Nnwom 91
91
Ɔsorosoroni no huntabea
1Deɛ ɔte ɔsorosoroni no huntabea, mekyerɛ
deɛ ɔtena Otumfoɔ no nwunu ase no
2 #
Dwom 18.2
bɛse AWURADE sɛ: Me dwanekɔbea ne m’abankɛseɛ,
me Nyankopɔn a mede me ho meto wo soɔ.
3 #
Dwom 124.7
Ampa ara, ɔno na ɔbɛgye wo afiri ofirisumfoɔ fidie mu
ne owuyadeɛ sɛeɛ mu.
4Ɔde ne ntakra bɛkata wo so,
na ne ntaban ase na wobɛkɔ akɔhyɛ,
ɔkyɛm ne nkataboɔ ne ne nokorɛ.
5Worensuro anadwo bumbɔ,
bɛmma a ɛtu nam awia,
6ɔyaredɔm a ɛnenam sum mu,
nsane yadeɛ a ɛsɛe ade awia ketee.
7Apem totɔ wo nkyɛn
na ɔpedu totɔ wo nifa a,
wo deɛ, ɛrenka wo.
8 #
Dwom 54.7
W’ani nko na wode bɛhwɛ,
na woahunu abɔnefoɔ akatua.
9Na wo, AWURADE, ne me dwanekɔbea,
aane, ɔsorosoroni no na wode no ayɛ wo tenabea.
10Bɔne renka wo,
na ɔhaw remmɛn wo ntomadan.
11 #
Mat 4.6
Na wahyɛ n’abɔfoɔ ama wo,
sɛ wɔnhwɛ wo so, w’akwan nyinaa mu.
12Wɔbɛsoa wo wɔn nsam,
na wo nan ampem ɔboɔ.
13 #
Luka 10.19
Wobɛnante gyata ne ahuritia so,
wobɛtiatia gyataburuwa ne ɔtweaseɛ so.
14Na sɛ ɔfam me ho yi, mɛgye no,
mɛma no so, ɛfiri sɛ ɔnim me din.
15Ɔsu frɛ me, na mɛgye no so,
me ne no bɛtena ahohia mu,
mɛyi no na mahyɛ no animuonyam.
16Mɛma no adi nkwa tentene amee,
na mama no ahunu me nkwagyeɛ.
Currently Selected:
Nnwom 91: ASW
Highlight
Share
Copy
![None](/_next/image?url=https%3A%2F%2Fimageproxy.youversionapi.com%2F58%2Fhttps%3A%2F%2Fweb-assets.youversion.com%2Fapp-icons%2Fen.png&w=128&q=75)
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
The Bible Society of Ghana, 2012