YouVersion Logo
Search Icon

Adiyisɛm 5

5
Nhoma no ne oguammaa no
1 # Adi 4.2; Hes 2.9-10 Na mihuu nhoma bi wɔ nea ɔte ahengua no so no nifa mu a wɔakyerɛw emu ne akyiri, na wɔde nsɔano ason asosɔ ano. 2Na mihuu ɔbɔfo hoɔdenfo bi a ɔde nne kɛse teɛɛm sɛ: Hena na ɔfata sɛ obue nhoma no mu na ɔtew ne nsɔano no? 3Na obiara nni soro anaa asase so anaa asase ase a obetumi abue nhoma no mu anaasɛ ɔbɛhwɛ mu.
4Na misui pii, efisɛ wonhu obi a ɔfata sɛ obebue nhoma no mu anaasɛ ɔbɛhwɛ mu. 5#Gye 49.9-10; Yes 11.1; 11.10; Adi 22.16 Na mpanyimfo no mu biako ka kyerɛɛ me sɛ: Nsu, hwɛ, Yuda abusuakuw mu gyata no, Dawid ntini no, adi nkonim sɛ obebue nhoma no mu na watetew ne nsɔano ason no.
6 # Yes 53.7; Yoh 1.29; 1.36; Sak 4.10; Adi 4.5 Na mehwɛe, na ahengua no ne ateasefo baanan no ntam ne mpanyimfo no ntam no, oguammaa bi gyina hɔ a ɔte sɛ wɔakum no. Ɔwɔ mmɛn ason ne aniwa ason a ɛyɛ Onyankopɔn ahonhom ason a wɔasoma wɔn akɔ asase nyinaa so no. 7Na ɔbae begyee nhoma no fii nea ɔte ahengua no so no nifa mu.
8 # Adi 14.2; 15.2; 8.3-4 Na ogyee nhoma no no, ateasefo baanan no ne mpanyimfo aduonu anan no hwehwee oguammaa no anim, wɔn nyinaa kurakura asanku ne sika ayowa a ohuam ayɛ no mama a ɛyɛ ahotefo mpaebɔ no. 9#Nnw 33.3 Na wɔtoo dwom foforo sɛ:
Wofata sɛ wugye nhoma no
na wubue ne nsɔano no,
efisɛ wɔakum wo, na wode wo mogya atɔ yɛn ama Onyankopɔn,
afi mmusua ne ɔkasa ne nkurɔfo ne aman nyinaa mu,
10 # Adi 1.6; 20.6; 22.5 na woayɛ wɔn ahemman ne asɔfo ama yɛn Nyankopɔn,
na wobedi asase so ahene.
11 # 1 Ah 22.19; Dan 7.10 Na mehwɛe, na metee abɔfo bebree a wɔatwa ahengua no ne ateasefo no ne mpanyimfo no ho kɔntɔnkrɔn nne, wɔn ano si mpempem ne mpem ahorow mpem, 12#1 Be 29.11; Flp 2.9-10 na wɔde nne kɛse too dwom sɛ:
Oguammaa a wokum no no
fata sɛ ogye tumi ne ahonya ne nyansa ne ahoɔden
ne nidi ne anuonyam ne nhyira.
13Na abɔde a ɛwɔ ɔsoro ne asase so ne asase ase ne ɛpo so ne nea ɛwɔ mu nyinaa, de nne kɛse to dwom sɛ:
Nhyira ne nidi ne anuonyam ne tumi
nka nea ɔte ahengua no so
ne oguammaa no daa daa.
14 # Adi 4.10; 19.4 Na ateasefo baanan no kae sɛ: Amen. Na mpanyimfo no hwehwee ase, na wɔkotow sɔree.

Currently Selected:

Adiyisɛm 5: RATB

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in