YouVersion Logo
Search Icon

Eksodɔs 29

29
Aaron ne ne Mma asɔfohyɛ ho nhyehyɛɛ
(Lewitikɔs 8.1-36)
1Na yei na yɛ fa dwira wɔn, na wɔnni me asɔfoɔ: Fa nantwiburuwa baako ne adwennini mmienu a wɔnni dɛm, 2ne apiti paanoo ne taterɛ a wɔagu mu ngo, ne apiti ɔfam a wɔasra ho ngo; ayuosiam na fa yɛ. 3Na fa gu kɛntɛn baako mu, na ɛngu kɛntɛn no mu na fa bra, ɛne nantwinini ne adwennini mmienu no. 4Na fa Aaron ne ne mma no bra ahyiaeɛ ntomadan no ano, na fa nsuo dware wɔn. 5Na fa ntadeɛ no hyɛ Aaron, atadeɛ yuu ne asɔfotadeɛ ase batakari ne asɔfotadeɛ ne adaaboɔ no, na fa asɔfotadeɛ no nkyekyeremu no bɔ ne mu, 6#Eks 28.36; 39.30 na fa abotitene no bɔ ne ti, na fa kronkronyɛ ahyehyɛdeɛ no fam abotitene no anim, 7#Eks 30.25 na fa sra ngo hwie gu n’atifi fa sra no. 8Na fa ne mma no nso bra, na hyehyɛ wɔn ntadeɛ yuu. 9#Eks 29.2-3; 28.41; Lew 8.27 Na fa aboomu bobɔ Aaron ne ne mma no mu, na bobɔ wɔn abotire; na asɔfodwuma nyɛ wɔn deɛ sɛ daa atorɔmudeɛ. Sɛɛ na hyɛ Aaron ne ne mma asɔfoɔ. 10Na ma wɔmfa nantwinini no mmra ahyiaeɛ ntomadan no anim, na Aaron ne ne mma no mfa wɔn nsa ngu nantwie no atifi. 11Na kum nantwie no AWURADE anim, ahyiaeɛ ntomadan no ano. 12Na fa nantwie no mogya no bi, na fa wo nsateaa bɔ mu sra afɔrebukyia no mmɛn no ho; na hwie mogya no nyinaa gu afɔrebukyia no ase. 13#Eks 29.22 Na yi sradeɛ a ɛkata ayamdeɛ no ho nyinaa ne deɛ ɛsensɛne mmerɛboɔ no ho no, ne sawa mmienu no ne ɛso sradeɛ no, na hye no wɔ afɔrebukyia no so. 14#Lew 4.11-12 Nantwie no nam ne ne nwoma ne n’agyanan deɛ, fa ogya hye no nsraban no akyi, ɛyɛ bɔne ho afɔdeɛ.
15Na fa odwennini baako, na Aaron ne ne mma no mfa wɔn nsa ngu odwennini no atifi. 16Na kum odwennini no, na fa ne mogya pete afɔrebukyia no ho hyia. 17Na twitwa odwennini no asinasini, na hohoro n’ayamdeɛ ne ne nnyawa ho, na fa gu n’asinasini no ne ne tiri so. 18Na hye odwennini mu no nyinaa afɔrebukyia no so. Ɛyɛ AWURADE hyeɛ afɔdeɛ, adeɛ a ɛyi hwa hwanhwam, ɛyɛ AWURADE ogya afɔdeɛ. 19Na fa odwennini baako no, na Aaron ne ne mma mfa wɔn nsa ngu odwennini no atifi. 20Na kum odwennini no na fa ne mogya no bi, na fa ka Aaron aso nifa ne ne mma no aso nifa ano ne wɔn nsa nifa kokurobetie ano, ne wɔn nan nifa kokurobetie ano, na fa mogya no pete afɔrebukyia no ho hyia. 21Na fa afɔrebukyia no so mogya no bi ne sra ngo no bi, na fa petepete Aaron ne ne ntadeɛ so, ne ne mma no ne ne mma ntadeɛ nso so, na ɛnnwira no ne ne ntadeɛ ne ne mma ne ne mma ntadeɛ no nso. 22#Lew 3.3-4 Na afei fa odwennini no sradeɛ ne ne sradeɛ dua no ne sradeɛ a ɛkata n’ayamdeɛ ho ne deɛ ɛsensɛne ne mmerɛboɔ ho ne ne sawa mmienu ne ɛho sradeɛ ne ne srɛ nifa no, ɛfiri sɛ ɛyɛ asɔfohyɛ dwennini, 23ne paanoo mua baako ne paanoo taterɛ a wɔde ngo afɔre baako ne ɔfam baako firi apiti kɛntɛn a ɛsi AWURADE anim no mu, 24na fa ne nyinaa gu Aaron ne ne mma no nsam him di akɔneaba yɛ AWURADE anim ehim afɔdeɛ. 25Na gye wɔn nsam, na ka ano gya afɔrebukyia no so ɔhyeɛ afɔdeɛ no so, na ɛnyi hwa hwanhwam, AWURADE anim: Ɛyɛ AWURADE ogya afɔdeɛ. 26Na fa Aaron asɔfohyɛ dwennini no yan, na him yɛ ehim afɔdeɛ ma AWURADE, na ɛnyɛ wo kyɛfa. 27#Num 18.18 Na ma Aaron ne ne mma asɔfohyɛ dwennini him yan ne mmasoɔ srɛ a wɔahim na wɔama soɔ no nyɛ kronkron, 28na ɛnyɛ Aaron ne ne mma dea, daa atorɔmudeɛ a ɛfiri Israelfoɔ nsam, ɛfiri sɛ ɛyɛ mmasoɔ afɔdeɛ. Ɛnyɛ mmasoɔ afɔdeɛ a Israelfoɔ de firi wɔn asomdwoeɛ afɔrebɔdeɛ no mu bɔ, wɔn mmasoɔ afɔdeɛ a wɔbɔ ma AWURADE.
29 # Eks 29.9 Na Aaron ntadeɛ kronkron no nyɛ ne mma deɛ wɔ n’akyi, na wɔnsra wɔn ngo wɔ mu, na wɔmfa nhyɛ wɔn asɔfoɔ. 30Ne mma mu deɛ ɔbɛsi n’ananmu adi sɔfoɔ no nhyɛ no nnanson ansa na waba ahyiaeɛ ntomadan no mu abɛsom kronkronbea hɔ. 31Na fa asɔfohyɛ dwennini no, na noa ne nam no beaeɛ a ɛhɔ yɛ kronkron. 32Na Aaron ne ne mma no nni odwennini no nam ne paanoo a ɛwɔ kɛntɛn mu no, ahyiaeɛ ntomadan no ano. 33Na wɔnni nnoɔma a wɔde pata maa wɔn de hyɛɛ wɔn asɔfoɔ na wɔde dwiraa wɔn no, nanso asɔfoɔ nko ara na wɔnni bi, ɛfiri sɛ ɛyɛ kronkron. 34Na sɛ asɔfohyɛ nam no ne paanoo no bi ka ma adeɛ kye so a, ɛnneɛ fa ogya hye deɛ ɛkaeɛ no; wɔnnni, ɛfiri sɛ ɛyɛ kronkron. 35Na sei na yɛ Aaron ne ne mma no, sɛdeɛ mahyɛ woɔ yi nyinaa. Nnanson na fa hyɛ wɔn asɔfoɔ. 36Na fa nantwinini bɔ bɔne ho afɔdeɛ daa, na ɛnyɛ mpata. Na sɛ wɔrepata afɔrebukyia no so a, prapra ɛho bɔne, na sra no ngo fa yɛ no kronkron. 37Nnanson na pata afɔrebukyia no soɔ yɛ no kronkron, na afɔrebukyia no ayɛ akronkronneɛ mu kronkron; obiara a ɔka afɔrebukyia no nyɛ kronkron.
Daa hyeɛ afɔdeɛ
(Numeri 28.1-8)
38 # Num 28.2-8 Na yei ne afɔdeɛ a bɔ wɔ afɔrebukyia no soɔ: Nnwanten mma mmienu a wɔadi afe afe na fa bɔ so afɔdeɛ daa. 39#Dwom 141.2 Fa odwan ba no baako bɔ afɔdeɛ anɔpa, na fa odwan ba baako no bɔ afɔdeɛ anwummerɛ; 40na fa esiam olonka abupɛn du mu baako a wɔde ngodua aba a wɔasie ngo toa baako ne ɛfa agu soɔ ne bobesa toa baako ne ɛfa ahwiesa ka adwammaa baako ho. 41Na adwammaa baako no, fa no bɔ afɔdeɛ anwummerɛ, na yɛ no sɛ anɔpa aduane afɔdeɛ no ne ɛho ahwiesa no, na ɛnyi hwa hwanhwam, ɛyɛ AWURADE ogya afɔdeɛ. 42Ɛnyɛ daa hyeɛ afɔdeɛ mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu a mommɔ no ahyiaeɛ ntomadan no ano, AWURADE anim, deɛ me ne mo bɛhyia na me ne wo akasa hɔ. 43#Eks 10.24 Na ɛhɔ na me ne Israelfoɔ bɛhyia, na wɔafa m’animuonyam so ayɛ kronkron. 44Na mɛma ahyiaeɛ ntomadan ne afɔrebukyia no ayɛ kronkron, na mɛma Aaron ne ne mma ayɛ kronkron, na wɔayɛ me asɔfoɔ.
45Na mɛtena Israelfoɔ no mu, na mayɛ wɔn Nyankopɔn, 46na wɔahunu sɛ mene AWURADE wɔn Nyankopɔn a meyii wɔn firii Misraim asase soɔ sɛ mɛtena wɔn mu no, mene AWURADE, wɔn Nyankopɔn.

Currently Selected:

Eksodɔs 29: ASWDC

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in