1
Romafoɔ 14:17-18
New Revised Asante Twi Bible
Na Nyankopɔn ahennie nyɛ adidie ne ɔnom, na mmom ɛyɛ tenenee ne asomdwoeɛ ne Honhom Kronkron mu anigyeɛ. Na deɛ ɔsom Kristo yeinom mu no, ɔsɔ Nyankopɔn ani, na nnipa bu no.
Compare
Explore Romafoɔ 14:17-18
2
Romafoɔ 14:8
Na sɛ yɛte ase a, yɛte ase ma Awurade; sɛ yɛwu nso a, yɛwu ma Awurade. Enti sɛ yɛte ase oo, yɛwu oo, yɛyɛ Awurade dea.
Explore Romafoɔ 14:8
3
Romafoɔ 14:19
Enti afei momma yɛnni deɛ ɛma asomdwoeɛ ne deɛ ɛbɛma yɛn nkɔsoɔ akyiri.
Explore Romafoɔ 14:19
4
Romafoɔ 14:13
Enti mommma yɛmmmu yɛn ho yɛn ho atɛn bio, na mommu atɛn yi mmom sɛ obi mmfa akwansideɛ anaa suntidua bi nnto hɔ mmma ne nua.
Explore Romafoɔ 14:13
5
Romafoɔ 14:11-12
Na wɔatwerɛ sɛ: Awurade se: Sɛ mete ase yi, me na nkotodwe nyinaa bɛkoto me, na tɛkyerɛma nyinaa bɛbɔ Nyankopɔn din. Enti afei yɛn nyinaa bɛbu yɛn ho nkonta mmaako mmaako akyerɛ Onyankopɔn.
Explore Romafoɔ 14:11-12
6
Romafoɔ 14:1
Deɛ ɔyɛ mmerɛ gyidie mu no, monnye no, na mmom mo ne no nham wɔ deɛ n’adwene kyerɛ no ho.
Explore Romafoɔ 14:1
7
Romafoɔ 14:4
Hwan ne wo a wobu obi fie nipa atɛn? Ɔno ara ne wura anim na ɔgyina anaasɛ ɔhwe aseɛ; nanso ɔbɛgyina, na Awurade bɛtumi ama no agyina.
Explore Romafoɔ 14:4
Home
Bible
Plans
Videos