Na ɔtew nsɔano a ɛto so abiɛsa no ano no, metee sɛ ɔteasefo a ɔto so abiɛsa no se: Bra! Na mihui, na hwɛ, ɔpɔnkɔbiri bi ni, na nea ɔte no so no kura nsenia ne nsam. Na metee nne bi ateasefo baanan no mfinimfini a ese: Yɛ awi susukora denare, na yɛ aburow susukora abiɛsa denare; nanso ngo ne nsa de, nyɛ no hwee!