Asomafo 5:38-39
Asomafo 5:38-39 RATB
Na afei de, mise mo sɛ: Munyi mo ho mfi nnipa yi ho, na munnyaa wɔn! Na sɛ ebia agyina yi anaa adwuma yi fi nnipa a, ɛbɛsɛe. Na sɛ nso efi Onyankopɔn a, muntumi nsɛe wɔn, na moammɛyɛ sɛ mo ne Onyankopɔn po na ɛreko.