1
Adiyisɛm 5:9
KYERƐW KRONKRON
Na wɔtoo dwom foforo sɛ: Wofata sɛ wugye nhoma no na wubue ne nsɔano no, efisɛ wɔakum wo, na wode wo mogya atɔ yɛn ama Onyankopɔn, afi mmusua ne ɔkasa ne nkurɔfo ne aman nyinaa mu
Compare
Explore Adiyisɛm 5:9
2
Adiyisɛm 5:12
na wɔde nne kɛse too dwom sɛ: Oguammaa a wokum no no fata sɛ ogye tumi ne ahonya ne nyansa ne ahoɔden ne nidi ne anuonyam ne nhyira.
Explore Adiyisɛm 5:12
3
Adiyisɛm 5:10
na woayɛ wɔn ahemman ne asɔfo ama yɛn Nyankopɔn, na wobedi asase so ahene.
Explore Adiyisɛm 5:10
4
Adiyisɛm 5:13
Na abɔde a ɛwɔ ɔsoro ne asase so ne asase ase ne ɛpo so ne nea ɛwɔ mu nyinaa, de nne kɛse to dwom sɛ: Nhyira ne nidi ne anuonyam ne tumi nka nea ɔte ahengua no so ne oguammaa no daa daa.
Explore Adiyisɛm 5:13
5
Adiyisɛm 5:5
Na mpanyimfo no mu biako ka kyerɛɛ me sɛ: Nsu, hwɛ, Yuda abusuakuw mu gyata no, Dawid ntini no, adi nkonim sɛ obebue nhoma no mu na watetew ne nsɔano ason no.
Explore Adiyisɛm 5:5
Home
Bible
Plans
Videos