Adiyisɛm 6:12-13
Adiyisɛm 6:12-13 RATB
Na ɔtew nsɔano a ɛto so asia no ano no, mihui, na asase wosowee kɛse, na owia yɛɛ tumm sɛ ayitam, na ɔsram dan sɛ mogya. Na ɔsoro nsoromma hwehwee asase so te sɛ borɔdɔma a mframa kɛse wosow no tetew n’aba bun gu.