Na Petro kae sɛ: Anania, adɛn nti na Satan ahyɛ wo koma ma sɛ bedi atoro kyerɛ Honhom Kronkron, na woayi asase no ti ade bi asie? Ɛwɔ hɔ no, ɛnyɛ wo dea? Na wotɔnee no nso, enni wo ankasa wo nsam? Adɛn na wofaa saa adwene yi? Ɛnyɛ nnipa na woadi atoro akyerɛ wɔn, na ɛyɛ Onyankopɔn. Na Anania tee nsɛm yi no, ɔhwee ase wui. Na ehu kɛse baa wɔn a wɔtee eyinom nyinaa so.