YouVersion Logo
Search Icon

Nnwom 110

110
Ɔsɔfoɔ a ɔdi hene
Dawid dwom.
1 # 1 Ko 15.25; Heb 10.12-13 AWURADE asɛm a ɔse me wura nie:
Tena me nifa kɔsi sɛ mede w’atamfo
bɛyɛ wo nan ase ntiasoɔ.
2 # Dwom 2.6 Wo tumidie poma no,
AWURADE firi Sion bɛtene.
“Di hene w’atamfo mfimfini!”
3 # Dwom 29.2 Wo man bɛyi wɔn yam koraa aba wo koda no,
aduradeɛ kronkron mu,
wo mmeranteɛ asafo
ba ma wo sɛ obosuo
firi adekyeeɛ yam.
4 # Gye 14.18-20; Heb 5.10; 6.20; 7.17, 21 AWURADE aka ntam,
na ɔrennu ne ho:
Woyɛ daapem sɔfoɔ,
Melkisedek dibea so.
5AWURADE a ɔwɔ wo nifa soɔ no
bɛbobɔ ahemfo, n’abufuo da no.
6 # Dwom 2.2, 5, 9 Ɔbɛdi amanaman mu asɛm,
ɔbɛma afunu ahyɛ hɔ ma.
Ɔbɛbobɔ tire
asase a ɛtrɛ so.
7 # Flp 2.8-9 Ɔbɛnom kwan ho asutene mu nsuo,
enti na ɔbɛma ne tiri soɔ.

Currently Selected:

Nnwom 110: ASW

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in