YouVersion Logo
Search Icon

Eksodɔs 2

2
Mose awoɔ
1 # Eks 6.20 Na ɔbarima bi a ɔfiri Lewi fie kɔwaree Lewi babaa bi. 2#Aso 7.20; Heb 11.23 Na ɔbaa no nyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabanin; na ɔhunuu sɛ ne ho yɛ fɛ no, ɔde no siee abosome mmiɛnsa.
3Na ɔntumi nkora no bio no, ɔfaa mmɛwa adaka bi de ama ne ɛhyɛ sraa ho, na ɔde abɔfra no too mu, na ɔde kɔsii wira mu wɔ asuo no ano. 4#Eks 15.20 Na ne nuabaa kɔgyinaa akyirikyiri sɛ ɔrehwɛ deɛ ɛbɛyɛ no.
5Na Farao babaa siane baa asuo no ano adwareɛ, na ne mmaawa repasa asuo no nsunoa. Berɛ a Farao babaa hunuu adaka no wɔ wira no mu no, ɔsomaa n’abaawa sɛ ɔnkɔfa mmra. 6Na ɔbuee soɔ no, ɔhunuu akɔkoaa no, na hwɛ, na ɔyɛ abarimaa a ɔresu. Na ɔyɛɛ no mmɔbɔ, na ɔse: Hebrifoɔ mma no bi nie. 7Ɛnna ne nuabaa no ka kyerɛɛ Farao babaa no sɛ: Menkɔ menkɔfrɛ Hebrifoɔ mmaa no mu nufomafoɔ bi memmrɛ wo, na ɔmmɛma akɔkoaa no nufoɔ mma wo anaa? 8Na Farao babaa no ka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ! Na ababaa no kɔ kɔfrɛɛ abɔfra no na bae. 9Na Farao babaa no ka kyerɛɛ no sɛ: Fa abɔfra yi kɔ kɔma no nufoɔ ma me, na mɛtua wo ka. Na ɔbaa no faa abɔfra no kɔmaa no nufoɔ. 10Na abɔfra no nyinii, na ɔde no kɔmaa Farao babaa no, na ɔdanee ne ba. Na ɔtoo no din Mose, ɛfiri sɛ ɔse: Nsuo mu na meyii no firiiɛ.
Mose dwane kɔ Midian
11 # Heb 11.24-25 Na Mose nyiniiɛ no, da bi ɔfirii adi kɔɔ ne nuanom nkyɛn sɛ ɔrekɔhwɛ wɔn adwumayɛ no; na ɔhunuu sɛ Misraimni bi reboro ne nuanom mu bi a ɔyɛ Hebrini. 12#Aso 7.24 Na ɔhwɛɛ ha ne ha, na ɔhunuu sɛ obiara nni hɔ no, ɔbɔɔ Misraimni no kumm no, na ɔde no siee anwea mu. 13Na adeɛ kyeeɛ no, ɔfirii adi, na hwɛ, na Hebrifoɔ baanu reko. Na ɔbisaa deɛ ɔdi fɔ no sɛ: Adɛn nti na woboro wo yɔnko? 14#Aso 7.27-28, 35 Na ɔbuaa sɛ: Hwan na ɔde wo sii yɛn so otitire ne osennifoɔ? Wopɛ sɛ woku me sɛdeɛ wokum Misraimni no anaa? Na Mose suroe, na ɔse: Ampa ara, asɛm no apue!
15 # Heb 11.27 Na Farao tee asɛm yi no, anka ɔrehwehwɛ Mose aku no, nanso Mose dwane firii n’anim kɔtenaa Midian asase so wɔ subura bi ho. 16#Eks 3.1 Nso na Midian sɔfoɔ wɔ mmammaa baason; na wɔba bɛtoo nsuo de hyehyɛɛ adaaseɛ no amaama sɛ wɔrema wɔn agya nnwan anom. 17#Gye 29.10 Na nnwanhwɛfoɔ bi ba bɛpamm wɔn; na Mose sɔre boaa wɔn, na ɔmaa wɔn nnwan no nomee. 18Na wɔbaa wɔn agya Reuel nkyɛn no, ɔbisaa wɔn sɛ: Ɛyɛɛ dɛn na ɛnnɛ deɛ, moaba ntɛm seyie? 19Na wɔbuaa sɛ: Misraimni bi na ɔgyee yɛn firii nnwanhwɛfoɔ no nsam, na ɔtoo nsuo mpo maa yɛn, na ɔmaa nnwan no nomee. 20Na ɔbisaa ne mmammaa no sɛ: Na ɔwɔ he? Adɛn nti na mogyaa ɔbarima no hɔ? Monkɔfrɛ no na ɔmmɛdidi.
21Na Mose penee sɛ ɔne Midian sɔfoɔ no bɛtena. Na ɔde ne babaa Sipora maa Mose awareɛ.
22 # Eks 18.3 Na ɔwoo ɔbabanin, na Mose too no din Gersom,#2.22 GERSOM: Asekyerɛ ne: Baabi hɔhoɔ. ɛfiri sɛ ɔse: Mayɛ hɔhoɔ wɔ ananafoɔ asase so.
23 # Eks 3.7 Na nna dodoɔ yi akyiri no, ɛbaa sɛ Misraimhene wui. Na nkoasom no nti Israelfoɔ no sii apini, na wɔsu frɛe, na wɔn sufrɛ no kɔduruu Nyankopɔn anim. 24#Gye 15.18; 26.3; 28.13-14 Na Onyankopɔn tee wɔn apinisie no, ɔkaee n’apam a ɔne Abraham ne Isak ne Yakob pameeɛ no. 25Na Onyankopɔn hwɛɛ Israelfoɔ no, ɔhunuu wɔn tebea a wɔwɔ mu no.

Currently Selected:

Eksodɔs 2: ASWDC

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in