Luka NHYƐNMU
NHYƐNMU
Luka Asɛmpa no ma yehu Yesu sɛ ɔne Israel Agyenkwa, ne adasamma nyinaa Agyenkwa a wɔhyɛɛ ne ho bɔ no. Luka kyerɛw sɛ: Awurade Honhom afrɛ Yesu sɛ” ɔmmɛka asɛmpa no nkyerɛ ahiafo” 4.18. Nea ɛwɔ asɛmpa no mu titiriw ne adwempa a ɛwɔ hɔ ma wɔn a biribi ahorow ho hia wɔn. Anigye nsɛm yɛ ade a edi akoten wɔ Luka asɛmpa no mu ne titiriw wɔ ti a ɛhyɛ ase a ɛbɔ Yesu ba no ho kaseɛ, na ekowie wɔ Yesu sorokɔ ho. Ɔkyerɛwfo no kasa fa Kristosom gyidi trɛw ne ne nyin wɔ Yesu sorokɔ akyi wɔ Asomafo nnwuma nhoma mu saa ara.
Afa ahorow abien na ɛwɔ saa nhoma yi mu. (Ti. 1-2 ne Ti 9-19) na ekura nsɛm bi a Luka asɛmpa yi mu nkutoo na wohu, ebi te sɛ abɔfo nnwom a wɔtoe ne nguanhwɛfo no nsrahwɛ, bere a wɔwoo Yesu no. Nea ɛkeka ho bio ne: Abarimaa Yesu no asɔrefi kɔ, mfatoho nsɛm a ɔka faa Samariani pa no ho; ne ɔba hohwini no ho nsɛm. Asɛmpa no mu baabiara wosi mpaebɔ, Honhom Kronkron, mmea kyɛfa wɔ Yesu som adwuma mu ne Onyankopɔn bɔnefakyɛ so dua.
EMU NSƐM
Nhyɛnmu 1.1-4
Nhoma no mfiase ne ne nkyerɛkyerɛmu 1.5—2.52
Osuboni Yohane som adwuma 3.1-20
Yesu asubɔ ne ne sɔhwɛ 3.21—4.13
Yesu som adwuma wɔ Galilea abɔnten so 4.14—9.50
Yesu fi Galilea rekɔ Yerusalem 9.51—19.27
Nnawɔtwe a edi akyi wɔ Yerusalem ne nkurow a ɛbɛn hɔ 19.28—23.56
Awurade Yesu wusɔre, n’ahoyi ne ne sorokɔ no. 24.1-53
Currently Selected:
Luka NHYƐNMU: ATWDB
Highlight
Share
Copy

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.