1
Romafoɔ 13:14
New Revised Asante Twi Bible
na mmom monhyɛ Awurade Yesu Kristo sɛ atadeɛ, na mommma kwan mma ɔhonam akɔnnɔ nni mo so!
Compare
Explore Romafoɔ 13:14
2
Romafoɔ 13:8
Monnne obiara ka gye sɛ ɔdɔ a mode dodɔ mo ho; na deɛ ɔdɔ ne yɔnko no awie mmara no so di.
Explore Romafoɔ 13:8
3
Romafoɔ 13:1
Momma nnipa nyinaa mmrɛbrɛ wɔn ho ase nhyɛ ɔman mu mpanimfoɔ tumi no ase. Na tumi biara nni hɔ gye deɛ ɛfiri Onyankopɔn; nanso tumi a ɛwowɔ hɔ no, Onyankopɔn na wahyɛ ato hɔ.
Explore Romafoɔ 13:1
4
Romafoɔ 13:12
Anadwo akɔ n’anim, adekyeeɛ abɛn; enti momma yɛnyi sum mu nnwuma ngu, na yɛnhyɛ hann akodeɛ.
Explore Romafoɔ 13:12
5
Romafoɔ 13:10
Ɔdɔ nyɛ ɔyɔnko bɔne, enti ɔdɔ ne mmara nyinaa so die.
Explore Romafoɔ 13:10
6
Romafoɔ 13:7
Montua obiara deɛ ɛsɛ no! Monyi ɛtoɔ ahodoɔ nyinaa mma deɛ ɛtoɔ sɛ no, monsuro deɛ suro sɛ no, monni deɛ anidie sɛ no ni.
Explore Romafoɔ 13:7
Home
Bible
Plans
Videos