1
Adiyisɛm 7:9
KYERƐW KRONKRON
Eyinom akyi no mihui, na hwɛ, nnipakuw kɛse a obi ntumi nkan wɔn a wofi aman ne mmuasuakuw ne nkurɔfo ne ɔkasa nyinaa mu no gyinagyina ahengua no ne oguammaa no anim hyehyɛ ntade fitaa, na wokurakura berɛw
Compare
Explore Adiyisɛm 7:9
2
Adiyisɛm 7:10
na wɔde nne kɛse teɛɛm sɛ: Nkwagye no yɛ yɛn Nyankopɔn a ɔte ahengua no so ne oguammaa no dea.
Explore Adiyisɛm 7:10
3
Adiyisɛm 7:17
Na oguammaa a ɔwɔ ahengua no mfinimfini no bɛyɛ wɔn hwɛfo, na ɔde wɔn akɔ nkwa asuti ho, na Onyankopɔn bɛpopa nusu nyinaa afi wɔn aniwa mu.
Explore Adiyisɛm 7:17
4
Adiyisɛm 7:15-16
Eyi nti na wɔwɔ Onyankopɔn ahengua anim, na wɔsom no awia ne anadwo n’asɔredan mu, na nea ɔte ahengua no so no bɛkata wɔn so. Ɔkɔm renne wɔn bio, nso osukɔm renne wɔn bio, nanso owia anaa ahohuru biara rento wɔn.
Explore Adiyisɛm 7:15-16
5
Adiyisɛm 7:3-4
sɛ: Monnhaw asase anaa ɛpo anaa nnua kosi sɛ yɛde agyirae besisi yɛn Nyankopɔn nkoa moma so. Na metee wɔn a wɔasɔ wɔn ano no dodow: Mpem ɔha aduanan anan na wɔasɔ wɔn ano Israel mma mmusuakuw nyinaa mu.
Explore Adiyisɛm 7:3-4
Home
Bible
Plans
Videos