Asomafo 6
6
Asafo mu asomfo yi
1 #
Aso 4.35
Na nna no mu a asuafo no redɔɔso no, huhuhuhu baa Helenfo no mu tiaa Hebrifo no sɛ wobu wɔn ani gu wɔn akunafo daa ɔhwɛ a wɔhwɛ wɔn no so. 2Na dumien no frɛɛ asuafokuw no bae, na wɔkae sɛ: Ɛmfata sɛ yebegyaw Onyankopɔn asɛm akɔsom apon so. 3#1 Tim 3.7-8 Enti, anuanom, mompɛ mo mu mmarima baasɔn a wɔwɔ din pa a Honhom ne nyansa ayɛ wɔn ma, na yɛmfa wɔn nsi adwuma yi so; 4na yɛn de, yɛbɛkɔ so ara akura mpaebɔ ne anyamesɛm no som mu. 5#Aso 8.5 Na asɛm no sɔɔ nnipakuw no nyinaa ani. Na wɔpaw Stefano, ɔbarima a gyidi ne Honhom Kronkron ayɛ no ma, ne Filipo ne Prokoro ne Nikanor ne Timon ne Parmena ne Nikolao a ofi Antiokia a wadan Yudani. 6#Aso 1.24; 13.3; 14.23 Eyinom na wɔde wɔn gyinaa asomafo no anim, na wɔsɔree de wɔn nsa guu wɔn so.
7 #
Aso 19.20
Na Onyankopɔn asɛm no kɔɔ so, na asuafo no dɔe pii Yerusalem, na asɔfo no mu pii nso yɛɛ osetie maa gyidi no.
Stefano kyere
8Na Stefano a gyidi ne tumi ahyɛ no ma no yɛɛ anwonwade ne nsɛnkyerɛnne akɛse ɔman no mu. 9Na nnipa bi a wofi hyiadan a wɔfrɛ no Fawohodifo hyiadan ne Kirenefo ne Aleksandriafo ne wɔn a wofi Kilikia ne Asia sɔree, na wɔne Stefano gyee akyinnye, 10#Luka 21.15 nanso wɔantumi annyina nyansa ne honhom a ɔde kasae no ano. 11#Mat 26.60-66 Ɛnna wɔne nnipa bi hyehyɛe ma wɔkae sɛ: Yɛate sɛ ɔkaa abususɛm tiaa Mose ne Nyankopɔn. 12Na wɔhwanyan ɔman no ne mpanyimfo ne Akyerɛwfo no mu, na wɔbaa no so bɛkyeree no twee no kɔɔ gua mu. 13#Yer 26.11 Na wɔde adansekurumfo begyinaa hɔ a wose: Onipa yi nnyae abususɛm a ɔka tia kronkronbea hɔ ne mmara no ka. 14Na yɛate sɛ ɔkae sɛ: Yesu Nasareni yi bɛsɛe ha, na wasakra amanne a Mose de ama yɛn no. 15Na wɔn a wɔte guam hɔ no nyinaa hwɛɛ no dinn, na wohui sɛ n’anim te sɛ ɔsoro ɔbɔfo anim.
Currently Selected:
Asomafo 6: RATB
Highlight
Share
Copy
![None](/_next/image?url=https%3A%2F%2Fimageproxy.youversionapi.com%2F58%2Fhttps%3A%2F%2Fweb-assets.youversion.com%2Fapp-icons%2Fen.png&w=128&q=75)
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.