1
Nnwom 91:2
New Revised Asante Twi Bible
bɛse AWURADE sɛ: Me dwanekɔbea ne m’abankɛseɛ, me Nyankopɔn a mede me ho meto wo soɔ.
Compare
Explore Nnwom 91:2
2
Nnwom 91:1
Deɛ ɔte ɔsorosoroni no huntabea, mekyerɛ deɛ ɔtena Otumfoɔ no nwunu ase no
Explore Nnwom 91:1
3
Nnwom 91:15
Ɔsu frɛ me, na mɛgye no so, me ne no bɛtena ahohia mu, mɛyi no na mahyɛ no animuonyam.
Explore Nnwom 91:15
4
Nnwom 91:11
Na wahyɛ n’abɔfoɔ ama wo, sɛ wɔnhwɛ wo so, w’akwan nyinaa mu.
Explore Nnwom 91:11
5
Nnwom 91:4
Ɔde ne ntakra bɛkata wo so, na ne ntaban ase na wobɛkɔ akɔhyɛ, ɔkyɛm ne nkataboɔ ne ne nokorɛ.
Explore Nnwom 91:4
6
Nnwom 91:9-10
Na wo, AWURADE, ne me dwanekɔbea, aane, ɔsorosoroni no na wode no ayɛ wo tenabea. Bɔne renka wo, na ɔhaw remmɛn wo ntomadan.
Explore Nnwom 91:9-10
7
Nnwom 91:3
Ampa ara, ɔno na ɔbɛgye wo afiri ofirisumfoɔ fidie mu ne owuyadeɛ sɛeɛ mu.
Explore Nnwom 91:3
8
Nnwom 91:7
Apem totɔ wo nkyɛn na ɔpedu totɔ wo nifa a, wo deɛ, ɛrenka wo.
Explore Nnwom 91:7
9
Nnwom 91:5-6
Worensuro anadwo bumbɔ, bɛmma a ɛtu nam awia, ɔyaredɔm a ɛnenam sum mu, nsane yadeɛ a ɛsɛe ade awia ketee.
Explore Nnwom 91:5-6
Home
Bible
Plans
Videos