YouVersion Logo
Search Icon

Asomafo 5

5
Atorodi so asotwe
1Na ɔbarima bi a ne din de Anania ne ne yere Safira kɔtɔn asase bi, 2#Aso 4.37 na woyii ti ade no bi siei, a ne yere nso nim, na wɔde ɔfa bi brɛɛ asomafo no. 3#Yoh 13.2 Na Petro kae sɛ: Anania, adɛn nti na Satan ahyɛ wo koma ma sɛ bedi atoro kyerɛ Honhom Kronkron, na woayi asase no ti ade bi asie? 4Ɛwɔ hɔ no, ɛnyɛ wo dea? Na wotɔnee no nso, enni wo ankasa wo nsam? Adɛn na wofaa saa adwene yi? Ɛnyɛ nnipa na woadi atoro akyerɛ wɔn, na ɛyɛ Onyankopɔn. 5Na Anania tee nsɛm yi no, ɔhwee ase wui. Na ehu kɛse baa wɔn a wɔtee eyinom nyinaa so. 6Na mmerante no sɔre kyekyeree no, na wɔde no fii adi kosiee no. 7Na ɛbae sɛ ɛbɛyɛ nnɔnhwerew abiɛsa akyi no, ne yere a onnim nea asi no bae. 8Na Petro bisaa no sɛ: Motɔn asase no gyee saa anaa? Ka kyerɛ me! Na ose: Yiw, saa ara. 9Na Petro ka kyerɛɛ no sɛ: Adɛn na moadi nokoro sɛ morebɛsɔ Awurade Honhom ahwɛ yi? Hwɛ, wɔn a wokosiee wo kunu no anan tiatia abobow ano, na wɔbɛsoa wo nso afi adi. 10Na amonom hɔ ara ɔhwee ne nan ase wui. Na mmerante no bae behuu no sɛ wawu no, wɔsoaa no fii adi kosiee no ne kunu nkyɛn. 11Na ehu kɛse kaa asafo mu no ne wɔn a wɔtee eyinom nyinaa.
Anwonwade ahorow
12 # Aso 3.11 Na wɔnam asomafo no nsa so yɛɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade pii ɔman no mu. Na wɔn nyinaa de koma koro wɔ Solomon abrannaa so. 13Na wɔn a aka no mu biara ansi ne bo sɛ ɔde ne ho bɛbɔ wɔn ho, nanso ɔman no buu wɔn kɛse. 14#Aso 2.47; 6.7 Na nnipa bebree a wogye dii no, mmarima ne mmea bebree, bɛkaa Awurade asafo no ho. 15#Aso 19.11-12 Na ɛma wɔde ayarefo fii adi baa mprama so bɛtotoo mpa ne kɛtɛ so, na sɛ Petro retwam a, ne sunsuma atɔ wɔn mu bi so. 16Na nkurow a atwa Yerusalem ho ahyia no mu nnipa pii nso behyiae Yerusalem de ayarefo ne wɔn a ahonhom fi haw wɔn bae, na wɔsaa wɔn nyinaa yare.
Woyi asomafo no fi afiase
17 # Aso 4.1; 4.6 Na ɔsɔfo panyin ne wɔn a wɔka ne ho a wofi Sadukifo fekuw mu no nyinaa sɔree, na anibere nti 18wɔtow hyɛɛ asomafo no so de wɔn koguu kwasafo afiase. 19#Aso 12.7 Na Awurade bɔfo behiɛɛ afiase no apon anadwo, na ɔde wɔn fii adi kae sɛ: 20Monkɔ nkogyina asɔrefi nka nkwa yi nsɛm no nyinaa nkyerɛ ɔman no.
Wɔkyerɛkyerɛ asɔrefi
21Na wɔtee no, wɔkɔɔ asɔrefi ahemadakye kɔkyerɛkyerɛe. Na ɔsɔfo panyin ne wɔn a wɔka ne ho no bae, na wɔfrɛɛ baguafo ne Israel mma mpanyimfo nyinaa hyiae na wɔsoma kɔɔ afiase hɔ sɛ wɔnkɔfa wɔn mmra. 22Na asomfo no kɔɔ hɔ na wɔanhu wɔn afiase hɔ no, wɔsan bɛkae 23sɛ: Afiase no de, yehui sɛ wɔato mu yiye pɛpɛɛpɛ, na awɛmfo no gyina akyiri apon no ano; nanso yehiɛe no, yɛanhu obiara wɔ mu. 24Na asɔrefi safohene ne asɔfo mpanyin no tee nsɛm yi no, wɔn tirim yɛɛ wɔn keserenee wɔ ho sɛ eyi bɛyɛ dɛn ni? 25Na obi bae bɛka kyerɛɛ wɔn sɛ: Hwɛ, mmarima a mode wɔn guu afiase no gyina asɔrefi rekyerɛkyerɛ ɔman no.
Petro di owusɔre ho adanse
26Ɛnna ɔsafohene ne asomfo no fi hɔ kɔe kɔfaa wɔn bae, ɛnyɛ anibere so, efisɛ wosuro ɔman no sɛ anyɛ a, wobesiw wɔn abo. 27Na wɔde wɔn bae begyinaa wɔn gua no mu, na ɔsɔfo panyin no bisaa wɔn 28#Aso 4.18; Mat 27.25 sɛ: Yɛammara mo ketee sɛ monnkyerɛkyerɛ din yi mu anaa? Na hwɛ, mode mo kyerɛ yi ahyɛ Yerusalem ma, na mopɛ sɛ mode onipa yi mogya ba yɛn so. 29#Aso 4.19; Dan 3.18 Na Petro ne asomafo no buae sɛ: Ɛsɛ sɛ yetie Onyankopɔn mmom sen nnipa. 30#Aso 3.15 Yɛn agyanom Nyankopɔn nyan Yesu a mosɛn no dua so kum no no; 31#Aso 2.33 ɔno na Onyankopɔn maa no so kɔɔ ne nifa sɛ Ɔsafohene ne Agyenkwa, sɛ ɔmma Israel adwensakra ne bɔne fakyɛ. 32#Luka 24.48; Yoh 15.26-27 Yiw, yɛn nso yɛyɛ eyinom ho adansefo na saa ara nso na Honhom Kronkron a Onyankopɔn de ma wɔn a wotie no no nso yɛ. 33#Aso 7.54 Na wɔtee no, etwiw wɔn na wotuu agyina sɛ wobekum wɔn.
Gamaliel afotu
34 # Aso 22.3 Na baguafo no mu biako a ɔyɛ Farisini a ne din de Gamaliel a ɔyɛ mmarakyerɛfo a ɔman no nyinaa bu no, sɔre hyɛe sɛ wɔmfa nnipa no mfi adi kakra. 35Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Israel mmarima, monhwɛ mo ho yiye nnipa yi ho wɔ nea mo ne wɔn rebedi yi ho. 36Na ɛnkyɛe na Teuda a ɔyɛɛ ne ho sɛ obi sɔree, na mmarima a wɔn ano bɛyɛ sɛ ahanan de wɔn ho bɔɔ ne ho; ɔno na wokum no, na wɔn a wotiee no nyinaa hwetee, na wɔyɛɛ ɔkwa. 37Oyi akyi no, Galileani Yuda sɔree kan nna no mu, na ɔtwee nkurɔfo bebree dii n’akyi; na ɔno nso wui, na wɔn a wotiee no nyinaa bɔ petee. 38#Mat 15.13 Na afei de, mise mo sɛ: Munyi mo ho mfi nnipa yi ho, na munnyaa wɔn! Na sɛ ebia agyina yi anaa adwuma yi fi nnipa a, ɛbɛsɛe. 39#Aso 9.5 Na sɛ nso efi Onyankopɔn a, muntumi nsɛe wɔn, na moammɛyɛ sɛ mo ne Onyankopɔn po na ɛreko.
Wogyaa asomafo no
40 # Aso 22.19 Na wotiee no, na wɔfrɛɛ asomafo no bae, na wɔhwee wɔn hyɛɛ wɔn sɛ wɔnnkasa Yesu din mu, na wogyaa wɔn. 41#Mat 5.10-12; 1 Pe 4.13 Ɛnna wɔde anigye fii baguafo no anim hɔ kɔe sɛ wɔabu wɔn sɛ wɔsɛ sɛ ne din nti wɔbɔ wɔn ahohora. 42Na wɔannyae sɛ daa nyinaa wɔka asɛmpa no na wɔkyerɛkyerɛ wɔ asɔrefi sɛ Yesu ne Kristo no.

Currently Selected:

Asomafo 5: RATB

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in