Adiyisɛm 4
4
Ɔsɔre wɔ Ɔsoro
1 #
Adi 1.10
Eyi akyi no, mehwɛe, na hwɛ, wɔahiɛ ɔpon ɔsoro, na ɛnne a metee kan sɛ torobɛnto a ɛne me kasae no se: Foro bra ha na mɛkyerɛ wo nea etwa sɛ eyinom akyi no ɛba. 2#Adi 1.10; Hes 1.26; 10.1; Yes 6.1 Na ntɛm ara na mewɔ honhom mu. Na hwɛ, wɔde ahengua asi soro, na obi te ahengua no so. 3#Hes 1.26-28 Na nea ɔte so no, wohwɛ no a, ɔte sɛ ahwehwɛbo ne bogyanambo, na nyankontɔn a wohwɛ a, ɛte sɛ ahabammonobo atwa ahengua no ho ahyia. 4#Yes 24.23; Adi 3.4; 5.10 Na nhengua aduonu anan atwa ahengua no ho ahyia, na mihuu mpanyimfo aduonu anan sɛ wɔtete nhengua no so hyehyɛ ntade fitaa na sika abotiri bobɔ wɔn ti.
5 #
Adi 8.5; 11.19; 16.18; Sak 4.2; Adi 1.4 Na anyinam ne ɛnne horow ne aprannaa fi ahengua no mu fii adi, na ogya akanea ason a ɛyɛ Onyankopɔn ahonhom ason no redɛw ahengua no anim. 6#Hes 1.22; 1.5 Na ahwehwɛ po a ɛte sɛ ahwehwɛ wɔ ahengua no anim, na ateasefo baanan a aniwa ayeyɛ wɔn anim ne wɔn akyi mama wowɔ ahengua no ho wɔ mfinimfini, na wɔatwa ahengua no ho ahyia. 7#Hes 1.10; 10.14 Na ɔteasefo a odi kan no te sɛ gyata, na ɔteasefo a ɔto so abien no te sɛ nantwi ba, na ɔteasefo a ɔto so abiɛsa no wɔ anim te sɛ onipa, na ɔteasefo a ɔto so anan no te sɛ ɔkɔre a otu. 8#Yes 6.3 Na ateasefo baanan no mu biara wɔ ntaban asia, na aniwa ahyehyɛ wɔn ho ne wɔn mu mama, na wɔto dwom daa awia ne anadwo sɛ:
Kronkron, kronkron, kronkron
ne Awurade Nyankopɔn, ade nyinaa so tumfo
a ɔtenaa hɔ, na ɔwɔ hɔ, na ɔrebɛba.
9Na sɛ ateasefo no de anuonyam ne nidi ne aseda ma nea ɔte ahengua no so a ɔte ase daa daa no a, 10#Adi 5.14 mpanyimfo aduonu anan no hwehwe nea ɔte ahengua no so no anim ase, na wɔkotow nea ɔte ase daa daa no, na woyiyi wɔn abotiri no gu ahengua no anim to dwom sɛ:
11Awurade, wofata
sɛ wugye anuonyam ne nidi ne tumi,
efisɛ wo na wobɔɔ nneɛma nyinaa,
na wo pɛ nti na wɔwɔ hɔ na wɔbɔe.
Currently Selected:
Adiyisɛm 4: RATB
Highlight
Share
Copy

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.