YouVersion Logo
Search Icon

Nnwom 92

92
Nyankopɔn tenenee nnisoɔ ho ayeyie
Dwom a wɔto no homeda.
1 # Dwom 147.1 Ɛyɛ sɛ wɔda AWURADE ase
na wɔto dwom ma wo din, ɔsorosoroni,
2sɛ wɔka w’adɔeɛ anɔpa
ne wo nokorɛdie anadwo,
3 # Dwom 33.2 sankuhan du ne bɛnta so,
sankuo ho adwempa dwom mu.
4Na wo, AWURADE, woma m’ani gye wo nneyɛɛ ho,
wo nsa ano nnwuma ho na mɛdi ahurisie.
5 # Dwom 104.24; Yes 55.9 AWURADE, sɛdeɛ wo nnwuma si soso fa,
w’adwene mu dɔ pii.
6Ogyimifoɔ nnim,
na ɔkwasea nhunu yei mu.
7 # Dwom 37.2 Abɔnefoɔ fifiri sɛ ɛfan
na amumuyɛfoɔ nyinaa si so sɛ nhwiren a,
ɛne sɛ wɔbɛsɛe wɔn korakora.
8 # Dwom 97.9 Nanso wo AWURADE deɛ, wokorɔn daa.
9Na hwɛ, w’atamfo no, Ao AWURADE,
w’atamfo no deɛ, wɔbɛsɛe,
na wɔbɛhwete amumuyɛfoɔ nyinaa mu.
10 # Dwom 23.5 Na woma m’abɛn so sɛ okoo deɛ,
wode ngo foforɔ gu me so.
11 # Dwom 91.8 Na m’ani hunu deɛ mepɛ m’atɛfoɔ so,
na m’aso te deɛ ɛyɛ me dɛ, abɔnefoɔ a wɔsɔre tia me no ho.
12 # Dwom 52.8 Ɔteneneeni bɛfefɛ sɛ abɛ,
ɔbɛnyini sɛ Lebanon so tweneduro.
13 # Dwom 84.2 Wɔn a wɔatɛ wɔn AWURADE fie no
bɛfefɛ yɛn Nyankopɔn abannwa so.
14 # Dwom 1.3 Wɔbɛkɔ so aso aba nkɔkoraaberɛ,
wɔbɛyɛ akɛseɛ ne frɔmfrɔm ara
15 # Deut 32.4 de akyerɛ sɛ AWURADE tene,
ɔne me botan, na deɛ ɛntene biara nni ne mu.

Currently Selected:

Nnwom 92: ASW

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in

Video for Nnwom 92