YouVersion Logo
Search Icon

Marko 16

16
Yesu wusɔre no
(Mateo 28.1-8; Luka 24.1-12; Yohane 20.1-10)
1Na homeda no twaa mu no, Maria Magdalene ne Yakob ne na Maria ne Salome tɔɔ nnuhuam sɛ wɔde reba abɛsra no. 2Na da a edi nnawɔtwe kan no anɔpahema, wɔbaa ɔda no so, na awia apue. 3Na wosisee wɔn ho sɛ: Hena na obemuni ɔbo no afi ɔda no ano ama yɛn? 4Na wɔmaa wɔn ani so no, wohui sɛ ɔbo a ɛso kokuroo no amuni dedaw. 5Na wɔkɔɔ ɔda no mu no, wohuu aberante bi sɛ ɔte nifa so hyɛ atade tenten fitaa, na wɔbɔɔ piriw. 6Na osee wɔn sɛ: Mommmɔ piriw; mohwehwɛ Yesu Nasareni a wɔbɔɔ no asɛnnua mu no. Wanyan, onni ha. Monhwɛ faako a wɔde no toe! 7#Mar 14.28 Na monkɔ nkɔka nkyerɛ n’asuafo ne Petro sɛ ɔredi mo anim akɔ Galilea; ɛhɔ na mubehu no, sɛnea ɔka kyerɛɛ mo no. 8Na wofii adi ntɛm ara guan fii ɔda no ho; na ahopopo ne ahodwiriw aka wɔn. Na wɔanka hwee ankyerɛ obiara; efisɛ na wosuro.
Maria Magdalene hu Yesu
9 # Luka 8.2; Yoh 20.11-18 [Na ɔsɔree da a edi nnawɔtwe kan anɔpatutu no, oyii ne ho adi kyerɛɛ Maria Magdalene a otuu ahonhommɔne ason fii ne mu no kan]. 10Na ɔkɔe kɔka kyerɛɛ wɔn a wɔne no tenae a wɔn werɛ ahow na wɔresu no. 11Na wɔn de wɔtee sɛ ɔte ase na wɔahu no no, wɔannye wɔn anni.
Yesu yi ne ho adi kyerɛ Asuafo baanu
(Luka 24.36-49; Yohane 20.19-23)
12 # Luka 24.13-35 Eyinom akyi no, oyii ne ho adi suban foforo so kyerɛɛ wɔn mu baanu a wɔnam rekɔ akuraa hɔ no. 13Na wɔn nso ba bɛka kyerɛɛ nkae no; na wɔnnye nso anni.
14 # 1 Ko 15.5 Akyiri no a dubiako no te adidii no, oyii ne ho adi kyerɛɛ wɔn, na ɔkaa wɔn anim, ogye a wonnye nni no ne wɔn komaden ho, sɛ wɔannye wɔn a wohuu no sɛ wasɔre no anni nti.
Asomafo no asɛmpa ka
15 # Mat 28.18-20 Na osee wɔn sɛ: Monkɔ wiase nyinaa nkɔka asɛmpa no nkyerɛ abɔde nyinaa. 16#Aso 2.38 Nea ogye di na wɔabɔ no asu no, wobegye no nkwa, na nea onnye nni no, wobebu no fɔ. 17#Aso 16.18; 2.4; 2.11; 10.46 Na nsɛnkyerɛnne yi bedi wɔn a wobegye adi no akyi: Me din mu, wobetu ahonhommɔne, wɔbɛkasa kasa foforo, 18#Luka 10.19; Aso 28.3-6; Yak 5.14-15 wɔbɛma awɔ so, na sɛ wɔnom awuduru biara a, ɛrenyɛ wɔn hwee; wɔde wɔn nsa begu ayarefo so ama wɔn ho ayɛ wɔn den.
Yesu sorokɔ
(Luka 24.50-53; Asomafo 1.4-11)
19 # Nnw 110.1; Aso 7.55 Na afei, Awurade Yesu ne wɔn kasae akyi no, wɔfaa no kɔɔ ɔsoro, na ɔkɔtenaa Onyankopɔn nifa. 20#Heb 2.4 Na wɔn de, wofii hɔ kɔe kɔkaa asɛm no mmaa nyinaa, na Awurade ne wɔn yɛɛ adwuma nam nsɛnkyerɛnne a ɛka ho no so hyɛɛ asɛm no den.

Currently Selected:

Marko 16: ATWDB

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in