YouVersion Logo
Search Icon

Marko 15

15
Wɔde Yesu kɔgyina amrado anim
(Mateo 27.1-2; Luka 23.1-5; Yohane 18.28-38)
1Na ntɛm ara, ɛrekɔ anɔpa no, asɔfo mpanyimfo ne kyerɛwfo ne baguafo no nyinaa kɔɔ agyina, na wɔkyekyeree Yesu de no kɔe kɔhyɛɛ Pilato nsa.
2Na Pilato bisaa no sɛ: Wone Yudafo hene no anaa? Na Yesu bua see no sɛ: Wo na woreka. 3Na asɔfo mpanyimfo no totoo n’ano pii. 4Na Pilato bisaa no bio sɛ: Wummua hwee? Hwɛ nsɛm pii a wɔka gu wo so yi! 5#Mar 14.61; Yes 53.7 Na Yesu ammua hwee bio ma ɛyɛɛ Pilato nwonwa.
6Nso daa, afahyɛ no mu no, ogyaa ɔdeduani biako biara a wɔsrɛ no ma wɔn. 7Na obi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Baraba a wɔagu no ne wɔn a wɔasɔre atia aban no, na wɔadi awu basabasayɛ no mu no mpokyerɛ. 8Na nkurɔfokuw no kɔe kofii ase srɛɛ no dennennen sɛ ɔnyɛ sɛnea ɔyɛ ma wɔn daa no. 9Na Pilato bua see wɔn sɛ: Mopɛ sɛ migyaa Yudafo hene no mema mo? 10#Yoh 11.48 Na ohui sɛ nitan nti na asɔfo mpanyimfo no yii no mae. 11Na asɔfo mpanyimfo no hwanyan nkurɔfokuw no mu sɛ wɔmma onnyaa Baraba mmom mma wɔn. 12Na Pilato bua see wɔn bio sɛ: Ɛdɛn na mopɛ sɛ meyɛ nea mofrɛ no Yudafo hene no? 13Na wɔteɛɛm bio sɛ: Bɔ no asɛnnua mu! 14Na Pilato ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Na bɔne bɛn na wayɛ? Na wɔteɛɛm dennennen sɛ: Bɔ no asɛnnua mu. 15Na Pilato pɛe sɛ ɔsɔ nkurɔfokuw no ani nti, ogyaa Baraba maa wɔn; na Yesu de, ɔhwee no mpire no, oyii no mae sɛ wɔnkɔbɔ no asɛnnua mu.
Yesu ho fɛwdi
16Na asraafo no de no kɔɔ amrado aban no adiwo hɔ, na wɔfrɛɛ asraafokuw no nyinaa hyiae. 17Na wɔhyɛɛ no atade kɔkɔɔ bi, na wɔnwenee nsɔe abotiri hyɛɛ no, 18na wofii ase kyiaa no sɛ: Yudafo hene, Mo! 19Na wɔde abaa paa n’atifi, na wɔtoo ntasu guu no so, na wobuu nkotodwe sɔree no.
Golgota
(Mateo 27.31-56; Luka 23.26-49; Yohane 19.16-30)
20Na wowiee ne ho fɛwdi no, woyii atade kɔkɔɔ no, de n’ankasa atade hyɛɛ no. Na wɔde no kɔe sɛ wɔrekɔbɔ no asɛnnua mu. 21#Rom 16.13 Na wɔhyɛɛ Simon, Kireneni bi a ofi afum retwam a ɔyɛ Aleksandro ne Rufo n’agya, sɛ ɔnsoa n’asɛnnua no. 22Na wɔde no koduu baabi a wɔfrɛ hɔ Golgota; (ne nkyerɛase ne tikwankorabea so). 23#Nnw 69.21 Na wɔmaa no nsa a wɔde aduhuam afra mu, nanso wannye. 24#Nnw 22.18 Na wɔbɔɔ no asɛnnua mu, na wɔkyekyɛɛ ne ntade mu bɔɔ so ntonto hwehwɛɛ nea ɛbɛyɛ obiara de. 25Na ɛyɛ dɔn a ɛto so abiɛsa mu na wɔbɔɔ no asɛnnua mu. 26Na wɔkyerɛw n’afɔdisɛm no wɔ n’atifi sɛ: YUDAFO HENE NO!
27Na wɔsɛn akwamukafo baanu kaa ne ho, obiako wɔ ne nifa, na obiako wɔ ne benkum; 28#Yes 53.12 [na kyerɛw a ese: Wɔakan no afra amumɔyɛfo mu no baa mu]. 29#Mar 14.58 Na wɔn a wɔretwam no kaa abususɛm tiaa no wosow wɔn ti kae sɛ: Ao, wo a wudwiriw asɔredan na wusi no nnansa ni! 30Gye wo ho fi asɛnnua no so si fam! 31Saa ara na asɔfo mpanyin ne kyerɛwfo no dii ne ho fɛw wɔ wɔn ntam sɛ: Ogyee ebinom, na ontumi nnye ne ho. 32#Mat 16.1; 16.4 Afei ma Kristo no, Israel hene, mfi asɛnnua no so nsi fam, na yenhu na yennye nni! Na wɔn a wɔbɔɔ wɔne no asɛnnua mu no nso yaw no.
Yesu wu
33Na dɔn a ɛto so asia no mu no, esum duruu asase nyinaa so kosii dɔn a ɛto so akron. 34#Nnw 22.1 Na dɔn a ɛto so akron no mu no, Yesu de nne kɛse teɛɛm sɛ: Eloi, Eloi, lama sabaktani? A ne nkyerɛase ne: Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, adɛn nti na woagyaw me yi? 35Na wɔn a wogyina hɔ no binom tee no, wɔkae sɛ: Hwɛ, ɔrefrɛ Elia! 36Na obiako tuu mmirika de sapɔw kɔbɔɔ nsa kekakeka bi mu de tuaa demmire ano, de maa no sɛ ɔnom, na onipa ko kae sɛ: Munnyae mma yɛnhwɛ sɛ, Elia bɛba abeyi no asi fam anaa? 37Na Yesu de nne kɛse teɛɛm no, owui. 38Na ntama a etwa asɔredan mu no mu tew abien fi soro besii fam. 39Na asraafo ha so panyin a ogyina n’anim ntentenso no tee sɛ ɔteɛɛm saa na ɔrewu no, ɔkae sɛ: Ampa ara, onipa yi yɛ Onyame ba! 40#Luka 8.2-3 Na mmea bi nso wɔ hɔ a na wogyina akyirikyiri rehwɛ, na Maria Magdalene nso ne Yakob kumaa ne Yose ne na Maria, ne Salome ka ho; 41nso ɔwɔ Galilea no, na wodi n’akyi, na wɔsom no, ne mmea afoforo pii a wɔka no ho baa Yerusalem no.
Yesu amu sie
(Mateo 27.57-61; Luka 23.50-55; Yohane 19.38-42)
42Na enya duu anwummere, na ɛyɛ ahosiesie da a ɛne da a edi homeda anim no nti, 43Yosef a ofi Arimatea, baguani a ɔwɔ din pa a ɔno nso retwɛn Onyankopɔn ahenni no de akokoduru kɔɔ Pilato nkyɛn kɔsrɛɛ Yesu amu no. 44Na Pilato adwene mu yɛɛ no naa, efisɛ onnim sɛ wawu ampa anaa; na ɔfrɛɛ asraafo ha so panyin no bisaa no sɛ owui akyɛ anaa? 45Na asraafo ha so panyin no bɛkae sɛ wawu no, ɔde amu no kyɛɛ Yosef. 46Na Yosef tɔɔ nwera, na oyii Yesu de nwera no kyekyeree ne ho, na ɔde no kɔtoo ɔda a wɔatwa no ɔbotan bi mu mu, na opiaa ɔbo de kataa ɔda no ano. 47Na Maria Magdalene ne Maria, Yose ne na, huu faako a wɔde no toe.

Currently Selected:

Marko 15: ATWDB

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in