Romafoɔ 11
11
Nyankopɔn mmɔborɔhunu a ɔwɔ ma Israel
1 #
Dwom 94.14; Yer 31.37; Flp 3.5 Na afei mese: Onyankopɔn ato ne man atwene anaa? Dabi da, na me nso meyɛ Israelni a mefiri Abraham asefoɔ mu, Benyamin abusuakuo mu. 2#1 Ah 19.10; 19.14 Onyankopɔn ntoo ne man a ɔhunuu wɔn sieeɛ no ntweneeɛ. Anaasɛ monnim deɛ atwerɛ no ka fa Elia ho, sɛ ɔgyina Nyankopɔn anim bɔɔ Israelfoɔ kwaadu? 3Sɛ: Awurade, w’adiyifoɔ no, wɔakunkum wɔn, na w’afɔremmukyia nso, wɔadwiridwiri, na me nko na maka, na wɔrehwehwɛ me aku me. 4#1 Ah 19.18 Na Nyankopɔn anomu asɛm se no sɛn? Mama mmarima mpemnson aka ama me a wɔmfaa wɔn nkotodwe nkutoo Baal. 5#Rom 9.27 Saa ara na seesei berɛ yi mu nso, nkaeɛ bi nam adom yi so aka. 6Na sɛ ɛnam adom so a, na ɛmfiri nnwuma mu bio, ɛfiri sɛ ɛno deɛ, anka adom nyɛ adom bio.
7 #
Rom 9.31
Ɛnneɛ na ɛdeɛn? Deɛ Israelfoɔ hwehwɛ no, wɔannya, na wɔn a wɔayi wɔn no anya, na wɔn a aka no akoma apirim; 8#Yes 29.10; Deut 29.4 sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ:
Onyankopɔn ama wɔn honhom a ɛtɔ nko,
ani a wɔmmfa nnhunu adeɛ
ne aso a wɔmmfa nnte asɛm
de abɛduru nnɛ da yi.
9 #
Dwom 69.22-23
Na Dawid ka sɛ:
Ma wɔn didipono nyɛ apa, ne fidie,
ne suntidua ne akatua mma wɔn;
10ma wɔn ani nnuru sum, na wɔanhunu adeɛ,
na kuntunu wɔn akyiri daa.
Amanaman mufoɔ nkwagyeɛ
11 #
Aso 13.46; Rom 10.19 Na afei mese: Wɔnsuntii sɛ wɔrehwe aseɛ? Dabi da, na mmom nkwagyeɛ nam wɔn ntereho no so bɛyɛɛ amanaman mufoɔ no deɛ, sɛ ɛrebɛma wɔatwe ninkunu. 12Na sɛ wɔn ntereho no dane wiase ahonya, na wɔn ntwodie dane amanaman mufoɔ ahonya a, wɔn mayɛ bɛkyɛne saa sɛn ara! 13Na mo amanaman mufoɔ na mekasa mekyerɛ mo: Ɛsiane sɛ meyɛ amanaman mu somafoɔ nti, mekamfo me som, 14#1 Ti 4.16 sɛ ebia mɛma wɔn a wɔyɛ me mfɛfoɔ Yudafoɔ no atwe ninkunu, na magye wɔn mu binom nkwa. 15Na sɛ wɔn toɔ a wɔtoo wɔn tweneeɛ no yɛ wiase mpata a, ɛdeɛn na wɔn gyeɛ no bɛyɛ, ɛnyɛ nkwa a ɛfiri owuo mu anaa?
16Sɛ aba a ɛdi kan no yɛ kronkron a, ɛtoa no nyinaa yɛ bi; na sɛ nhini no yɛ kronkron a, dua mman no nso yɛ bi. 17#Efe 2.11-14; 2.19 Na sɛ dua mman no bi abubu, na wo a woyɛ wuram ngo dua no, wɔde wo afra ahyɛ mu, na woanya ngo dua no nhini ne emu nsuo no bi a, 18#Yoh 4.22 nhoahoa wo ho dua mman no ho! Na sɛ wohoahoa wo ho a, ɛnyɛ wo na woso nhini no, na nhini no na ɛso woɔ.
19Afei wobɛka sɛ: Dua mman no bubuu sɛ wɔmfa me nhyɛ mu. 20Wiɛ, gyeɛ a wɔannye annie nti na ɛbubuiɛ, na wo deɛ, wode gyidie na ɛgyina hɔ. Nnwene akokurokosɛm, na mmom suro! 21Na sɛ Onyankopɔn ankora dua mman a ɛfiri dua no ara mu fifiriiɛ no a, ɔrenkora wo nso. 22#Yoh 15.2; 15.4; Heb 3.14 Enti hwɛ Nyankopɔn ayamyɛ ne ne denyɛ! Ɔne wɔn a wɔahwehwe aseɛ no dii no dendeenden so, na wo deɛ, Onyankopɔn kyerɛɛ n’yamyɛ no wɔ wo so, nanso gye sɛ wotena saa ayamyɛ no mu ara; anyɛ saa a, wɔbɛtwa wo nso atwene. 23#Eks 3.16 Na wɔn nso, sɛ wɔantena ɔgyeɛ a wɔnnye nnie no mu a, wɔde wɔn bɛhyɛ mu, ɛfiri sɛ Onyankopɔn bɛtumi de wɔn ahyɛ mu bio. 24Na sɛ wɔatwa wo afiri dua a ne tebea yɛ wuram ngo dua no, na sɛ wɔakwati wo bɔbea no de wo abɛhyɛ ngo dua pa no mu a, mprɛ ahe ara na wɔremfa yeinom a ɛyɛ dua no mman pa no mmɛhyɛ wɔn ankasa ngo dua no mu?
Onyankopɔn hunu nnipa nyinaa mmɔbɔ
25 #
Luka 21.24; Yoh 10.16 Na, anuanom, mempɛ sɛ mesi mo ahuntasɛm yi soɔ, na moammu mo ho anyansafoɔ. Ɛne sɛ akomapirim aba Israel afaafa mu, de kɔsi sɛ amanaman mufoɔ no bɛwie mayɛ; 26#Mat 23.39; Yes 59.20; 27.9; Dwom 14.7 na ɛno ansa na Israel nyinaa bɛnya nkwa, sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ:
Ɔgyefoɔ no bɛfiri Sion aba
abɛtu amumuyɛsɛm ase afiri Yakob.
27 #
Yer 31.33-34
Na apam a me ne wɔn bɛpam
berɛ a mɛyi wɔn bɔne makorɔ no nie.
28Asɛmpa no fam deɛ, mo nti wɔyɛ atamfoɔ, na eyie no fam deɛ, agyanom no nti, wɔyɛ adɔfoɔ; 29ɛfiri sɛ Onyankopɔn ma obi adom akyɛdeɛ na ɔfrɛ no a, ɔnntwe nsan. 30Na sɛ mo nso moannye Onyankopɔn anni pɛn, na afei wɔafa wɔn gyeɛ a wɔnnye annie no so ahu mo mmɔbɔ no, 31saa ara nso na seesei yeinom ayɛ asoɔden, na ɛnam ahummɔborɔ a wɔde ahu mo no so, wɔn nso anya ahummɔborɔ. 32#Gal 3.22; 1 Ti 2.4 Na Onyankopɔn aka wɔn nyinaa ahyɛ gyeɛ a wɔnnye nnie no ase sɛ ɔbɛhu wɔn nyinaa mmɔbɔ.
Ayeyie nka Nyankopɔn
33 #
Rom 9.23; 10.12; Yes 45.15 O Onyankopɔn ahonya ne nyansa ne nimdeɛ bunu a emu dɔ! Wɔrenhunu n’atemmuo mu peepee, na wɔrenhunu n’akwan akyiri hwehwɛ nwie da.
34 #
Yes 40.13; Hiob 15.8; Yer 23.18; 1 Ko 2.16 Na hwan na wahunu Awurade adwene,
anaasɛ hwan na wayɛ ne fotufoɔ?
35Anaasɛ hwan na ɔmaa no biribi kane,
na watua no so ka?
36Ɛfiri sɛ ade nyinaa firi ne mu, na ɛnam ne so ba, na ɛwie ne mu; ɔno na animuonyam wɔ no daa daa. Amen.
Currently Selected:
Romafoɔ 11: ASW
Highlight
Share
Copy

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
The Bible Society of Ghana, 2012