Romafoɔ 12
12
Kristo mu abrabɔ foforɔ
1 #
Rom 6.13; 1 Pe 2.5 Enti, anuanom, megyina Nyankopɔn mmɔborɔhunu so metu mo fo sɛ momfa mo nipadua nsi hɔ sɛ afɔdeɛ a ɛte aseɛ, a ɛyɛ kronkron a ɛsɔ Nyankopɔn ani, a ɛne mo nyamesom a adwene wɔ mu no. 2#Efe 4.23; 5.10; 5.17 Na monnyɛ mo ho sɛ wiase yi, na mmom momfa adwene mu foforɔyɛ nsakyera mo ho, na moasɔ deɛ Onyankopɔn pɛ a ɛyɛ, na ɛsɔ ani, na ɛyɛ pɛ no ahwɛ.
3 #
1 Ko 12.11; Efe 4.7 Na menam adom a wɔde adom me no so meka mekyerɛ mo mu biara sɛ ɔnnnwene nntra deɛ ɛsɛ sɛ ɔdwene, na mmom ɔnnwene anidahɔ adwene, sɛdeɛ Onyankopɔn asusu gyidie akyekyɛ de ama obiara no. 4#1 Ko 12.12 Na sɛdeɛ yɛwɔ honam akwaa bebree nipadua koro mu, na honam mu akwaa no nyinaa nni adwuma korɔ no, 5#1 Ko 12.27; Efe 4.25 saa ara nso na yɛn a yɛyɛ bebree no yɛ nipadua koro, Kristo mu, na yɛn nyinaa yeyɛ yɛn ho akwaa mmaako mmaako. 6#1 Ko 12.4 Na yɛwowɔ adom akyɛdeɛ a nsonsonoeɛ deda mu, sɛdeɛ adom a wɔde adom yɛn no teɛ. Sɛ ɛyɛ nkɔmhyɛ a, ma no nhyɛ no sɛdeɛ gyidie nsusuiɛ pa no teɛ. 7#1 Pe 4.10-11 Sɛ ɛyɛ ɛsom a, ma no ntena ɛsom no mu nsom. Sɛ ɔkyerɛkyerɛfoɔ a, ma no ntena nkyerɛkyerɛ mu nkyerɛkyerɛ. 8#Mat 6.3; 2 Ko 8.2; 9.7 Sɛ ɔfotufoɔ a, ma no ntena n’afotuo mu ntu fo. Sɛ ademukyɛfoɔ a, ma no nyi ne yam nkyɛ adeɛ. Sɛ mpaninnie a, ma no mmɔ ho mmɔden. Sɛ mmɔborɔhunufoɔ a, ma no mfa animteɛ nyɛ.
9 #
1 Ti 1.5; Amos 5.15 Mommma nyaatwom mmfra ɔdɔ mu! Monkyiri bɔne, mommata papa ho! 10#2 Pe 1.7; Flp 2.3 Momfa onuadɔ nnodɔ mo ho yie, monni kan nnidi mo ho ni. 11#Adi 3.15 Monnyɛ mmɔdemmɔ mu nyaa, monyɛ honhom mu hye, monsom Awurade! 12#1 Te 5.17 Momma mo ani nnye anidasoɔ mu, ahohia mu monto mo bo ase, monkura mpaebɔ mu ara! 13#Heb 13.2 Momma ahotefoɔ hia nhia mo bi, mommɔ ahɔhoyɛ ho mmɔden! 14#Mat 5.44; 1 Ko 4.12; Aso 7.60 Monhyira wɔn a wɔtaa mo, monhyira, na monnnome! 15#Dwom 35.13 Mo ne anigyefoɔ ani nnye, na mo ne asufoɔ nsu. 16#Rom 15.5; Yes 5.21 Mo nyinaa nnya adwenkorɔ; mommmoma mo ho so, na mmom momma ahobrɛasedeɛ mfa mo! Mommmu mo ho anyansafoɔ!
17 #
1 Te 5.15
Mommfa bɔne nntua obiara bɔne so ka! Monna nnwene nnoɔma a ɛyɛ fɛ nnipa nyinaa anim! 18#Mar 9.50; Heb 12.14 Sɛ ɛbɛtumi a, mo fam deɛ, mo ne nnipa nyinaa ntena asomdwoeɛ mu. 19#Lew 19.18; Mat 5.39; Deut 32.35 Adɔfo, monntotɔ mo ho were, na mmom monnyae mma Onyankopɔn abufuo! Na wɔatwerɛ sɛ: Me na aweretɔ wɔ me, me ara mɛtua ka, Awurade na ɔka saa. 20#Mmb 25.21-22; Mat 5.44 Enti sɛ ɛkɔm de wo tamfo a, ma no aduane! Sɛ sukɔm de no a, ma no biribi nnom! Na saayɛ na wode bɛboaboa nnyansramma ano agu n’atifi. 21Mma bɔne nnni wo so nim, na mmom fa papa di bɔne so nim!
Currently Selected:
Romafoɔ 12: ASW
Highlight
Share
Copy

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
The Bible Society of Ghana, 2012