Romafoɔ 13
13
Yɛne ɔman ntam asɛm
1 #
Tito 3.1; Yoh 19.11; Mmb 8.15 Momma nnipa nyinaa mmrɛbrɛ wɔn ho ase nhyɛ ɔman mu mpanimfoɔ tumi no ase. Na tumi biara nni hɔ gye deɛ ɛfiri Onyankopɔn; nanso tumi a ɛwowɔ hɔ no, Onyankopɔn na wahyɛ ato hɔ. 2Enti obiara a ɔne tumi no di asie no, ɔne deɛ Onyankopɔn ahyɛ ato hɔ di asie; na wɔn a wɔdi asie no bɛnya afobuo. 3#1 Pe 2.13-14 Na wɔn a wɔdi mpanin no ho nyɛ hu mma wɔn a wɔyɛ nnwuma pa, na mmom wɔn a wɔyɛ bɔne. Wompɛ sɛ wosuro tumi no anaa? Ɛnneɛ yɛ papa, na woanya wɔn hɔ ayeyie! 4#Dwom 82.6 Ɛfiri sɛ wɔyɛ Nyankopɔn asomfoɔ ma wo yieyɛ. Na sɛ woyɛ bɔne a, suro, na wɔnkura afena no kwa; na wɔyɛ Nyankopɔn asomfoɔ a wɔtɔ were de abufuo ba deɛ ɔyɛ bɔne no soɔ. 5Enti ɛtwa sɛ mobrɛ mo ho ase hyɛ wɔn ase, ɛnyɛ abufuo no nko nti, na mmom ahonim nso ntira.
6Yei nti nso na moyi toɔ, ɛfiri sɛ wɔyɛ Nyankopɔn asomfo a wɔkura saa ɔsom yi mu ara. 7#Mat 22.21 Montua obiara deɛ ɛsɛ no! Monyi ɛtoɔ ahodoɔ nyinaa mma deɛ ɛtoɔ sɛ no, monsuro deɛ suro sɛ no, monni deɛ anidie sɛ no ni.
Nokorɛ dɔ
8 #
Gal 5.14; 1 Ti 1.5 Monnne obiara ka gye sɛ ɔdɔ a mode dodɔ mo ho; na deɛ ɔdɔ ne yɔnko no awie mmara no so di. 9#Eks 20.13-17; Lew 19.18 Na mmara no: Nsɛe awadeɛ, nni awu, mmɔ korɔno, mma w’ani mmmere adeɛ! no, sɛ mmara asɛm biara ka ho a, wɔaka abɔ mu ahyɛ asɛm yi mu sɛ: Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho! 10#Mat 22.40 Ɔdɔ nyɛ ɔyɔnko bɔne, enti ɔdɔ ne mmara nyinaa so die.
Kristo da no abɛn
11 #
Efe 5.14; 1 Te 5.6-7 Na yei deɛ monim, monim ɛberɛ no, sɛ dɔn a mofiri nna mu sɔreɛ no anya adu, na afei yɛn nkwagyeɛ abɛn akyɛne berɛ a yɛdanee gyidifoɔ no. 12#1 Yoh 2.8; Efe 5.11 Anadwo akɔ n’anim, adekyeeɛ abɛn; enti momma yɛnyi sum mu nnwuma ngu, na yɛnhyɛ hann akodeɛ. 13#Luka 21.34; Efe 5.18 Momma yɛnnante fɛfɛɛfɛ, sɛdeɛ ɛfata hann, ɛnyɛ agobɔne ne nsaborɔ mu, ɛnyɛ adwamammɔ ne ahohwie mu, ɛnyɛ ɔko ne nitan mu; 14#Gal 3.27 na mmom monhyɛ Awurade Yesu Kristo sɛ atadeɛ, na mommma kwan mma ɔhonam akɔnnɔ nni mo so!
Currently Selected:
Romafoɔ 13: ASW
Highlight
Share
Copy

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
The Bible Society of Ghana, 2012