YouVersion Logo
Search Icon

Eksodɔs 1

1
Israelfoɔ amanehunu wɔ Misraim
1 # Gye 46.8 Na yeinom ne Israel mma a wɔne Yakob baa Misraim no din. Wɔn mu biara ne ne fiefoɔ na ɛbaeɛ. 2Ruben, Simeon, Lewi, Yuda, 3Isakar, Sebulon, Benyamin, 4Dan, Naftali, Gad ne Aser. 5#Gye 46.27 Na nnipa a wɔfiri Yakob asene mu nyinaa yɛ aduɔson. Na Yosef wɔ Misraim dada.
6 # Gye 50.26 Na Yosef ne ne nuanom nyinaa ne wɔn berɛ sofoɔ no nyinaa wuwui. 7#Aso 7.17 Na Israel mma no wowoe, na wɔdɔree bebree, na wɔn ase kyenee, na wɔn ho yɛɛ den papaapa; na wɔyɛɛ asase no so ma. 8Na ɔhene foforɔ bi sɔree Misraim a na ɔnnim Yosef. 9Na ɔka kyerɛɛ ne man sɛ: Hwɛ, Israelfoɔ no dɔɔso, na wɔn ho yɛ den sene yɛn. 10Momma yɛmfa nyansa kwan bi so ne wɔn nni, na wɔannɔɔso, na sɛ ɛsa bi ba a, wɔankɔka yɛn atamfoɔ ho ne yɛn ammɛko, na wɔansɔre asase yi so ankɔ. 11#Gye 15.13; 47.11 Na wɔsisii wɔn so adwumayɛfoɔ so mpanimfoɔ sɛ wɔmfa nnesoadeɛ a emu yɛ duro nhyɛ wɔn so. Na wɔkyekyeree adekora nkuro Pitom ne Raamses maa Farao. 12Nanso dodoɔ a wɔhyɛɛ wɔn soɔ no, dodoɔ no ara na wɔdɔreeɛ, na wɔtrɛe. Na Misraimfoɔ suroo Israelfoɔ no. 13Na wɔde nyadie yaya dii Israelfoɔ. 14Wɔmaa wɔn asetena fonoo wɔn wɔ dɔteɛ ne ntaayaa ho adwuma a ɛyɛ den ne afuom adwumayɛ ahodoɔ ne nnwuma ahodoɔ nyinaa mu nyadie yaya a wɔde dii wɔn mu.
15Na Misraimhene ka kyerɛɛ Hebrifoɔ awogyefoɔ a wɔn mu baako din de Sifra, na ɔbaako din de Pua no sɛ: 16Sɛ mokɔgye Hebrifoɔ mmaa awoɔ, na awoeɛ hɔ mohunu sɛ ɔyɛ ɔbarima a, monku no; na sɛ ɔyɛ ɔbaa deɛ a, momma no ntena ase. 17Na awogyefoɔ no suro Onyankopɔn, enti wɔanyɛ sɛdeɛ Misraimhene ka kyerɛɛ wɔn no, na mmom wɔgyee mmabanin no nkwa. 18Na Misraimhene frɛɛ awogyefoɔ no bisaa wɔn sɛ: Adɛn nti na moyɛ saa, na momma mmarima no tena aseɛ? 19Na awogyefoɔ no buaa Farao sɛ: Hebrifoɔ mmaa nte sɛ Misraimfoɔ mmaa, ɛfiri sɛ wɔn deɛ, wɔyɛ pirimpirim; awogyefoɔ no nnya nnuruu wɔn nkyɛn no, na wɔawo dada. 20Enti Onyankopɔn ne awogyefoɔ no dii no yie. Na nkurɔfoɔ no dɔɔso ara, na wɔyɛɛ den yie. 21Na ɛsiane sɛ awogyefoɔ no suro Onyankopɔn nti, ɔmaa wɔn afie mu yɛɛ yie.
22Ɛnna Farao hyɛɛ ne man nyinaa sɛ: Ɔbabanin biara a wɔbɛwo no no, monkɔto no ntwene asubɔnten no mu, na mmammaa nyinaa deɛ, momma wɔntena ase.

Currently Selected:

Eksodɔs 1: ASWDC

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in