛtɛ basafa mmienu ne fa; afɔrebukyia no nyɛ ahinanan, na ne sorokorɔ nso nyɛ basafa baako ne fa. 2Na yɛ ne mmɛn sisi ne ntwea nnan so. Emu ara na ne mmɛn no mfire, na fa kɔbere mfrafraeɛ dura ho. 3Na yɛ ɛho nsenawa a wɔde ne nso bɛgu mu ne ne sofi ne ne nkoraa ne ne wɔeɛ ne ne nsramma kukuwa, ɛho nnoɔma nyinaa, kɔbere mfrafraeɛ na fa yɛ. 4Na fa kɔbere mfrafraeɛ nwono ntentan wɔ ho, sɛdeɛ wɔnwono atena, na yɛ atena no so kɔbere mfrafraeɛ nkaa nnan wɔ ne ntwea nnan no so. 5Na fa si afɔrebukyia no bamma ho wɔ aseɛ, na atena no nnuru afɔrebukyia no mfimfini. 6Na sensene afɔrebukyia no ho mpoma, okuo mpoma, na fa kɔbere mfrafraeɛ duradura ho. 7Na wɔmfa mpoma no nwurawura nkaa no mu, na mpoma no nhyehyɛ afɔrebukyia no nkyɛn nkyɛn, na wɔde asoa. 8#Eks 26.30 Fa ntaaboɔ yɛ, na emu nna kwan. Sɛdeɛ wɔakyerɛ wo bepɔ no soɔ no, saa ara na wɔnyɛ no.
Tenabea no adihɔ
(Eksodɔs 38.9-20)
9 # Eks 38.9-20 Na yɛ tenabea no adihɔ: Na adihɔ ntwamutam a wɔde asaawa fitaa a wɔafira anwono a ne tentene yɛ basafa aduonum nni hɔ wɔ fa baako wɔ anafoɔ fam a ɛkyerɛ nifa, 10ne n’adum aduonu ne ne nnyinasoɔ aduonu a wɔde kɔbere mfrafraeɛ ayɛ; na adum no mprɛngo ne ne mmeamu nyɛ dwetɛ. 11Saa ara nso na atifi fam tentene mu no, ntwamutam a ne tentene basafa aduonum ne n’adum aduonu ne ne kɔbere mfrafraeɛ nnyinasoɔ aduonu nnie; na adum no mprɛngo ne mmeamu no nyɛ dwetɛ. 12Na adihɔ no tɛtrɛtɛ a ɛkyerɛ atɔeɛ fam no, ntwamutam basafa aduonu nnum nni hɔ; n’adum du ne ne nnyinasoɔ du. 13Na adihɔ no tɛtrɛtɛ a ɛdi anim fam a ɛkyerɛ apueeɛ nyɛ basafa aduonu nnum. 14Nkyɛn ha ntwamutam no nyɛ basafa nson ne fa n’adum mmiɛnsa ne ne nnyinasoɔ mmiɛnsa. 15Na nkyɛn ha nso ntwamutam no nyɛ basafa nson ne fa, n’adum mmiɛnsa ne ne nnyinasoɔ mmiɛnsa. 16Na adihɔ no ano pono no nkataano nyɛ basafa du; wɔmfa bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan ne asaawa fitaa a wɔafira a ɛyɛ nkyeremu; na n’adum nnan ne ne nnyinasoɔ nnan. 17Adum no a ɛtwa adihɔ no ho hyia nyinaa mmeabeaeɛ a ɛbeabea ho nyɛ dwetɛ, na ne nkɔtɔkorɔ nso nyɛ dwetɛ, na ne nnyinasoɔ ayɛ kɔbere mfrafraeɛ.
18Adihɔ no tentene nyɛ basafa aduonum, na ne tɛtrɛtɛ nso nyɛ basafa aduonu nnum, na ne korɔn nso basafa mmienu ne fa; ntwamutam no nyɛ nwera a wɔafira n’asaawa, na ne nnyinasoɔ nyɛ kɔbere mfrafraeɛ. 19Tenabea no ho som nyinaa mu adwinneɛ, ne ne mpɛɛwa nyinaa ne adihɔ no ho mpɛɛwa nyinaa nyɛ kɔbere mfrafraeɛ.
Kanea no ngo
(Lewitikɔs 24.1-4)
20 # Lew 24.2 Na wo nso, hyɛ Israelfoɔ no na wɔmmrɛ wo ngodua aba a wɔasie anya mu ngo korɔgyenn, na wɔmfa nsɔ kanea no, na nkanea no nsisi so daa. 21Na Aaron ne ne mma nhwɛ so, ahyiaeɛ ntomadan no mu, ntwamutam a ɛkata Adanseɛ no anim no akyi, mfiri anwummerɛ nkɔsi anɔpa, AWURADE anim. Ɛnyɛ daa ahyɛdeɛ a Israelfoɔ nni so wɔ wɔn awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.

Currently Selected:

Eksodɔs 27: ASWDC

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in