YouVersion Logo
Search Icon

Eksodɔs 3

3
Onyankopɔn frɛ Mose
1Berɛ bi a Mose rehwɛ n’ase Yetro, Midian sɔfoɔ nnwan no, ɔkaa wɔn de wɔn kɔɔ ɛserɛ no akyiri nohoa, kɔduruu Nyankopɔn bepɔ Horeb ho.
2 # Aso 7.30; Deut 33.16 Na AWURADE bɔfoɔ bɛyii ne ho adi kyerɛɛ no wɔ nkyɛkyerɛ bi mfimfini gyaframa mu, na Mose hwɛe, na hwɛ, na nkyɛkyerɛ no redɛre, nanso na nhye. 3Na Mose kaa sɛ: Yei deɛ, mɛmane makɔhwɛ ahwɛdeɛ kɛseɛ yi, adekodeɛ a enti nkyɛkyerɛ no nhyeɛ. 4Na AWURADE hunuu sɛ wamane rehwɛ no, ɔfiri nkyɛkyerɛ no mu frɛɛ sɛ: Mose, Mose! Na ɔbuaa sɛ: Menie! 5#Yos 5.15; Gye 28.17 Ɛnna AWURADE kaa sɛ: Ntwe mpini ha! Yi wo nan ase mpaboa, na faako a wogyina hɔ yɛ asase kronkron. 6#Mat 22.32 Na ɔkaa sɛ: Mene w’agya Nyankopɔn no, Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn no. Ɛnna Mose kataa n’anim, ɛfiri sɛ na ɔsuro sɛ ɔbɛhwɛ Onyankopɔn. 7#Eks 2.23 Na AWURADE kaa sɛ: Ampa ara, mahunu me man a ɛwɔ Misraim no amanehunu, na wɔn su a wɔn so ahwɛfoɔ nti wɔsu frɛ no, mate. 8Na masiane sɛ merebɛyi wɔn Misraimfoɔ nsam, na matu wɔn afiri asase no so akɔ asase pa a ɛtrɛ so, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene wɔ soɔ: Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Amorifoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ tenabea hɔ.
9Na afei, hwɛ, Israelfoɔ no sufrɛ no aduru m’anim, na mahunu ɔhaw a Misraimfoɔ de ha wɔn no nso. 10Na afei bra, na mensoma wo Farao nkyɛn, na kɔyi me man Israelfoɔ no firi Misraim. 11#Eks 4.10; Yes 6.5, 8; Yer 1.6 Na Mose bisaa Onyankopɔn sɛ: Hwan ne me a merekɔ Farao nkyɛn makɔyi Israelfoɔ afiri Misraim? 12Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Mɛdi w’akyi; na yei bɛyɛ wo nsɛnkyerɛnneɛ sɛ me na mesomaa woɔ. Wonya yi ɔman no firi Misraim ba a, mobɛsom Onyankopɔn wɔ bepɔ yi so.
13Na Mose bisaa Onyankopɔn sɛ: Na sɛ meduru Israelfoɔ nkyɛn, na meka kyerɛ wɔn sɛ: Mo nananom Nyankopɔn asoma me mo nkyɛn, na wɔbisa me sɛ: Ne din de sɛn a, sɛn na mense wɔn? 14#Adi 1.4, 8 Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose sɛ: ME ARA NE ME ARA. Na ɔse: Sɛdeɛ ka kyerɛ Israelfoɔ no nie: ME ARA na asoma me mo nkyɛn.
15 # Eks 6.2-3; Yes 42.8 Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose bio sɛ: Sɛdeɛ ka kyerɛ Israelfoɔ no nie: AWURADE, mo nananom Nyankopɔn, Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn na wasoma me mo nkyɛn.
Na yei ne me din de kɔsi daa,
na yei na wɔmfa nkae me, awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.
16Kɔ, na kɔboaboa Israel mpanimfoɔ ano, na ka kyerɛ wɔn sɛ: AWURADE, mo nananom Nyankopɔn, Abraham, Isak ne Yakob Nyankopɔn no ayi ne ho akyerɛ me sɛ: Hwɛ na mabɛhwɛ mo ne deɛ wɔreyɛ mo wɔ Misraim no. 17Na mese: Mɛyi mo afiri Misraim amanehunu no mu akɔ Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Amorifoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ asase so, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene wɔ soɔ no. 18#Eks 5.1, 3 Na wɔbɛtie wo nne, na wo ne Israel mpanimfoɔ nkɔ Misraimhene nkyɛn nkɔka nkyerɛ no sɛ: AWURADE, Hebrifoɔ Nyankopɔn, abɛhyia yɛn, enti yɛsrɛ wo, ma yɛnkɔ ɛserɛ so nnansa kwan nkɔbɔ AWURADE, yɛn Nyankopɔn, afɔdeɛ. 19Na me deɛ, menim sɛ wɔde nsa a ɛyɛ den hyɛ Misraimhene mpo a, ɔremma mo kwan mma mo nkɔ; 20enti mɛtene me nsa de m’anwanwadeɛ a mɛyɛ wɔ hɔ no nyinaa mabɔ Misraim, na ɛno akyiri na ɔbɛma moakɔ. 21#Eks 11.2-3; 12.35-36; Gye 15.14 Na mɛma ɔman yi anim aba nyam wɔ Misraimfoɔ anim, na ɛbɛba sɛ morekɔ a, morenkɔ no nsapan. 22Na mmaa mmisabisa wɔn afipamfoɔ ne wɔn afitenafoɔ nkyɛn dwetɛ nnwinneɛ ne sika nnwinneɛ ne ntoma, na momfa nhyehyɛ mo mmammarima ne mo mmammaa, na Misraimfoɔ nnoɔma no nyɛ mo asadeɛ.

Currently Selected:

Eksodɔs 3: ASWDC

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in